Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wotuu Wɔn Ho Mae Koraa

Wotuu Wɔn Ho Mae Koraa

YƐN nuanom Adansefo bebree de nsi resom wɔ aman a wohia Ahenni adawurubɔfo bebree so. Wɔn mu pii yɛ anuanom mmea a wɔnwaree. Wɔn mu binom de mfe pii asom wɔ amannɔne. Dɛn na aka wɔn ama wɔatena obi man so akyɛ saa? Osuahu bɛn na wɔanya? Abrabɔ awie wɔn sɛn? Yɛne wɔn mu bi akasa. Sɛ woyɛ ɔbea a wonwaree na ɛka wo koma sɛ wobɛyɛ adwuma a ɛma akomatɔyam yi bi a, ɛnde yegye di sɛ wɔn nsɛm no bepusuw wo paa. Sɛ Onyankopɔn asomfo nyinaa kenkan wɔn nsɛm yi a, ɛbɛboa wɔn kɛse.

ƐYƐ WO SƐ WORENTUMI NYƐ?

Anita

Woyɛ ɔbea a wonwaree anaa? Wohwɛ a wubetumi akɔ ɔman foforo so akɔyɛ akwampae adwuma? Yɛfrɛ onuawa bi Anita. Seesei wadi mfe 75. Ná onnye nni koraa sɛ obetumi akɔ obi man so akɔyɛ asɛnka adwuma wɔ hɔ. Yɛwoo no tetee no England. Bere a ofii akwampae adwuma ase no, na wadi mfe 18. N’asɛm ne sɛ: “Ná mepɛ asɛnkakɔ paa, nanso na minnye nni sɛ metumi akɔ ɔman foforo so akɔka Yehowa ho asɛm wɔ hɔ. Ná mente ɔman foforo biara so kasa na na minnye nni sɛ metumi asua. Enti bere asafo too nsa frɛɛ me sɛ menkɔ Gilead sukuu no, me ho dwiriw me. Mansusuw da sɛ me a mensɛ hwee sei, asafo bɛto nsa afrɛ me. Nanso meka kyerɛɛ me ho sɛ, ‘Sɛ Yehowa ahu sɛ metumi a, ɛnde mɛyere me ho.’ Asɛm a mereka yi, mfe 50 atwam. Efi saa bere no besi nnɛ nyinaa, meda so ara som wɔ Japan.” Ɔtoaa n’asɛm no so sɛ, “Ɛyɛ a mede anigye ka kyerɛ mmabaa sɛ, ‘Momfa mo bag mmɔ mo akyi mmɛsen mma yɛnkɔ, na mo ani begye paa.’ Meka saa a, wɔn mu pii di m’akyi.”

WUBETUMI ANYA AKOKODURU

Yɛn nuanom mmea bebree wɔ hɔ a, mfiase no wannye anni da sɛ wobetumi akɔsom wɔ obi man so. Ɛyɛɛ dɛn na wonyaa akokoduru yɛɛ saa?

Maureen

Onuawa foforo de Maureen. Seesei wadi mfe 64. Ɔkaa sɛ, “Misii so no, na mepɛ sɛ meyɛ adwuma de boa nkurɔfo.” Bere a otu kɔɔ Quebec, Canada no, na wadi mfe 20. Ná asafo no hia akwampaefo pii wɔ hɔ. Ɔtoaa n’asɛm no so sɛ, “Akyiri yi asafo too nsa frɛɛ me sɛ menkɔ Gilead sukuu, nanso na misuro sɛ megyaw me nnamfo hɔ akɔ baabi a minnim. Afei na me papa yare, na na me maame na ɔrehwɛ no, enti na ɛhaw me paa sɛ mɛkɔ agyaw no. Anadwo a nkurɔfo adeda no, na mede nusu ka m’asɛm kyerɛ Yehowa. Me ne me maame ne me papa susuw asɛm no ho, na wɔhyɛɛ me nkuran sɛ menkɔ sukuu no. Yɛn asafo mufo nso boaa m’awofo paa. Sɛnea Yehowa boaa yɛn no maa minyaa awerɛhyem sɛ Yehowa bɛhwɛ me. Efi hɔ no, misii me bo sɛ mɛkɔ.” Afe 1979 mu no, Maureen kɔɔ Afrika Atɔe Fam, na ɔde mfe 30 kɔsom wɔ hɔ. Seesei ɔrehwɛ ne maame wɔ Canada; ɛhɔ nso ɔyɛ ɔkwampaefo titiriw. Sɛ ɔkae mfe a ɔde yɛɛ akwampae adwuma wɔ akwantu mu no a, asɛm a ɔka ne sɛ: “Yehowa de nea mihia nyinaa maa me, me ho ankyere me da.”

Wendy

Onuawa Wendy nso adi mfe 65. Bere a otu kɔɔ Australia no, na ɔyɛ ababaa. Ɔno nso kaa sɛ: “Ná meyɛ obi a mefɛre ade paa, na na ɛyɛ den sɛ me ne obi a minnim no bɛkasa. Nanso bere a mede me ho hyɛɛ akwampae adwuma mu no, misuaa sɛnea me ne obiara bɛkasa, na ɛmaa minyaa akokoduru. Afei ehu no tu yerae. Akwampae adwuma no boaa me maa mihuu sɛ ɛsɛ sɛ mede me ho to Yehowa so. Wei maa mihuu sɛ metumi akɔyɛ adwuma wɔ ɔman foforo so. Bere bi nso, onuawa bi de me kɔɔ Japan ma yɛkɔyɛɛ asɛnka adwuma bɛyɛ bosome mmiɛnsa. Ná onuawa no ayɛ ɔsɛmpatrɛwfo bɛyɛ mfe 30 wɔ Japan. Saa akwantu no boaa me paa ma mihuu sɛ me nso, metumi atu akɔ ɔman bi so akɔka asɛm no.” Afe 1986 mu no, Wendy tu kɔɔ Vanuatu. Ɛyɛ supɔw a ɛwɔ Australia apuei fam. Wufi Australia rekɔ hɔ a, ɛyɛ bɛyɛ kilomita 1,770 anaa kwansin 1,100.

Wendy da so ara wɔ Vanuatu. Seesei ɔyɛ adwuma wɔ baabi a wɔkyerɛ kasa ase. N’asɛm a ɔka ne sɛ: “Mihu sɛnea wɔretete asafo ne kuw nketewa wɔ mmeae a ɛwɔ akyirikyiri saa a, minhu nea menyɛ. Mehwɛ hokwan a manya wɔ Yehowa som mu wɔ supɔw yi so a, merentumi mfa ntoto hwee ho.”

Kumiko (mfinimfini)

Onuawa Kumiko nso, wadi mfe 65. Ná ɔne n’adamfo yɛ akwampaefo wɔ Japan, na bere bi n’adamfo no ka kyerɛɛ no sɛ ɔmma wɔnkɔyɛ akwampae adwuma wɔ Nepal. Ɔkaa sɛ, “M’adamfo no de haw me saa ara, nanso na memfa me ti nnye. Ná minnye nni sɛ metumi asua kasa foforo. Afei na ɛyɛ me den sɛ mɛkɔ akosua amammerɛ foforo. Ná meredwen sika a mede bɛkɔ nso ho. Ɛno mu ara na minyaa moto akwanhyia kɔdaa ayaresabea. Ɛhɔ na mibisaa me ho sɛ: ‘Enti merebetumi asɔre agyina me nan so bio?’ Obi a merebetu kwan, sɛ yare bi bɔ me a mɛyɛ dɛn akɔ? Enti merentumi nkɔsom obi man so afe mpo?’ Mebɔɔ mpae denneennen sɛ Yehowa mmoa me mma minsi m’adwene pi.” Bere a Kumiko fii ayaresabea baa fie no, ɔkɔɔ Nepal, na akyiri yi ɔne n’adamfo no tu kɔɔ hɔ.

Seesei Kumiko atena Nepal bɛyɛ mfe du. Nea ɔkae ne sɛ: “Nneɛma a na misuro no, mitumi yɛe sɛnea Israelfo no faa Ɛpo Kɔkɔɔ no mu no. Ɛyɛ me dɛ sɛ mituu saa anammɔn no. Ɛtɔ da bi na me ne abusua bi resua ade a, wɔn nnamfo bɛyɛ nnum anaa nsia tumi bɛtena adesua no mu. Nkwadaa nketewa mpo tumi ba me nkyɛn begye nkratawa. Asasesin a nkurɔfo tie asɛm no sei deɛ, worennya sɛ woreka asɛm no wɔ hɔ.”

WUBETUMI ADI ƆHAW SO

Anuanom mmea a yebisaa wɔn nsɛm no, na obiara wɔ ne haw; ɛyɛ nwonwa paa. Wɔyɛɛ dɛn dii ɔhaw no so?

Diane

Onuawa Diane fi Canada. Seesei w’adi mfe 62. Ɔde mfe 20 yɛɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ Ivory Coast (seesei Côte d’Ivoire). Nea ɔkae ne sɛ, “Mfiase no, na m’ani agyina m’abusuafo paa. Enti mebɔɔ mpae sɛ Yehowa mmoa me na minnya ɔdɔ mma nnipa a wɔwɔ m’asasesin mu no. Mekɔɔ Gilead no, yɛn akyerɛkyerɛfo no baako a yɛfrɛ no Onua Jack Redford kaa asɛm bi. Ɔkaa sɛ, ‘Yɛkɔ yɛn asasesin mu foforo a anhwɛ a nea yɛde yɛn ani behu no, ɛbɛhaw yɛn paa anaa yɛn ho bedwiriw yɛn mpo. Wohwɛ sɛnea ohia adokoro wɔn no a, wo werɛ bɛhow. Nanso ɔkaa sɛ mma yɛnhwɛ ɛno kɛkɛ, yɛnhwɛ nnipa no. Yɛne wɔn kasa a, yɛnhwɛ wɔn anim dinn na yebehu sɛnea Bible mu nokwasɛm no aka wɔn koma.’ Saa pɛpɛɛpɛ na meyɛe, na ama manya nhyira bebree kwa! Nneɛma pa a Ahenni no de bɛba no, sɛ meka ho asɛm kyerɛ wɔn a, mihu sɛ wɔn ani agye!” Dɛn bio na ɛboaa Diane maa ɔkɔkaa asɛm no wɔ obi man so? Ɔtoaa so sɛ, “Me ne me Bible asuafo no bɔe paa, na sɛ wogye nokware no tom bɛsom Yehowa a, ɛnde na mawu koraa! M’asasesin no bɛyɛɛ me kurom. Sɛnea Yesu kae no, manya maamenom, papanom, nuabarimanom ne nuabeanom.”​—Mar. 10:29, 30.

Onuawa Anne nso adi mfe 46. Seesei ɔsom wɔ Asia. Atumfoɔ no abara yɛn adwuma no wɔ hɔ. Ɔkaa sɛ: “Makɔ aman pii so akɔsom. Ɛyɛ a me ne anuanom mmea a ɛsono baabi a wofi, ɛsono wɔn amammerɛ ne wɔn suban na ɛtena. Ɛtɔ da a akasakasa tumi si yɛn ntam ma no haw me paa. Ɛba saa a, nea meyɛ ara ne sɛ mɛka abɛn wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a mehu wɔn yiye. Afei mebɔ mmɔden sɛ mɛte wɔn ase na madɔ wɔn kɛse. Ɛyɛ me dɛ paa sɛ meyɛɛ saa. Ama manya nnamfo pa na aboa me wɔ mesom adwuma mu.”

Ute

Onuawa Ute nso fi Germany. Seesei wadi mfe 53. Afe 1993 mu, ɔkɔyɛɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ Madagascar. Ɔno nso kaa sɛ: “Mfiase no, mebrɛe paa ansa na meresua ɛhɔ kasa no. Ɛhɔ hyew nso, na mintumi koraa. Ná atiridii, nnokommoaa ne nsonsono nyɛ na wɔ hɔ. Nanso ɛhɔfo boaa me paa. Anuanom mmea ne wɔn mma, ne afei me Bible asuafo nyaa me ho abotare boaa me maa metee kasa no. Meyare nso a, na me yɔnko a me ne no som wɔ hɔ no hwɛ me yiye. Ne nyinaa mu no, nea ɔboaa me paa ne Yehowa. Ná metaa ka m’ahiasɛm kyerɛ no. Mebɔ mpae saa a, mitumi twɛn kakra ansa na manya me mpaebɔ ho mmuae. Ɔhaw biara nni hɔ a mede too Yehowa anim a wammoa me.” Ɛnnɛ, Ute da so ara wɔ Madagascar, na ɔde mfe 23 na asom wɔ hɔ.

WƆANYA NHYIRA

Anuanom mmea a wɔakɔboa aman foforo so ne Adansefo foforo a wɔn nso akɔboa wɔ baabi a mmoa ho hia no nyinaa anya nhyira pii. Ebi ne sɛn?

Heidi

Onuawa Heidi fi Germany. Seesei wadi mfe 72. Efi afe 1968 besi nnɛ, ɔda so ara wɔ Ivory Coast (seesei Côte d’Ivoire) reyɛ asɛmpatrɛw adwuma. Ɔkaa sɛ: “Sɛ mihu sɛ mma a manya wɔ Yehowa fie no ‘da so ara nam nokware no mu’ a, minhu nea menyɛ.” Seesei me Bible asuafo no bi yɛ akwampaefo, na ebi nso yɛ asafo mu mpanyimfo. Wɔn mu bebree frɛ me Mama anaa Nana. Wɔn a wɔabɛyɛ asafo mu mpanyimfo no baako mpo deɛ, ɔne ne yere ne ne mma de me ayɛ wɔn busuani prɛko. Enti seesei Yehowa ama manya babarima, asew, ne nananom mmiɛnsa.”​—3 Yoh. 4.

Karen (mfinimfini)

Onuawa Karen nso fi Canada. Seesei wadi adi mfe 72. Ɔde mfe 20 ayɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ Afrika Atɔe Fam. Ɔkaa sɛ: “Asɛmpatrɛw adwuma ama masua sɛnea meyi me yam aboa nkurɔfo, mɛdɔ nnipa, na manya abotare. Nnipa a wofi aman ahorow so a me ne wɔn ayɛ adwuma no abue m’ani wɔ nneɛma pii ho. Mahu sɛ ɛsono sɛnea obiara yɛ n’ade. Seesei ɛkame ayɛ sɛ wiase baabiara, mewɔ nnamfo wɔ hɔ! Ɛwom sɛ ɛnnɛ nneɛma asesa, na minni hɔ bio deɛ, nanso yɛn adamfofa no da so ara gyina mu.”

Onuawa Margaret fi England. Wadi mfe 79. Ɔkɔyɛɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ Laos. Ɔkaa sɛ: “Baabi a mekɔkaa asɛmpa no ama mahu sɛnea Yehowa twe nnipa ahorow nyinaa ba n’ahyehyɛde no mu. Anokwa ahyɛ me gyidi den paa. Ama magye adi sɛ Yehowa na ɔrekyerɛ n’ahyehyɛde no kwan, na nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ nyinaa bɛbam.”

Nokwarem, Kristofo mmea a wɔnwaree a wɔresom wɔ nkurɔfo aman so no ayɛ bi. Wɔfata nkamfo paa, efisɛ wɔayi wɔn yam reka asɛm no. (Atem. 11:40) Nea ɛyɛ anigye koraa ne sɛ, dɔɔ ara na wɔredɔɔso. (Dw. 68:11) Yɛn nuanom mmea a yɛne wɔn abɔ nkɔmmɔ yi atwa sa pa ama yɛn. Wɔaka ahwɛ, na wɔahu sɛ Yehowa ye. Wo nso wubetumi atoto nneɛma yiye, na wasuasua wɔn anaa? Woyɛ saa a, wubehu paa sɛ “Yehowa ye.”​—Dw. 34:8.