Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Fa Wo Ho To Yehowa So na Yɛ Papa”

“Fa Wo Ho To Yehowa So na Yɛ Papa”

“Fa wo ho to Yehowa so na yɛ papa . . . na di nokware.”​—DW. 37:3.

NNWOM: 133, 63

1. Nneɛma bɛn na Yehowa de adom nnipa?

YEHOWA bɔɔ nnipa no, ɔde nneɛma bi dom yɛn. Wama yɛn adwene, enti ɔhaw bi ba yɛn akwan mu a, yetumi yɛ biribi de twitwa yɛn ho. Adwene koro yi ara nti, yetumi susuw nea yɛpɛ sɛ yɛyɛ daakye ho. (Mmeb. 2:11) Ɛnyɛ ɛno nko, wasan ama yɛn tumi a ɛma yɛyɛ nea yɛabɔ yɛn tirim sɛ yɛbɛyɛ no. Wei nti, yetumi yɛ nneɛma pa a yɛde asisi yɛn ani so no. (Filip. 2:13) Yɛreka nneɛma a Onyankopɔn de adom yɛn a, yɛrentumi ntwa yɛn ahonim nnya; ɛno na ɛma yehu sɛ wei yɛ papa anaa wei yɛ bɔne. Sɛ yɛrekɔyɛ bɔne bi a, etumi bɔ yɛn kɔkɔ. Sɛ yɛyɛ bɔne nso a, etumi teɛ yɛn so.​—Rom. 2:15.

2. Nneɛma a Yehowa de adom yɛn no, sɛn na ɔpɛ sɛ yɛde yɛ adwuma?

2 Nneɛma a Yehowa de adom yɛn no, ɔpɛ sɛ yɛde yɛ adwuma yiye. Adɛn ntia? Efisɛ ɔdɔ yɛn, na onim sɛ sɛ yɛde saa nneɛma no yɛ adwuma a, yɛn ho bɛtɔ yɛn. Yehowa nam Bible so tu yɛn fo mpɛn pii sɛ, nneɛma a ɔde adom yɛn no, yɛmfa nyɛ adwuma yiye. Sɛ yɛhwɛ Hebri Kyerɛwsɛm no mu sei a, ɛka sɛ: “Nsiyɛfo nhyehyɛe de mfaso ba.” Ebi nso ne sɛ: “Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden nyinaa yɛ.” (Mmeb. 21:5; Ɔsɛnk. 9:10) Yɛhwɛ Hela Kyerɛwsɛm no mu nso a, ɛka sɛ: “Mpɛn dodow a yɛwɔ bere a ɛfata no, momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye.” Foforo nso ne sɛ: “Sɛnea akyɛde a obiara nsa aka te no, momfa nsonsom mo ho.” (Gal. 6:10; 1 Pet. 4:10) Yɛhwɛ kyerɛwnsɛm yi nyinaa a, yehu sɛ Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara, na yɛatumi aboa yɛn ho ne nnipa foforo.

3. Nneɛma bɛn na yɛrentumi nyɛ da?

3 Yehowa nim paa nso sɛ yɛyɛ nnipa, enti ɛnyɛ biribiara na yebetumi ayɛ. Yɛfa biribi te sɛ sintɔ, bɔne, ne owu a, biribiara nni hɔ a yebetumi ayɛ wɔ ho; Yehowa nko ara na obetumi ayi afi hɔ. Bio, Onyankopɔn de obiara pɛ ama no, enti ɛnyɛ biribiara na yebetumi asi ho gyinae ama nkurɔfo. (1 Ahe. 8:46) Afei sɛ yɛwɔ nimdeɛ anaa asetena mu suahu sɛ dɛn mpo a, yɛde yɛn ho toto Yehowa ho a, yɛte sɛ nkwadaa, yennu baabiara.​—Yes. 55:9.

Sɛ wuhyia ɔhaw bi a, “fa wo ho to Yehowa so na yɛ papa”

4. Dɛn na adesua yi bɛma yɛahu?

4 Biribiara mu, ehia sɛ yɛma Yehowa kyerɛ yɛn kwan, na yenya awerɛhyem sɛ ɔbɛboa yɛn, na nea yɛn ahoɔden rentumi nyɛ nso obeso yɛn mu. Nanso ɛno nkyerɛ sɛ yɛbɛbobɔ yɛn nsa agu yɛn bo. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara de di yɛn haw ho dwuma, na yɛboa nkurɔfo. (Kenkan Dwom 37:3.) Nea yɛreka akosi ara ne sɛ, ɛsɛ sɛ ‘yɛde yɛn ho to Yehowa so na yɛyɛ papa’; ehia sɛ ‘yedi Yehowa nokware.’ Ɛnde, momma yɛnhwɛ nnipa bi te sɛ Noa, Dawid, ne Onyankopɔn asomfo anokwafo foforo a wɔde wɔn ho too Yehowa so na wɔyɛɛ nea wobetumi biara no. Yebehu nea wotumi yɛe ne nea na ɛboro wɔn ahoɔden so.

SƐ ABƆNEFO TWA YƐN HO HYIA A, YƐBƐYƐ DƐN?

5. Ɔhaw bɛn na Noa hyiae?

5 Noa tenaa wiase a “na amumɔyɛ” ne brabɔne ahyɛ mu mã mu. (Gen. 6:4, 9-13) Ná onim paa sɛ Yehowa bɛsɛe saa wiase no. Nso ɛtɔ da a, na nneɛma bɔne a ɛrekɔ so no ama Noa werɛ ahow. Ɛba saa a, na wakae sɛ nneɛma bi wɔ hɔ a ɛboro n’ahoɔden so. Nanso ebi wɔ hɔ deɛ a, na obetumi ayɛ ho biribi.

Ɔtaa a yehyia wɔ asɛnka mu (Hwɛ nkyekyɛm 6-9)

6, 7. (a) Dɛn na na ɛboro Noa ahoɔden so? (b) Dɛn na ɛma yɛne Noa tebea no di nsɛ?

6 Nea na ɛboro Noa ahoɔden so: Ɛwom, Noa dii Yehowa nokware na ɔkaa atemmusɛm kyerɛɛ nnipa a ɔne wɔn te no, nanso na ɔrentumi nhyɛ wɔn sɛ wontie. Saa ara nso na na ɔrentumi mma Nsuyiri no mma ntɛm. Enti na ɛsɛ sɛ onya Yehowa mu ahotoso sɛ ne bere so a, obedi ne bɔhyɛ so asɛe abɔnefo nyinaa.​—Gen. 6:17.

7 Yɛn nso, yɛte wiase a nnipa abɔnefo atwa yɛn ho ahyia mu. Nanso yenim sɛ Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛsɛe wɔn nyinaa. (1 Yoh. 2:17) Seesei, yɛrentumi nhyɛ nkurɔfo sɛ wontie “Ahenni ho asɛmpa” a yɛreka no. Na yɛrentumi nyɛ biribiara mma “ahohiahia kɛse” no mma ntɛm. (Mat. 24:14, 21) Yɛn nso, yehia gyidi kɛse te sɛ Noa. Afei ɛsɛ sɛ yenya Onyankopɔn mu ahotoso sɛ ɔbɛkeka ne ho nnansa yi ara! (Dw. 37:10, 11) Yɛwɔ awerɛhyem paa sɛ Yehowa bere so a, dakoro mpo mpa ho; ɔbɛsɛe wiase bɔne yi.​—Hab. 2:3.

8. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Noa yɛɛ nea n’ahoɔden betumi? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

8 Nea Noa tumi yɛe: Nea na ɛboro Noa ahoɔden so no, wamma no ammu n’abam. Ɔde n’adwene sii nea obetumi ayɛ so mmom. Ná Noa yɛ “trenee sɛnkafo.” Adwuma a Onyankopɔn de maa no sɛ ɔmmɔ nkurɔfo kɔkɔ no, ɔyɛɛ no pɛpɛɛpɛ. (2 Pet. 2:5) Yebetumi aka sɛ ɛka ho bi na Noa gyidi yɛɛ den saa. Ɛnyɛ asɛnka adwuma nko ara na Noa yɛe. Adaka a Onyankopɔn kaa sɛ ɔnyɛ no nso, ɔde n’adwene ne n’ahoɔden nyinaa na ɛyɛe.​—Kenkan Hebrifo 11:7.

9. Dɛn na yɛyɛ de suasua Noa?

9 Yɛn nso, yesuasua Noa, enti ‘yɛyɛ pii wɔ Awurade adwuma no mu.’ (1 Kor. 15:58) Yɛn nuanom bi boa ma wosisi Ahenni Asa ne Nhyiam Asa. Ebinom nso tu wɔn ho ma yɛ adwuma wɔ ɔmansin ne ɔmantam nhyiam ase, na ebi nso kɔ Betel anaa baabi a wɔkyerɛ kasa ase kɔboa. Nea ɛsen ne nyinaa no, yɛyɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu, efisɛ ɛno paa na ɛhyɛ yɛn anidaso mu den. Onuawa bi a ɔde mfe pii asom Yehowa kaa sɛ: “Sɛ woka nhyira a Onyankopɔn Ahenni de bɛba ho asɛm kyerɛ nkurɔfo a, wuhu sɛ ɔhaw a wɔrefa mu no, wonni anidaso biara; wɔte nka sɛ ogyefo biara nni hɔ.” Anokwa, asɛnka adwuma no hyɛ yɛn den. Ɛma yenya ntoboase twɛn nhyira a ɛda yɛn anim no, na yɛmpa abaw wɔ nkwa ho mmirika a yɛretu no mu.​—1 Kor. 9:24.

SƐ YƐYƐ BƆNE A, DƐN NA ƐSƐ SƐ YƐYƐ?

10. Bɔne bɛn na Dawid yɛe?

10 Yehowa kaa sɛ Ɔhene Dawid yɛ “ɔbarima a [ne] koma da no so.” (Aso. 13:22) Dawid dii Yehowa nokware kosii ne wuda. Ɛno nkyerɛ sɛ wanyɛ bɔne. Bere bi ɔyɛɛ bɔne a emu yɛ duru. Ɔne Bat-Seba sɛee aware. Nea ɛsɛe asɛm no koraa ne sɛ, anka ɔrekata ne bɔne no so. Ɔmaa wokum Bat-Seba kunu Uria wɔ akono. Ɔkyerɛw krataa kɔmaa ɔsahene no sɛ ɔmma wonkum Uria; na ɔde krataa no somaa Uria ankasa. (2 Sam. 11:1-21) Nanso akyiri yi, Dawid bɔne bɛdaa adi. (Mar. 4:22) Ɛbaa saa no, dɛn na Dawid yɛe?

Bɔne a yɛayɛ (Hwɛ nkyekyɛm 11-14)

11, 12. (a) Dawid yɛɛ bɔne no, dɛn na na ɛboro n’ahoɔden so sɛ ɔbɛyɛ? (b) Sɛ yɛyɛ bɔne a emu yɛ duru na yenu yɛn ho a, dɛn na yɛhwɛ kwan sɛ Yehowa bɛyɛ ama yɛn?

11 Nea na ɛboro Dawid ahoɔden so: Bɔne a Dawid yɛe ne ɛho nsunsuanso no, na Dawid rentumi nyɛ ho hwee. Nea ɛwom ne sɛ, nsunsuanso no bi wɔ hɔ a, na ɛne no bɛtena akosi ne wuda. (2 Sam. 12:10-12, 14) Wei nti, na ohia gyidi. Ná ɛsɛ sɛ onya Yehowa mu ahotoso sɛ, sɛ ɔsakra n’adwene a, Yehowa de bɛkyɛ no. Afei nea ne bɔne no akɔfa aba nso, Yehowa bɛboa no ama wagyina ano.

12 Yɛyɛ nnipa a yɛtɔ sin, enti yɛn nyinaa yɛ bɔne. Yetumi yɛ bɔne akɛse ne nketewa. Ɛtɔ bere bi mpo a, nsunsuanso a yɛn bɔne de aba no, yɛrentumi nyɛ ho hwee, ɛne yɛn bɛtena akosi yɛn wuda. (Gal. 6:7) Nanso Yehowa deɛ onni atoro. Sɛ yɛn ara na yɛakɔfa ɔhaw no aba mpo a, n’Asɛm kyerɛ sɛ yenu yɛn ho nko ara a, ɔbɛboa yɛn.​—Kenkan Yesaia 1:18, 19; Asomafo Nnwuma 3:19.

13. Dɛn na ɛboaa Dawid maa ɔne Yehowa ntam san yɛɛ kama?

13 Nea Dawid tumi yɛe: Dawid de ne ho too Yehowa so, na Yehowa nso boaa no maa ɔne ne ntam san yɛɛ kama. Ade baako a ɔyɛe ne sɛ, ogyee nteɛso a Yehowa nam odiyifo Natan so de maa no no toom. (2 Sam. 12:13) Afei ɔbɔɔ mpae kaa ne bɔne nyinaa kyerɛɛ Yehowa, na ɔsrɛɛ Yehowa sɛ ɔmma ɔne ne ntam nsan nyɛ papa. (Dw. 51:1-17) Wamma ne bɔne no ammubu no, na mmom osuaa biribi fii mu. Wanyɛ saa bio. Odii Yehowa nokware kosii ne wuda. Ne nokwaredi nti, Yehowa werɛ remfi no da.​—Heb. 11:32-34.

14. Nea Dawid yɛe no, dɛn na yebetumi asua afi mu?

14 Nea Dawid yɛe no, dɛn na yebetumi asua afi mu? Sɛ yɛyɛ bɔne a emu yɛ duru a, ɛsɛ sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu nu yɛn ho na yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmfa yɛn bɔne nkyɛ yɛn. Afei ɛsɛ sɛ yɛka yɛn bɔne no kyerɛ Yehowa. (1 Yoh. 1:9) Bio, ɛsɛ sɛ yɛkɔka yɛn bɔne no kyerɛ asafo mu mpanyimfo na wɔboa yɛn ma yesiesie yɛne Nyankopɔn ntam. (Kenkan Yakobo 5:14-16.) Sɛ yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ yegye Yehowa di sɛ obetumi de yɛn bɔne akyɛ yɛn ama yɛne ne ntam asan ayɛ kama. Afei yɛbɔ mmɔden sɛ yebesua biribi afi yɛn mfomso no mu. Yɛbɛyere yɛn ho wɔ Yehowa som mu, na yɛde ahotoso ahwɛ nhyira a yebenya daakye no kwan.​—Heb. 12:12, 13.

NNIPA FOFORO A WƆDE WƆN HO TOO YEHOWA SO

Yare (Hwɛ nkyekyɛm 15)

15. Hanah asɛm no, dɛn na yebetumi asua afi mu?

15 Yɛreka yi, ebia anokwafo bi a wɔde wɔn ho too Yehowa so tete no ho adwene aba wo tirim; wɔyɛɛ nea wobetumi nyinaa. Wɔn mu baako ne Hanah. Ná ɔyɛ obonin. Biribiara nni hɔ a na obetumi ayɛ wɔ ho. Nanso na ogye di sɛ Yehowa betumi akyekye ne werɛ, enti daa na ɔkɔsom wɔ asɔrefie, na na ɔka ne komam asɛm nyinaa kyerɛ Nyankopɔn. (1 Sam. 1:9-11) Yɛrentumi nsua biribi mfi mu anaa? Sɛ yare anaa ɔhaw bi reteetee yɛn na yɛrentumi nyɛ ho hwee a, yɛto yɛn dadwen nyinaa gu Yehowa so, efisɛ yenim sɛ odwen yɛn ho. (1 Pet. 5:6, 7) Yɛbɔ mmɔden sɛ yɛremma Kristofo nhyiam ne nneɛma a yɛyɛ wɔ Onyankopɔn som mu no biara mpa yɛn ti so.​—Heb. 10:24, 25.

Obi a ne ba agyae Yehowa som (Hwɛ nkyekyɛm 16)

16. Nea ɛtoo Samuel no, dɛn na awofo betumi asua afi mu?

16 Awofo a wɔn mma agyae Yehowa som nso ɛ? Ná Samuel abɔ mmɔden de Yehowa mmara akyerɛkyerɛ ne mma, nso wonyinii no wɔamfa anyɛ adwuma. Ná Samuel rentumi nhyɛ wɔn. (1 Sam. 8:1-3) Enti ɔde n’asɛm maa Yehowa. Nea ɛtoo Samuel no nyinaa akyi, ɔyeree ne ho dii Yehowa nokware, na ɔsɔɔ ne soro Agya Yehowa ani. (Mmeb. 27:11) Ɛnnɛ nso, awofo a wɔyɛ Kristofo bebree mma agyae Yehowa som. Wogye di sɛ Yehowa ayɛ krado sɛ bere biara a wɔn mma no bɛsan aba ne nkyɛn no, ɔbɛyɛ wɔn atuu sɛnea ɔba hohwini no papa yɛe no. (Luka 15:20) Ne nyinaa akyi, awofo yi bɔ mmɔden di Yehowa nokware, efisɛ wonim sɛ wɔn nhwɛso pa no betumi aka wɔn mma no ama wɔasan aba Yehowa nkyɛn.

Ohia (Hwɛ nkyekyɛm 17)

17. Adɛn nti na nea ɔbea kunafo hiani no yɛe no hyɛ nkuran?

17 Yɛnhwɛ ɔbea kunafo hiani a Yesu kaa ne ho asɛm no. (Kenkan Luka 21:1-4.) Nneɛma bɔne a na ɛrekɔ so wɔ asɔrefie hɔ no, na ɔrentumi nyɛ ho hwee. (Mat. 21:12, 13) Ne sikasɛm nso, na ɔyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye. Nanso “ofi ne hia mu de nea ɔwɔ nyinaa, n’asetenade nyinaa” beguu sika adaka no mu. Ná sika no yɛ “nkaprɛ mma abien” pɛ. Ɔbea nokwafo yi de ne ho too Yehowa so korakora. Ná onim sɛ sɛ ɔde Nyankopɔn som di kan a, Yehowa nso de nea ohia bɛma no. Saa ahotoso no na ɛkaa no maa oyii ntoboa boaa nokware som saa bere no. Yɛn nso, yegye di sɛ yɛde Ahenni nneɛma di kan a, Yehowa bɛhwɛ ama yɛn nsa aka nea yehia.​—Mat. 6:33.

18. Ka onua bi a ɔde adwempa som Yehowa ho asɛm.

18 Ɛnnɛ nso, yɛn nuanom pii de wɔn ho ato Yehowa so, na wɔreyɛ nea wɔn ahoɔden betumi nyinaa. Yɛmfa Malcolm asɛm yi nyɛ nhwɛso. Odii Yehowa nokware kosii sɛ owuu afe 2015. Mfe dodow a ɔne ne yere de som Yehowa no, ɛnyɛ bere nyinaa na nneɛma kɔɔ yiye maa wɔn. Ɔkaa sɛ: “Wiase a yɛwom yi obi nnim ɔkyena asɛm; ɛtɔ da bi a nneɛma kɔ yiye, ɛtɔ da nso a na emu ayɛ den paa. Nanso sɛ obi de ne ho to Yehowa so a, ohyira no.” Malcolm afotu ne sɛ, “Srɛ Yehowa na ɔmma wo ahoɔden a wode bɛyɛ n’adwuma no yiye. Hwɛ nea wubetumi ayɛ, ɛnyɛ nea worentumi nyɛ.” *

19. (a) Adɛn nti na yebetumi aka sɛ 2017 afe asɛm no aba bere pa mu? (b) Afe 2017 afe asɛm no, wobɛyɛ dɛn de ayɛ adwuma?

19 Wiase bɔne yi rekɔ awiei, na nneɛma ‘bɛkɔ so’ agye nsam. Ɔhaw deɛ, yenim sɛ ɛrempa yɛn ho da. (2 Tim. 3:1, 13) Ɛno nti, ehia sɛ yɛyere yɛn ho paa na ɔhaw no ammene yɛn. Mmom, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara na yɛde yɛn ho to Yehowa so denneennen. Wei nti, yebetumi aka sɛ 2017 afe asɛm no aba bere pa mu. Ɛka sɛ: “Fa wo ho to Yehowa so na yɛ papa”!​—Dw. 37:3.

Afe 2017 afe asɛm: “Fa Wo Ho To Yehowa So na Yɛ Papa”​—DW. 37:3