Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bɔ Mmɔden Hu Afoforo Sɛnea Yehowa Hu Wɔn No

Bɔ Mmɔden Hu Afoforo Sɛnea Yehowa Hu Wɔn No

Bɔ Mmɔden Hu Afoforo Sɛnea Yehowa Hu Wɔn No

‘Onyankopɔn nhwɛ nea onipa hwɛ.’—1 SAMUEL 16:7.

1, 2. Ɔkwan bɛn so na sɛnea na Yehowa hu Eliab no yɛ soronko wɔ Samuel de ho, na dɛn na yebetumi asua afi eyi mu?

WƆ AFEHA a ɛto so 11 A.Y.B. mu no, Yehowa somaa odiyifo Samuel sɛ onkodi dwuma bi wɔ kokoam. Ɔhyɛɛ odiyifo no sɛ ɔnkɔ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yisai fie na ɔnsra ne mma no mu biako sɛ obi a ɔbɛyɛ Israel hene daakye. Bere a Samuel ani bɔɔ Yisai abakan, Eliab so no, onyaa adwene ankasa sɛ wahu nea na Onyankopɔn apaw no no. Nanso Yehowa kae sɛ: “Nhwɛ ne ho tebea ne ne nipadua tentenyɛ, na mempɛ no; na menhwɛ nea onipa hwɛ, na onipa hwɛ nea etua aniwa, na [Yehowa, NW] de, ɔhwɛ komam.” (1 Samuel 16:6, 7) Samuel antumi anhu Eliab sɛnea na Yehowa hu no no. *

2 Hwɛ sɛnea ɛyɛ mmerɛw sɛ nnipa bedi mfomso wɔ sɛnea wohu afoforo no mu! Wɔ ɔkwan bi so no, ebia wɔ nnipa ani so no, sɛnea ebinom di mu wɔ honam mu, nanso wɔaporɔw wɔ abrabɔ fam no betumi adaadaa yɛn. Wɔ ɔkwan foforo so no, ebia yɛbɛma yɛn asɛm ayɛ den na yɛayɛ katee wɔ sɛnea yehu nnipa komapafo a yɛmpɛ wɔn nipasu no mu.

3, 4. (a) Sɛ ɔhaw bi sɔre wɔ Kristofo baanu ntam a, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔn mu biara si ne bo sɛ ɔbɛyɛ? (b) Sɛ wontwiwontwi bi ba yɛne yɛn yɔnko gyidini bi ntam a, nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho?

3 Sɛ yɛpere yɛn ho bu afoforo atɛn a, ebetumi de ɔhaw ahorow aba—a wɔn a yɛne wɔn abɔ mfe pii mpo ka ho. Ebia akasakasa bi a emu yɛ den asɔre wɔ wo ne Kristoni bi a bere bi na anka ɔyɛ w’adamfo paa ntam. So wobɛpɛ sɛ wusiesie wo ne no ntam? Dɛn na ɛbɛboa wo ma woatumi ayɛ eyi?

4 Dɛn nti na wunnye bere mfa adwempa nsusuw wo nua Kristoni barima anaa ɔbea no ho? Na yɛ saa bere a Yesu asɛm yi wɔ w’adwene mu no: “Obi ntumi mma me nkyɛn, gye sɛ agya a ɔsomaa me no twe no.” (Yohane 6:44) Afei bisa wo ho sɛ: ‘Dɛn nti na Yehowa twee saa nipa yi baa ne Ba no nkyɛn? Su pa ahorow bɛn na saa nipa no wɔ? So mabu m’ani agu su horow a ɛte saa so anaasɛ mibu no sɛ ɛho nhia? Nea edi kan no, dɛn nti koraa na yɛbɛyɛɛ nnamfo? Dɛn na ɛtwee me bɛnee saa nipa yi?’ Mfiase no de, ebia ɛbɛyɛ den ama wo sɛ wubesusuw su pa ahorow no ho, titiriw no sɛ wode nneɛma a wudi ho yaw no ahyɛ wo mu akyɛ a. Nanso, eyi ne ɔkwan a ɛho hia sɛ wofa so siesie wontwiwontwi a aba mo baanu ntam no. Nea ɛbɛyɛ na yɛakyerɛ ɔkwan a wobɛfa so ayɛ eyi no, ma yɛnhwehwɛ su pa a na mmarima baanu a ɛtɔ mmere bi a yegyina wɔn mfomso ahorow so susuw wɔn ho no wɔ no ho. Wɔne odiyifo Yona ne ɔsomafo Petro.

Adwenem Kann a Yɛde Besusuw Yona Ho

5. Adwuma bɛn na wɔde maa Yona, na ɔyɛɛ n’ade dɛn wɔ ho?

5 Yona somee sɛ Israel ahemman a ɛwɔ atifi fam no diyifo wɔ Ɔhene Yerobeam II a na ɔyɛ Yoas ba no bere so. (2 Ahene 14:23-25) Da koro bi, Yehowa hyɛɛ Yona sɛ omfi Israel nkɔ Niniwe, Asiria Ahemman no ahenkurow no mu. Dwuma bɛn na wɔde hyɛɛ ne nsa? Sɛ ɔmmɔ nnipa a wɔte kurow no mu kɔkɔ sɛ wɔrebɛsɛe wɔn kurow kɛse no. (Yona 1:1, 2) Sɛ anka Yona bedi akwankyerɛ a Onyankopɔn de maa no akyi no, oguanee! Ɔforoo hyɛn bi a na ɛrekɔ Tarsis, a na atew ne ho afi Niniwe ho koraa no.—Yona 1:3.

6. Dɛn nti na Yehowa paw Yona sɛ ɔnkɔ Niniwe?

6 Sɛ wususuw Yona ho a dɛn na ɛba w’adwenem? So wuhu no sɛ odiyifo a n’aso yɛ den? Sɛ wode ahopere susuw ne ho a ebia saa na wobɛka. Nanso so Onyankopɔn paw Yona sɛ odiyifo esiane sɛ n’aso yɛ den nti? Ɛda adi sɛ ɛnte saa! Ɛbɛyɛ sɛ na Yona wɔ su pa horow bi. Susuw ne ho kyerɛwtohɔ sɛ odiyifo no ho hwɛ.

7. Tebea horow bɛn mu na na Yona asom Yehowa wɔ Israel, na ɔkwan bɛn so na eyi a yebehu no bɛka sɛnea yehu no no?

7 Ɛda adi sɛ na Yona de nokwaredi asom wɔ Israel, asasesin a na asoɔdenfo wom no mu. Odiyifo Amos a ɔne Yona traa ase bere koro mu no kaa saa bere no so Israelfo ho asɛm sɛ na wɔyɛ nnipa a wɔn koma di honam fam ade dodow ne anigyede akyi. * Ná abɔnefosɛm rekɔ so wɔ asase no so, nanso Israelfo no buu wɔn ani guu nneɛma bɔne a na ɛrekɔ so no so. (Amos 3:13-15; 4:4; 6:4-6) Nanso, Yona fi nokwaredi mu dii ahyɛde a na wɔde ama no sɛ ɔnkasa nkyerɛ wɔn no ho dwuma da biara. Sɛ woyɛ asɛmpa no ho dawurubɔfo a, wunim sɛnea ɛyɛ den sɛ wobɛkasa akyerɛ nnipa a hwee mfa wɔn ho na wɔyɛ anibiannaso no. Ɛno nti, bere a yɛresusuw Yona mmerɛwyɛ ho no, mommma yemmmu yɛn ani nngu ne nokwaredi ne boasetɔ a ɔdaa no adi bere a na ɔrekasa akyerɛ Israelfo a wonni gyidi no so.

8. Nsɛnnennen bɛn na na Israelni diyifo bi behyia wɔ Niniwe?

8 Na adwuma a ɔrekɔ Niniwe akɔyɛ no mpo yɛ den kɛse. Ná ɛsɛ sɛ Yona nantew twa kwan kilomita 800 ansa na wadu kurow no mu—akwantu a ɛyɛ den a na ebegye bɛyɛ ɔsram biako. Sɛ odiyifo no nya du hɔ a, na ɛsɛ sɛ ɔkasa kyerɛ Asiriafo a wonim wɔn yiye sɛ wɔyɛ atirimɔdenfo no. Na wɔtaa yɛ nkurɔfo ayayade wɔ wɔn akodi mu. Wɔde atirimɔdensɛm a na wodi no mpo hoahoaa wɔn ho. Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔfrɛɛ Niniwe sɛ “mogya kurow”!—Nahum 3:1, 7.

9. Bere a ahum a ano yɛ den maa hyɛn no mufo nkwa bɛdaa asiane mu no, su horow bɛn na Yona daa no adi?

9 Esiane sɛ na Yona mpɛ sɛ obedi ahyɛde a Yehowa de ama no no so nti, ɔforoo hyɛn bi a ɛde no kɔɔ akyirikyiri baabi a ɛmmɛn faako a na wɔahyɛ sɛ ɔnkɔ no koraa. Nanso Yehowa amma n’abam ammu wɔ ne diyifo no ho na wamma obi foforo nso ankosi n’ananmu. Mmom no, Yehowa yɛɛ biribi de maa Yona ani baa ne ho so. Onyankopɔn maa ahum a ano yɛ den tui wɔ po no so. Asorɔkye maa hyɛn a na Yona te mu no dii ahim wɔ po no so. Ná nnipa a wɔn ho nni asɛm rebewu, esiane Yona nti! (Yona 1:4) Ná Yona bɛyɛ n’ade dɛn? Esiane sɛ na Yona mpɛ sɛ ne nti nnipa a wɔwɔ hyɛn no mu bɛhwere wɔn nkwa nti, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momfa me na montow me nkyene po no mu, na ɛpo no bedwo ama mo.” (Yona 1:12) Bere a awiei koraa no hyɛn no mufo tow Yona kyenee po no mu no, na onni biribiara a obegyina so asusuw sɛ Yehowa begye no afi po no mu. (Yona 1:15) Nanso, Yona pɛe sɛ ɔno mmom bewu sen sɛ hyɛn no mufo bɛhwere wɔn nkwa. So yenhu akokoduru, ahobrɛase, ne ɔdɔ a ɔdaa no adi wɔ ha?

10. Dɛn na esii bere a Yehowa san maa Yona kɔyɛɛ adwuma a ɔde hyɛɛ ne nsa no?

10 Awiei koraa no, Yehowa gyee Yona nkwa. So nea Yona yɛe a yɛaka ho asɛm mprempren no ma ɔbɛyɛɛ obi a ɔmfata sɛ ɔsom Onyankopɔn bio sɛ ne nanmusini? Dabi, Yehowa fi mmɔborɔhunu ne ɔdɔ mu san ka kyerɛɛ odiyifo no sɛ ɔnkɔka asɛm nkyerɛ Niniwefo no. Bere a Yona duu Niniwe no, ɔde akokoduru ka kyerɛɛ wɔn a na wɔte kurow no mu sɛ Onyankopɔn ahu wɔn amumɔyɛ kɛse no ma enti aka adaduanan ma wɔasɛe wɔn kurow no. (Yona 1:2; 3:4) Bere a wɔtee Yona nkrasɛm a emu da hɔ pefee no, Niniwefo no sakraa wɔn adwene, na wɔansɛe wɔn kurow no.

11. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yona nyaa asuade a ɛsom bo?

11 Ná Yona da so ara nni nneɛma ho adwempa. Nanso, denam asuade bi so no Yehowa tɔɔ ne bo ase boaa Yona ma obehui sɛ Ɔhwɛ ade kɔ akyiri. Ɔhwehwɛ koma mu. (Yona 4:5-11) Nokwasɛm a ɛkyerɛ sɛ Yona suaa biribi a ɛsom bo no da adi wɔ kyerɛwtohɔ a ɛyɛ nokware turodoo a n’ankasa yɛe no mu. Ɔpɛ mu a ofi kyerɛw biribiara a ɛfa ne sintɔ ahorow a ɛhyɛ aniwu ho asɛm no yɛ n’ahobrɛase ho adanse foforo a ɛda adi. Egye akokoduru na ama obi agye ne mfomso atom!

12. (a) Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yesu hu nnipa sɛnea Yehowa hu wɔn no? (b) Nnipa a yɛka asɛmpa no kyerɛ wɔn no ho adwene bɛn na wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yennya? (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 18 no.)

12 Wɔ mfehaha pii akyi no, Yesu Kristo kaa asɛm bi a esii wɔ Yona asetram ho asɛm a ɛhyɛ nkuran. Ɔkae sɛ: “Sɛnea Yona dii bonsu yam nnansa awia ne anadwo no, saa ara nso na onipa ba no bedi asase komam nnansa awia ne anadwo.” (Mateo 12:40) Sɛ Yona nyan fi awufo mu a, obehu sɛ Yesu de nna dodow a Ɔno ankasa dii wɔ ɔda mu no totoo odiyifo no asetra mu bere a na ontumi nyɛ hwee yi ho. So yɛn ani nnye sɛ yɛresom Onyankopɔn a ɔmpo n’asomfo bere a wɔadi mfomso no? Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Sɛ agya yam hyehye no mma ho no, sɛ [Yehowa, NW] yam yɛ no wɔn a wosuro no ho ne no. Na onim yɛn su, ɔkae sɛ yɛyɛ mfutuma.” (Dwom 103:13, 14) Nokwarem no, saa “mfutuma” yi—a nnipa a wɔtɔ sin a wɔwɔ hɔ nnɛ ka ho—nam Onyankopɔn honhom kronkron mmoa so betumi ayɛ nneɛma pii!

Petro Ho Adwene a Ɛkari Pɛ

13. Petro su bɛn na ebetumi aba yɛn adwenem, nanso dɛn nti na Yesu paw no sɛ ɔsomafo?

13 Afei ma yensusuw nhwɛso a ɛto so abien a ɛfa ɔsomafo Petro ho no ho kakra. Sɛ wɔka kyerɛ wo sɛ ka Petro ho asɛm a, so anka wobɛyɛ ntɛm asusuw ne su horow te sɛ ahopere, ne mpo aniammɔnho a na ɔyɛ no ho? Petro daa su a ɛtete saa adi mmere bi. Nanso, sɛ na Petro yɛ ahopere, anaasɛ ɔyɛ aniammɔnho ankasa a, so anka Yesu bɛpaw no sɛ n’asomafo 12 no mu biako? (Luka 6:12-14) Ɛda adi sɛ ɛnte saa! Yesu buu n’ani guu saa mfomso no so na ɔhwɛɛ su pa a na Petro wɔ no.

14. (a) Ɛbɛyɛ sɛ dɛn na ɛmaa Petro dii nsɛm anim kasae pefee no? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye sɛ Petro bisaa nsɛm mpɛn pii?

14 Ɛtɔ mmere bi a na Petro di anim kasa ma asomafo afoforo no. Ebia ebinom bɛfa eyi sɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ na onni ahobrɛase. Nanso so saa na asɛm no te? Ebinom ka sɛ ebetumi aba sɛ na Petro anyin sen asomafo afoforo no—ebia na wanyin sen Yesu ankasa mpo. Sɛ ɛte saa a, ɛnde eyi betumi aboa ma yɛate nea enti a mpɛn pii no na Petro na odi kan kasa no ase. (Mateo 16:22) Nanso, biribi foforo wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yesusuw ho. Ná Petro yɛ honhom muni. Nimdeɛ ho sukɔm a na ɛde no no kaa no ma obisaa nsɛm. Eyi so aba yɛn mfaso. Yesu kaa nsɛm a ɛsom bo pii de buaa Petro nsɛmmisa, na wɔakora eyinom so wɔ Bible no mu. Sɛ nhwɛso no ɛyɛ asɛm bi a Petro kae ho mmuae a na Yesu de rema mu na ɔkaa “ofiepanyin nokwafo” no ho asɛm no. (Luka 12:41-44) Afei susuw asɛm a Petro bisae yi ho hwɛ: “Yɛagyaw ade nyinaa abedi w’akyi. Dɛn ara na yebenya?” Eyi na ɛmaa Yesu de bɔhyɛ a ɛma denhyɛ yi mae: “Obiara a me din nti wagyaw afi anaa nuabarimanom anaa nuabeanom anaa agya anaa ɛna anaa mma anaa nsase no, obenya no mmɔho pii na wanya daa nkwa adi.”—Mateo 15:15; 18:21, 22; 19:27-29.

15. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ na Petro yɛ ɔnokwafo ampa?

15 Ná Petro wɔ su pa foforo nso—na ɔyɛ ɔnokwafo. Bere a asuafo no pii gyaee Yesu akyi di esiane sɛ na wɔnte ne nkyerɛkyerɛ no biako ase nti no, ɛyɛ Petro na ɔkasa maa asomafo 12 no ntɛm so sɛ: “Awurade, hena nkyɛn na yɛbɛkɔ? Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm.” (Yohane 6:66-68) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ saa nsɛm no maa Yesu koma tɔɔ ne yam! Akyiri yi bere a basabasayɛfo bae bɛkyeree Owura no, n’asuafo no mu dodow no ara guanee. Nanso, Petro dii nkurɔfokuw no akyi wɔ akyirikyiri koduu ɔsɔfo panyin no aban mu. Ɛyɛ akokoduru na ɛde no kɔɔ hɔ na ɛnyɛ ehu. Bere a na wɔrebisabisa Yesu nsɛm no, Petro kɔkaa Yudafo kuw bi a na wɔreto ogya ho. Ɔsɔfo panyin no nkoa mu biako huu Petro na ɔbɔɔ no sobo sɛ ɔne Yesu na ɛnam. Yiw, Petro paa ne Wura de, nanso ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi sɛ ɛyɛ nokwaredi ne hia a Yesu ho hia Petro nti na ɛmaa ɔbaa asiane a ɛte saa mu, biribi a asomafo no mu dodow no ara annya ho akokoduru.—Yohane 18:15-27.

16. Ntease pa bɛn nti na yɛasusuw su pa horow a na Yona ne Petro wɔ no ho?

16 Su pa ahorow a na Petro wɔ no boro ne sintɔ ahorow so koraa. Saa ara na na ɛte wɔ Yona fam. Sɛnea yɛde adwempa asusuw Yona ne Petro ho sen sɛnea anka yɛbɛyɛ no, saa ara na ɛsɛ sɛ yesua sɛ yɛde adwempa besusuw yɛn honhom fam anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ hɔ nnɛ no ho. Saa a yɛbɛyɛ no bɛma yɛne wɔn anya abusuabɔ pa. Dɛn nti na ehia sɛ yɛyɛ eyi ankasa?

Asuade no a Yɛde Bedi Dwuma Nnɛ

17, 18. (a) Dɛn nti na wontwiwontwi betumi aba Kristofo ntam? (b) Bible afotu bɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛasiesie yɛne yɛn mfɛfo gyidifo ntam nsɛnnennen?

17 Mmarima, mmea, ne mmofra a ɛsonsono wɔn sikasɛm ne wɔn nhomanim ne mmusua a wofi mu nyinaa de biakoyɛ resom Yehowa nnɛ. (Adiyisɛm 7:9, 10) Hwɛ nipasu horow a yehu no Kristofo asafo no mu! Esiane sɛ yɛabom resom Onyankopɔn nti, akyinnye biara nni ho sɛ ɛtɔ mmere bi a wontwiwontwi bɛba.—Romafo 12:10; Filipifo 2:3.

18 Ɛwom sɛ yehu yɛn nuanom sintɔ ahorow de, nanso yɛmfa yɛn adwene nsi ɛno so. Yɛbɔ mmɔden sɛ yebesuasua Yehowa, nea odwontofo no kaa ne ho asɛm yi no: “Yah, sɛ wudi amumɔyɛde akyi a, [Yehowa, NW] hena na anka obegyina?” (Dwom 130:3) Sɛ́ anka yɛde yɛn adwene besi nipasu ahorow a ebetumi ama yɛn mu apaapae so no, yedi “nea ɛma asomdwoe ne nea ɛbɛma yɛn nkɔso akyi.” (Romafo 14:19) Yɛbɔ mmɔden sɛ yebehu ankorankoro sɛnea Yehowa hu wɔn no, yebu yɛn ani gu wɔn mfomso so na yɛde yɛn adwene si su pa horow a wɔwɔ no so. Sɛ yɛyɛ eyi a, ɛboa yɛn ma ‘yehuhu ma yɛn ho yɛn ho.’—Kolosefo 3:13.

19. Kyerɛkyerɛ akwampa a Kristoni betumi afa so asiesie akasakasa a anibere wom mu.

19 Na sɛ akasakasa bi sɔre a yentumi nyɛ ho hwee na ɛhaw yɛn wɔ yɛn koma mu nso ɛ? (Dwom 4:4) So biribi a ɛte saa asi wɔ wo ne yɔnko gyidini bi ntam? Dɛn nti na wommɔ mmɔden sɛ wubesiesie asɛm no? (Genesis 32:13-15) Nea edi kan no, bɔ Yehowa mpae fa hwehwɛ n’akwankyerɛ. Afei, bere a su pa a nipa no wɔ wɔ w’adwene mu no, fa “odwo a nyansa wɔ mu” ne no nsusuw asɛm no ho. (Yakobo 3:13) Ka kyerɛ no sɛ wopɛ sɛ asomdwoe ba mo ntam. Kae afotu a efi honhom mu yi: “Nnipa nyinaa nyɛ ntɛm ntie, nyɛ nyaa nkasa, na wɔnyɛ nyaa mfa abufuw.” (Yakobo 1:19) Nea afotu a ese “wɔnyɛ nyaa mfa abufuw” no kyerɛ ne sɛ onii no betumi ayɛ biribi anaasɛ ɔbɛka asɛm bi a ebetumi ahyɛ wo abufuw. Sɛ ɛba saa a, srɛ Yehowa hɔ mmoa sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛhyɛ wo ho so. (Galatifo 5:22, 23) Ma wo nua no nka nea ɛhaw no, na tie no yiye. Sɛ wunnye nea ɔreka nyinaa mpo ntom a, entwa n’ano. Ebia na adwene a okura no nteɛ, nanso saa bere no de ɛno ara ne n’adwene. Bɔ mmɔden sɛ wubehu ɔhaw no sɛnea ɔno hu no no. Nea ebetumi aka ho nso ne sɛ wubehu wo ho sɛnea wo nua no hu wo no.—Mmebusɛm 18:17.

20. Sɛ woresiesie nsɛmnsɛm a, akwan foforo bɛn na ɛda adi sɛ wubetumi afa so ama asomdwoe aba mo ntam?

20 Sɛ edu wo so sɛ wobɛkasa a, ma wo kasa ho mmra nyam. (Kolosefo 4:6) Ka nea wuhu wɔ wo nua no ho a w’ani gye ho no kyerɛ no. Pa no kyɛw wɔ nea woyɛe a enye wɔ akasakasa no mu ho. Sɛ mmɔden a wufi ahobrɛase mu bɔ no ma mutumi siesie mo ntam a, da Yehowa ase. Sɛ antumi amma saa a, kɔ so hwehwɛ Yehowa hɔ akwankyerɛ bere a worehwehwɛ akwan foforo a wobɛfa so ama asomdwoe aba mo ntam no.—Romafo 12:18.

21. Ɔkwan bɛn so na nea yɛasusuw ho yi aboa wo wɔ ɔkwan a wobɛfa so ahu afoforo sɛnea Yehowa hu wɔn no mu?

21 Yehowa dɔ n’asomfo nyinaa. Wɔ yɛn sintɔ ahorow nyinaa akyi no n’ani gye ho sɛ ɔde yɛn nyinaa bedi dwuma wɔ ne som mu. Bere a yɛkɔ so sua sɛnea ohu afoforo no ho ade pii no, ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn nuanom mmarima ne mmea no bɛyɛ kɛse. Sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn yɔnko Kristoni bi ano adwo a, yebetumi akanyan no. Sɛ yesi yɛn bo sɛ yebenya afoforo ho adwempa a, hwɛ nhyira ara a yebenya—yiw, sɛ yebehu wɔn sɛnea Yehowa hu wɔn no!

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 1 Akyiri yi ɛbɛdaa adi sɛ na ɔhoɔfɛfo Eliab nni su horow a ɛsɛ sɛ Israel hene a ɔfata nya no. Bere a Filistini ɔbran Goliat twaa Israelfo no mpoa wɔ ɔko mu no, Eliab ne Israel mmarima foforo bɔɔ hu.—1 Samuel 17:11, 28-30.

^ nky. 7 Esiane nkonim atitiriw a wodii ne wɔn kan nsasesin a wɔn nsa san kae ne ɛtow a ɛda adi sɛ wogyigyei nti, ɛda adi sɛ Yerobeam II bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma atifi fam ahemman no anya wɔn ho kɛse.—2 Samuel 8:6; 2 Ahene 14:23-28; 2 Beresosɛm 8:3, 4; Amos 6:2.

Wubebua Dɛn?

• Yehowa bu ne nokware asomfo sintɔ ahorow dɛn?

• Su pa ahorow a na Yona ne Petro wɔ bɛn na wubetumi aka ho asɛm?

• Wo nuanom Kristofo ho adwene bɛn na woasi wo bo sɛ wubekura mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka wɔ kratafa 18]

Susuw Sɛnea Onyankopɔn Hu Afoforo no Ho

Bere a wudwennwen Bible kyerɛwtohɔ a ɛfa Yona ho ho no, so wuhu hia a ehia sɛ wode adwene foforo susuw nkurɔfo a woka asɛmpa no kyerɛ wɔn daa no ho? Ebia wubebu wɔn sɛ wɔyɛ nnipa a biribiara ho nhia wɔn anaasɛ wɔyɛ anibiannaso, te sɛ Israelfo no anaasɛ wɔyɛ nkurɔfo a wɔsɔre tia Onyankopɔn asɛm no. Nanso Yehowa Nyankopɔn hu wɔn dɛn? Ebetumi mpo aba sɛ da koro ebinom a wɔagye din wɔ nneɛma nhyehyɛe yi mu bɛdan aba Yehowa nkyɛn, sɛnea Niniwe hene nam Yona asɛnka so sakrae no.—Yona 3:6, 7.

[Mfonini wɔ kratafa 15]

So wuhu afoforo sɛnea Yehowa hu wɔn no?

[Mfonini wɔ kratafa 16, 17]

Yesu nyaa biribi pa ka faa Yona suahu no ho