Petro Nhoma a Edi Kan 4:1-19

  • Yɛ Onyankopɔn apɛde te sɛ Kristo (1-6)

  • Ade nyinaa awiei abɛn (7-11)

  • Obi bɛyɛ Kristoni a, ohu amane (12-19)

4  Esiane sɛ Kristo huu amane ɔhonam mu+ nti, mo nso momfa adwenkoro* no ara nhyɛ mo ho den; efisɛ obiara a ohu amane ɔhonam mu no akyerɛ sɛ watwe ne ho afi bɔne ho,+  sɛnea ɛbɛyɛ na ne nna a aka wɔ ɔhonam mu no, ɔrentena ase nyɛ nnipa akɔnnɔde,+ na mmom ɔde bɛyɛ Onyankopɔn apɛde.+  Na bere a mode yɛɛ nea amanaman no pɛ+ no ara dɔɔso. Saa bere no, mode mo ho hyɛɛ ahohwi,* akɔnnɔ bɔne, asanom bebrebe, apontow a ase yɛ gyegyeegye, akɔwensafo fekuw, ne abosonsom a ɛyɛ abofono mu.+  Esiane sɛ mo ne wɔn ntu mmirika nkɔ saa nneɛma funu no mu bio nti, ɛyɛ wɔn nwonwa na wɔkasa tia mo.+  Nanso saa nnipa yi bebu akontaa akyerɛ nea wasiesie ne ho sɛ ɔrebebu ateasefo ne awufo atɛn no.+  Eyi nti na wɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ awufo+ nso, sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ wobu wɔn atɛn ɔhonam mu wɔ nnipa ani so mpo a, Onyankopɔn ani so de, honhom no bɛkyerɛ wɔn abrabɔ kwan.  Nanso ade nyinaa awiei abɛn. Enti momma mo adwenem nna hɔ,+ na monyɛ krado* sɛ mobɛbɔ mpae bere nyinaa.+  Nea ɛsen biribiara no, monnodɔ mo ho denneennen,+ efisɛ ɔdɔ kata bɔne pii so.+  Obiara nsom ne yɔnko hɔho a anwiinwii biara nnim.+ 10  Akyɛde a obiara nsa aka no, ɔmfa nsom ne yɔnko sɛ ofiehwɛfo pa a wɔde Onyankopɔn dom akyɛde a ɛyɛ adwuma akwan horow pii so+ no ahyɛ ne nsa. 11  Sɛ asɛm bi na obi reka a, ma ɔnka no sɛ Onyankopɔn asɛm; sɛ obi resom a, ma ɔmfa ne ho nto ahoɔden a efi Onyankopɔn hɔ no so;+ ɛno bɛma nkurɔfo afa Yesu Kristo so ahyɛ Onyankopɔn anuonyam wɔ biribiara mu.+ Ɔno na anuonyam ne ahoɔden wɔ no daa daa. Amen. 12  Adɔfo, mommma sɔhwɛ a morefa mu a ɛma mo ho hyehye mo no nnyɛ mo nwonwa+ te sɛ nea biribi a ɛyɛ hu bi na ato mo. 13  Mmom no, monkɔ so mma mo ani nnye+ sɛ munya Kristo amanehunu no mu kyɛfa,+ na sɛ woyi n’anuonyam nso adi a, mo ani agye adi ahurusi.+ 14  Sɛ Kristo din nti wogu mo anim ase* a, mo ani gye,+ efisɛ Onyankopɔn honhom a ɛyɛ anuonyam honhom no wɔ mo so. 15  Nanso ɛnsɛ sɛ mo mu biara hu amane sɛ owudifo anaa ɔkorɔmfo anaa ɔdebɔneyɛfo anaa obi a ɔde ne ho gyigye nkurɔfo nsɛm mu.+ 16  Sɛ obi hu amane sɛ Kristoni a, ɛnsɛ sɛ ɔma n’ani wu,+ na mmom ɛsɛ sɛ ɔkɔ so bɔ ne bra sɛ Kristoni de hyɛ Onyankopɔn anuonyam. 17  Bere adu sɛ atemmu no fi ase wɔ Onyankopɔn fi.+ Na sɛ ebefi ase wɔ yɛn so+ a, ɛnde ebewie wɔn a wontie Onyankopɔn asɛmpa no dɛn?+ 18  “Na sɛ ɔtreneeni mpo, ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobegye no a, ɛnde omumɔyɛfo ne ɔbɔnefo begyina he?”+ 19  Enti wɔn a Onyankopɔn apɛde nti wɔrehu amane no, wɔnkɔ so nyɛ papa na wɔmfa wɔn ho* nhyɛ Ɔbɔadeɛ nokwafo no nsa.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “tirimbɔ koro.”
Anaa “aniwude.” Efi Greek asɛmfua a·sel′gei·a mu. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “mo ani nna hɔ; monwɛn.”
Anaa “wɔyeyaw mo.”
Anaa “wɔn kra.”