Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO | NTEƐSO AFA HE?

Nteɛso a Mmofra Hia

Nteɛso a Mmofra Hia

AMPA, abatete nna fam. Nanso sɛ ɔwofo bi de nteɛso kame ne ba a, na ɔredi no awu. Adɛn ntia? Asɛm no ara ne sɛ, sɛ nteɛso nni hɔ a, (1) mmofra bɛkɔ so adi nsɛnhunu, na ɛbɛma awofo abrɛ. (2) Ɛbɛkyerɛ sɛ awofo nsi pi, na wei bɛma mmofra no adwene atu afra.

Nanso sɛ awofo de nteɛso a ɛfata ma wɔn mma a, ɛbɛma wɔn adwenem abue na wɔanya suban pa. Bio, wɔbɛnyin abɛyɛ mpanyimfo a wɔn ani da hɔ. Ɛnneɛ, dɛn na ɛbɛboa wo ma woateɛ wo mma so sɛnea ɛfata?

Akwankyerɛ a Bible de Ma

Yehowa Adansefo gye tom sɛ Bible yɛ ma “nkyerɛkyerɛ, ntɛnyie, nneɛma atenetene, tenenee mu ntenesoɔ.” (2 Timoteo 3:16) Bible boa awofo ma wɔtumi tete wɔn mma, na ɛde akwankyerɛ a ɛfata ma mmusua. Wo deɛ, ma yɛnhwɛ emu bi.

BIBLE KA SƐ: “Agyimisɛm kyekyere abɔfra akoma ho.”—Mmebusɛm 22:15.

Ampa nkwadaa ho yɛ anika, na mpo wɔdwene nnipa ho, nanso ɛtɔ da a wɔn nneyɛe bi mfa kwan mu. Enti mmofra hia nteɛso. (Mmebusɛm 13:24) Sɛ awofo gye nokwasɛm yi tom a, ɛbɛboa ma wɔn ani aku wɔn mma ho.

BIBLE KA SƐ: “Mfa ntenesoɔ nkame abɔfra.”—Mmebusɛm 23:13.

Nsuro sɛ woteɛ wo ba a, ɛbɛpira no anaa ɛbɛsɛe wo ne no ntam daakye. Woteɛ wo mma so sɛnea ɛfata a, ɛma mmofra no sua ahobrɛase na wɔgye wɔn mfomso tom. Su a ɛte saa bɛboa wɔn daakye.—Hebrifoɔ 12:11.

BIBLE KA SƐ: “Deɛ onipa guo no, ɛno ara na ɔbɛtwa.”—Galatifoɔ 6:7.

Ɔwofo biara pɛ sɛ ɔbɔ ne mma ho ban, na ɛyɛ ne kwan so. Nanso sɛnea yɛadi kan aka no, ɛsɛ sɛ wɔkari pɛ. Sɛ wo mma yɛ bɔne na “wotwitwa” gye wɔn a, ɛremmoa wɔn. Bio nso sɛ wɔda subammɔne bi adi na wɔn tikya anaa ɔpanyin bi yi wo asoti na wogye wɔn ti a, na woredi wɔn awu. Mmom hu sɛ wɔyɛ nnipa a wɔreboa wo. Woyɛ saa a, na worekyerɛ mmofra no sɛ ɛsɛ sɛ wɔbu mpanyimfo. Ɛba saa a, wo nso wɔbɛbu wo.—Kolosefoɔ 3:20.

BIBLE KA SƐ: “Ɔba a wɔato no asaworam hyɛ ne maame aniwuo.”—Mmebusɛm 29:15.

Da ɔdɔ ne ntease adi, na si pi

Ɛwom, ɛnsɛ sɛ awofo yɛ wɔn mma ayayade, nanso wei nkyerɛ sɛ wɔbɛyɛ abahyɛbɔne agyaa wɔn ma wɔayɛ nea wɔpɛ. Nwoma bi a wɔfrɛ no The Price of Privilege ka sɛ: “Sɛ awofo ma wɔn mma di bakoma a, mmofra no renhu sɛ panyin bi wɔ fie.” Sɛ woyɛ ɔwofo na woamfa wo nan ansi fam a, abofra no bɛsusu sɛ ɔno ara ne “agyeman” wɔ fie hɔ. Ɛbɛwie ase no na wakɔyɛ nea yɛnyɛ de animguase aba ma ebi aka wo.—Mmebusɛm 17:25; 29:21.

BIBLE KA SƐ: ‘Ɔbarima bɛfam ne yere ho, na wɔn mmienu no ayɛ ɔhonam korɔ.’—Mateo 19:5.

Bible kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔbarima ne ɔbaa ware ansa na wɔawo mma. Mmofra bɛnyin afi fie, nanso aware no deɛ ɛbɛkɔ so atena hɔ. (Mateo 19:5, 6) Hyɛ no nsow sɛ modii kan waree ansa na morebɛyɛ awofo. Enti sɛ moma abofra no gye mo adwene nyinaa a, ‘ɔbɛbu ne ho atra so.’ (Romafoɔ 12:3) Sɛ awarefo gyegye wɔn mma so dodo a, ɛbɛtumi ama wɔn aware no mpo agyigya.

Nea Ɛbɛboa Awofo

Sɛ wode Bible mu nsɛm a ɛdidi so yi yɛ adwuma a, ɛbɛtumi aboa ma wode nteɛso a ɛfata ama wo mma.

Da ɔdɔ adi. “Monnhyɛ mo mma abufuo na wɔn abam ammu.”—Kolosefoɔ 3:21.

Si pi. “Momma mo Aane nyɛ aane, na mo Dabi nyɛ dabi.”—Mateo 5:37.

Da ntease adi. “Mɛtene wo so sɛdeɛ ɛfata.”—Yeremia 30:11. *

^ nky. 21 Sɛ wopɛ wei ho nsɛm pii a, kɔ jw.org/tw. Hwɛ BIBLE NKYERƐKYERƐ > AWAREFO NE AWOFO. Wokɔ hɔ a, wobɛhu nsɛm te sɛ “Nyɛ Abahyɛbɔne,” “Sɛnea Wubegyina Osũ ne Nteɛteɛm Ano,” ne “Sɛnea Wobɛtete Wo Babun.”