Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Momma Mo Bo Ntɔ Mo Yam! Me na Madi Wiase So Nkonim”

“Momma Mo Bo Ntɔ Mo Yam! Me na Madi Wiase So Nkonim”

“Momma Mo Bo Ntɔ Mo Yam! Me na Madi Wiase So Nkonim”

YESU wuda—Yudafo ɔsram a ɛne Nisan no da a ɛto so 14—no fii ase Yawda March 31, 33 Y.B. bere a owia akɔtɔ. Saa anwummere no, Yesu ne n’asomafo no hyiaam wɔ abansoro dan bi mu wɔ Yerusalem sɛ wɔredi Twam afahyɛ no. Bere a Yesu siesiee ne ho sɛ “ɔrebefi wi yi ase akɔ agya no nkyɛn” no, ɔdaa no adi sɛ ɔdɔɔ asomafo no kosii ase. (Yohane 13:1) Ɔkwan bɛn so? Denam asuade ahorow a ɛsom bo a ɔkyerɛɛ wɔn no so, na ɔnam saayɛ so siesiee wɔn maa nea na ɛda wɔn anim no.

Bere a ade resa no, Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Momma mo bo ntɔ mo yam! Me na madi wiase so nkonim.” (Yohane 16:33) Dɛn na ɔnam saa akokodurusɛm a ɔkae no so kyerɛe? Ne fã bi no, na ɔkyerɛ sɛ: ‘Bɔne a ɛwɔ wiase no mmaa minnii yaw, na saa ara nso na ɛmmaa mentee nka sɛ mentɔ were. Memmaa wiase no nsesaa me. Mo nso mubetumi ayɛ saa ara.’ Ná nneɛma a Yesu akyerɛkyerɛ n’asomafo anokwafo no wɔ n’asase so asetra mu nnɔnhwerew a edi akyiri mu no bɛboa wɔn nso ma wɔadi wiase no so nkonim.

Hena na obegye kyim sɛ nsɛmmɔnedi mmuu so wɔ wiase nnɛ? Yɛyɛ yɛn ade dɛn wɔ nsisi ne basabasayɛ a ntease nnim ho? So eyinom hyɛ yɛn abufuw anaasɛ ɛma yenya ɔpɛ bi sɛ yɛbɛyɛ biribi atua so ka? Nkɛntɛnso bɛn na ɔbrasɛe a atwa yɛn ho ahyia no nya wɔ yɛn so? Nea ɛka eyi ho no, yɛn sintɔ ahorow a yɛwɔ sɛ nnipa ne tɔ a yɛtɔ kɔ bɔne so no ama yedi ako wɔ akwan abien so: yɛko tia wiase bɔne a atwa yɛn ho ahyia no ne su bɔne ahorow a ɛwɔ yɛn mu no. So yebetumi ahwɛ kwan ankasa sɛ yebedi nkonim wom a Onyankopɔn mmoa nka ho? Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya ne mmoa? Su ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ yenya na aboa yɛn ma yɛako atia honam mu nkɛntɛnso bɔne ahorow no? Sɛ yebenya mmuae a, momma yɛnnan yɛn adwene nkɔ nea Yesu kyerɛkyerɛɛ n’asuafo a ɔdɔ wɔn no wɔ da a etwa to wɔ n’asase so asetram no so.

Fa Ahobrɛase Di Ahantan So

Sɛ nhwɛso no, susuw ahantan, anaa ahomaso ho hwɛ. Bible no ka wɔ eyi ho sɛ: “Ahantan di ɔsɛe anim, na kwasiare honhom di asehwe kan.” (Mmebusɛm 16:18) Kyerɛwnsɛm no san tu yɛn fo sɛ: “Sɛ obi bu ne ho sɛ ɔyɛ biribi, na ɔnyɛ hwee a, ɔdaadaa ne ho.” (Galatifo 6:3) Yiw, ahantan sɛe ade na ɛyɛ nnaadaa. Sɛ yekyi “ahokyerɛ ne ahantan” a na yɛyɛ anyansafo.—Mmebusɛm 8:13.

So na Yesu asomafo no wɔ ahokyerɛ ne ahantan ho haw bi? Anyɛ yiye koraa no, wogyee akyinnye bere bi wɔ wɔn mu sɛ wɔn mu hena na ɔyɛ ɔkɛse. (Marko 9:33-37) Bere foforo no, Yakobo ne Yohane hwehwɛɛ dibea akɛse wɔ Ahenni no mu. (Marko 10:35-45) Na Yesu pɛ sɛ ɔboa n’asuafo no ma woyi saa suban yi fi wɔn mu. Enti bere a na wɔredi Twam aduan no, ɔsɔre faa mpopaho, na ofii ase hohoroo n’asuafo no anan ho. Ɔmaa wɔtee asuade a na ɔpɛ sɛ ɔde ma wɔn no ase pefee. Yesu kae sɛ: “Sɛ me, Awurade ne kyerɛkyerɛfo no, mahohoro mo nan ho a, na ɛsɛ mo nso sɛ mohohoro mo ho mo ho anan ho.” (Yohane 13:14) Ɛsɛ sɛ yɛde ahobrɛase si ahantan ananmu.

Nanso, ɛnyɛ mmerɛw sɛ yebedi ahantan so. Akyiri yi, saa anwummere no, bere a Yesu maa Yuda Iskariot a na ɔrebeyi no ama no fii adi no, akyinnyegye bi a emu yɛ den sɔree asomafo 11 no mu. Na wɔn haw ne dɛn? Na wɔregye akyinnye sɛ wɔn mu hena na ɔyɛ ɔkɛse! Sɛ́ anka Yesu bɛka wɔn anim no, ofii boasetɔ mu bio kyerɛkyerɛɛ wɔn hia a ɛho hia sɛ wɔsom afoforo. Ɔkae sɛ: “Wiase amanaman ahene di wɔn so ahensɛm, na wɔn a wodi wɔn so tumi no, wɔfrɛ wɔn adɛɛfo. Na mo de, monnyɛ sa, na mmom nea ɔyɛ mo mu kɛse no, ɔnyɛ sɛ akumaa; na nea ɔyɛ otitiriw nyɛ sɛ nea ɔsom.” Bere a ɔretwe wɔn adwene asi ne nhwɛso so no, ɔde kaa ho sɛ: “Mewɔ mo mu sɛ nea ɔsom.”—Luka 22:24-27.

So asomafo no tee ase? Ɛda adi saa. Mfe bi akyi no, ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Mo nyinaa nnya adwenkoro, munhuhu mma mo ho, monnodɔ mo ho sɛ anuanom, mo yam nhyehye mo mmoma mo ho, munnwen ahobrɛase adwene.” (1 Petro 3:8) Hwɛ sɛnea ehia sɛ yɛn nso yɛde ahobrɛase di ahantan so! Sɛ yɛamma din a yebegye, tumi, anaa dibea a yebenya annye yɛn adwene a, na ɛkyerɛ sɛ yɛyɛ anyansafo. Bible ka sɛ: “Onyankopɔn siw ahantanfo kwan, na ɔdom ahobrɛasefo.” (Yakobo 4:6) Saa ara na tete bɛ bi ka sɛ: “Nea edi ahobrɛase ne [Yehowa, NW] suro akyi ne ahonyade ne anuonyam ne nkwa.”—Mmebusɛm 22:4.

Nitan so Nkonim a Yebedi—Ɔkwan Bɛn So?

Susuw su foforo—nitan—a abu so wɔ wiase no ho hwɛ. Sɛ́ ebia ehu, nimdeɛ a wonni, afoforo ho adwemmɔne, nhyɛso, nsisi, ɔmampɛ, abusua mu nyiyim, anaa nnipa mu nyiyim na ɛde ba no, ɛte sɛ nea nitan wɔ wiase baabiara. (2 Timoteo 3:1-4) Ná nitan abu so wɔ Yesu bere so nso. Na towgyefo yɛ nnipa a wɔapa wɔn na wɔtan wɔn wɔ Yudafo mu. Na Yudafo ne Samariafo nka. (Yohane 4:9) Ná Yudafo no bu Amanaman mufo nso animtiaa. Nanso, bere kɔɔ so no, ɔsom a Yesu de sii hɔ no gyee nnipa a wofi amanaman nyinaa mu toom. (Asomafo no Nnwuma 10:34, 35; Galatifo 3:28) Enti ofii ɔdɔ mu maa n’asomafo no biribi foforo.

Yesu kae sɛ: “Ahyɛde foforo na mema mo, sɛ monnodɔ mo ho sɛnea medɔɔ mo no, sɛ mo nso monnodɔ mo ho mo ho!” Na ɛsɛ sɛ wosua sɛ wɔbɛda saa ɔdɔ yi adi, efisɛ ɔtoaa so sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.” (Yohane 13:34, 35) Na ahyɛde no yɛ foforo efisɛ ɛkɔ akyiri sen sɛ ‘wobɛdɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’ (Leviticus 19:18) Ɔkwan bɛn so? Yesu maa asɛm no mu daa hɔ sɛ: “Eyi ne m’ahyɛde, sɛ monnodɔ mo ho sɛnea medɔɔ mo no. Obi nni dɔ kɛse a ɛsen eyi: sɛ obi de ne kra bɛto hɔ ama ne nnamfo.” (Yohane 15:12, 13) Na ɛsɛ sɛ wonya ɔpɛ sɛ wɔde wɔn nkwa ankasa bɛbɔ afɔre ama wɔn ho wɔn ho ne afoforo.

Ɔkwan bɛn so na nnipa a wɔnyɛ pɛ betumi ayi nitammɔne afi wɔn asetra mu? Denam ahofama a efi ɔdɔ mu a wɔde besi nitammɔne ananmu so. Nnipa anokwafo ɔpepem pii a wofi mmusuakuw, nyamesom, ne amammui akuw mu reyɛ saa. Mprempren wɔde wɔn ho rehyɛ ɔman bi a biakoyɛ wom na nitan nnim—Yehowa Adansefo wiase nyinaa onuayɛ kuw no—mu. Wotie ɔsomafo Yohane asɛm a efi honhom mu no: “Obiara a ɔtan ne nua no yɛ owudifo; na munim sɛ daa nkwa rentra owudifo biara mu.” (1 Yohane 3:15) Ɛnyɛ ɔko nko na nokware Kristofo nkɔ na mmom wɔbɔ mmɔden nso sɛ wɔbɛda ɔdɔ adi akyerɛ wɔn ho wɔn ho.

Nanso, adwene bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ wɔn a wɔnyɛ yɛn mfɛfo gyidifo a ebia wɔbɛda nitan adi akyerɛ yɛn no ho? Bere a na Yesu sɛn asɛndua so no, ɔbɔɔ mpae maa wɔn a na wɔrekum no no sɛ: “Agya, fa firi wɔn na wonnim nea wɔyɛ!” (Luka 23:34) Bere a nnipa a na nitan ahyɛ wɔn ma no resiw osuani Stefano abo akum no no, ne nsɛm a edi akyiri a ɔkae ne sɛ: “[Yehowa, NW], mfa bɔne yi nto wɔn so!” (Asomafo no Nnwuma 7:60) Na Yesu ne Stefano pɛ wɔn a na wɔtan wɔn no mpo yiye. Wɔannya wɔn ho tan biara wɔ wɔn koma mu. Bible tu yɛn fo sɛ: “Momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye.”—Galatifo 6:10.

‘Daa Kyigyinafo’

Bere a Yesu ne n’asomafo anokwafo 11 no nhyiam no kɔɔ so no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ aka kakra na ɔne wɔn nni hɔ wɔ honam mu bio. (Yohane 14:28; 16:28) Nanso, ɔmaa wɔn awerɛhyem sɛ: “Mebisa agya no, na wama mo okyigyinafo foforo, na ɔne mo abɛtra daa.” (Yohane 14:16) Okyigyinafo a ɔhyɛɛ ne ho bɔ no ne Onyankopɔn honhom kronkron no. Ná ɛbɛkyerɛkyerɛ wɔn Kyerɛwnsɛm no mu nneɛma a emu dɔ na akaakae wɔn nneɛma a na Yesu akyerɛkyerɛ wɔn wɔ n’asase so som adwuma no mu no.—Yohane 14:26.

Ɔkwan bɛn so na honhom kronkron no betumi aboa yɛn nnɛ? Wiɛ, Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu. Ɛyɛ ‘honhom kronkron’ na ɛde mmarima a wɔhyɛɛ nkɔm na wɔkyerɛw Bible no ‘dii dwuma.’ (2 Petro 1:20, 21; 2 Timoteo 3:16) Kyerɛwnsɛm no a yesua na yɛde nea yesua no di dwuma no ma yenya nimdeɛ, nyansa, ntease, nhumu, ne adwempa. Ɛnde, so wonsiesiee yɛn yiye a ɛbɛma yɛatumi agyina wiase bɔne yi mu nhyɛso ahorow ano?

Honhom kronkron no yɛ okyigyinafo wɔ ɔkwan foforo so nso. Onyankopɔn honhom kronkron yɛ tumi a ɛyɛ den ma yɛn yiyedi, na ɛma wɔn a wɔwɔ ne nkɛntɛnso ase no da su pa adi. Bible ka sɛ: “Honhom aba ne ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, anidahɔ.” So ɛnyɛ eyinom ne su ahorow a yehia na ama yɛadi honam mu nkɛntɛnso bɔne a ɛtɔ kɔ ɔbrasɛe, akayɛ, ahoɔyaw, abufuw, ne nea ɛtete saa so no so?—Galatifo 5:19-23.

Sɛ yɛde yɛn ho to Onyankopɔn honhom so a, yɛn nso yebetumi anya “tumi a ɛboro so” de agyina ɔhaw anaa amanehunu biara ano. (2 Korintofo 4:7) Bere a ebia honhom kronkron no renyi sɔhwɛ ahorow mfi hɔ no, akyinnye biara nni ho sɛ ebetumi aboa yɛn ma yɛagyina ano. (1 Korintofo 10:13) Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Mitumi ade nyinaa yɛ, nea ɔhyɛ me den no mu.” (Filipifo 4:13) Onyankopɔn nam ne honhom kronkron so na ɔde tumi a ɛte saa no ma. Hwɛ anisɔ a yebetumi anya wɔ honhom kronkron no ho! Wɔde ahyɛ wɔn a ‘wɔdɔ Yesu na wodi n’ahyɛde so’ no bɔ.—Yohane 14:15.

“Montra Me Dɔ no Mu”

Wɔ Yesu asetra sɛ ɔdesani no anadwo a etwa to no, ɔka kyerɛɛ n’asomafo no nso sɛ: “Nea ɔwɔ m’ahyɛde na odi so no, ɔno ne nea ɔdɔ me; na nea ɔdɔ me no, m’agya bɛdɔ no.” (Yohane 14:21) Ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ: “Montra me dɔ no mu.” (Yohane 15:9) Ɔkwan bɛn so na Agya no ne Ɔba no dɔ mu a yɛbɛtra no boa yɛn wɔ ko a yɛreko tia yɛn koma a ɛtɔ kɔ bɔne so ne bɔne a ɛwɔ wiase a yɛte mu no mu?

Sɛ yenni ɔpɛ a emu yɛ den a, so yebetumi adi nkɛntɛnso bɔne so ankasa? Ade a ɛhyɛ nkuran kyɛn so bɛn na ɛsen ɔpɛ a yebenya sɛ yɛne Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba no benya abusuabɔ pa? Ernesto, * aberante bi a ɔko tiaa ɔbrasɛe a na ɔde ne ho ahyem fi ne mpanyin afe so denneennen no, kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ná mepɛ sɛ mesɔ Onyankopɔn ani, na mihu fii Bible mu sɛ n’ani nnye asetra kwan a na menam so no ho. Enti misii gyinae sɛ mɛyɛ onipa foforo, sɛ mede Onyankopɔn akwankyerɛ bɛbɔ me bra. Na ɛsɛ sɛ meko tia nsusuwii bɔne a na ɛda so ba m’adwenem da biara da no. Nanso na masi me bo sɛ medi nkonim wɔ ɔko yi mu, na mebɔɔ mpae hwehwɛɛ Onyankopɔn mmoa bere nyinaa. Mfirihyia abien akyi no, na asɛnnennen no atwam, ɛwom sɛ meda so ara hyɛ me ho so de.”

Ɛdefa akodi a ɛwɔ wiase no mu ho de, susuw mpae a etwa to a Yesu bɔe ansa na ɔrefi Yerusalem abansoro dan no mu no ho hwɛ. Ɔbɔɔ N’agya mpae maa n’asuafo no sɛ: “Mensrɛ sɛ: Yi wɔn fi wiase, na mmom sɛ: Yi wɔn fi ɔbɔne no ho sie! Womfi wiase, sɛnea me nso mimfi wiase no.” (Yohane 17:15, 16) Hwɛ sɛnea ɛyɛ awerɛkyekye! Yehowa hwɛ wɔn a ɔdɔ wɔn no so na ɔhyɛ wɔn den bere a wɔkɔ so twe wɔn ho fi wiase no ho no.

‘Nya Gyidi’

Nokwarem no, Yesu ahyɛde so a yebedi betumi aboa yɛn ma yɛadi nkonim wɔ ko a yɛreko tia wiase bɔne ne yɛn bɔne su ahorow no mu. Nanso, ɛmfa ho sɛnea saa nkonim ahorow no ho hia no, entumi nyi wiase no anaa bɔne a yenya fii awo mu no mfi hɔ. Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛn abam bu.

Bible ka sɛ: “Wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.” (1 Yohane 2:17) Yesu de ne nkwa mae de gyee “obiara a ogye no di” no fii bɔne ne owu mu. (Yohane 3:16) Bere a yɛkɔ so nya Onyankopɔn apɛde ne n’atirimpɔw ho nimdeɛ pii no, momma yentie Yesu afotu yi: “Munnye Onyankopɔn nni, na me nso, munnye me nni.”—Yohane 14:1.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 22 Wɔasesa din no wɔ ha.

[Mfonini wɔ kratafa 6, 7]

Yesu hyɛɛ n’asomafo no nkuran sɛ: “Montra me dɔ no mu”

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Ɛrenkyɛ yɛbɛde yɛn ho afi bɔne ne ne nkɛntɛnso ase ankasa