Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA S0 | W’APƆMUDEN—NNEƐMA 5 A WOBƐTUMI AYƐ NNƐ

Nea Wobɛyɛ na Woanya Apɔmuden

Nea Wobɛyɛ na Woanya Apɔmuden

HWAN na ɔpɛ sɛ ɔyare? Obiara mpɛ. Sɛ woyi emu yaw to nkyɛn a, ɛde ɛka na ɛnam. Woyare a, wontumi nkɔ sukuu, wontumi nyɛ adwuma, na wonnya ani nhwɛ w’abusua. Wobɛhwɛ mpo na ɛsɛ sɛ obi tena wo ho hwɛ wo. Na nnuru ne ayaresa ho ka deɛ, yɛnka.

Wɔtaa ka sɛ “Ahobammɔ yɛ sen ayaresa.” Ɛyɛ nokware, nanso yɛyɛ nnipa yi deɛ, ɛnyɛ dɛn ara yɛbɛyare. Nanso nneɛma pii wɔ hɔ a wobɛtumi ayɛ de abɔ wo ho ban na woanyareyare. Ɛnneɛ ma yɛnhwɛ nneɛma nnum bi a wobɛtumi ayɛ na woanya apɔmuden.

1 DI WO HO NI

Kuw bi a ɛde Mayo Clinic ka sɛ, “sɛ obi mpɛ sɛ ɔyare anaa ɔde yareɛ sane afoforo” a, ade baako a ɛho hia paa ne sɛ ɔbɛhohoro ne nsa bere nyinaa. Sɛ ɔpapu anaa influensa yaremmoawa no bi ka wo nsa na wode posa w’ani anaa wo hwene a, ɛnyɛ den koraa sɛ wobɛnya yareɛ no bi. Sɛ wobɛtumi asi yareɛ a ɛte saa ano a, ɛnneɛ ɛsɛ sɛ wotaa hohoro wo nsa. Woma ahonidi ho hia wo a, wobɛtumi asi yareɛ bi te sɛ mpafe ne ayamtu ano. Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ afe biara, yareɛ yi kunkum mmofra a wɔnnya nnii mfe nnum bɛboro ɔpepem mmienu. Wotaa hohoro wo nsa a, wobɛtumi abɔ wo ho ban afi Ebola mpo ho.

Tebea bi wɔ hɔ a, ke-ara-ne-ke ɛsɛ sɛ wohohoro wo nsa na abɔ wo ne afoforo ho ban. Ebi ni:

  • Bere a woakɔ tiafi.

  • Bere a wo ba agya n’anan na woasiesie ne ho anaa woasesa ne ho.

  • Bere a worekyekyere kuro ne bere a woawie.

  • Bere a worekɔhwɛ ɔyarefo ne bere a worefi hɔ.

  • Bere a worebɛnua aduane, worebɛkyɛ aduane, anaa worebɛdidi.

  • Bere a woanwansi, woabɔ waw, anaa woahem.

  • Bere a wode wo nsa aka aboa bi anaa ne bin.

  • Bere a woapra anaa woasesa nwura.

Nanso hyɛ no nsow sɛ ɛnyɛ nsahohoro biara ne nsahohoro. Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ nnipa a wɔkɔ amansan tiafi so no pii nhohoro wɔn nsa, na sɛ wɔbɛhohoro mpo a, wɔnhohoro no yie. Sɛn na ɛsɛ sɛ wohohoro wo nsa?

  • Bu nsupa gu wo nsa so na fa samina ka ho.

  • Posa ma ɛntwa ahuro. Ma ahuro no nwurawura wo nsa ntam, na fa fofa wo nsa akyi ne wo nsa ho nyinaa. Yiyi wo mmɔwerɛ mu.

  • Kɔ so posa bɛyɛ anibuo 20.

  • Afei bu nsuo gu so na hohoro.

  • Fa mpopaho anaa biribi a ɛho tew popa wo nsa.

Wohwɛ a wobɛka sɛ wei nyɛ biribi titiriw biara, nanso ɛbɛtumi ako yareɛ. Nokwasɛm ni, ɛbɛtumi agye wo nkwa.

2 HWEHWƐ NSUPA

Aman bi so no nsupa ho yɛ na, na obi bɛnya bi ama n’abusua a gye sɛ ɔkyin brɛ. Baabi a nsupa wɔ mpo, sɛ nsuo tɔ ma nsusuan tue, anaa ahum tu anaa pipe pae a, ɛbɛtumi asɛe nsuo a ɔmanfo nom no. Bio, sɛ efĩ kɔ nsuo mu anaa ɛngu ade pa mu a, yaremmoawa bɛtumi akɔ mu. Ɛbɛtumi ama obi anya yareɛ bi te sɛ ayamtu, kɔlera, typhoid, ne mmerɛbo mu yareɛ. Nhwehwɛmu bi kyerɛ sɛ nnipa bɛboro ɔpepepem baako ne fã na nsufĩ ma wɔn yam tu afe biara.

Nneɛma pii wɔ hɔ a wobɛtumi ayɛ de abɔ wo ho ban na woanyareyare

Sɛ obi nya kɔlera na ɔgya n’anan na mmoawa no bi kɔ nsuo anaa aduane bi mu a, obiara a ebi bɛka n’ano no bɛtumi anya yareɛ no bi. Ɛnneɛ, sɛ atoyerɛnkyɛm mpo si a, dɛn na wobɛyɛ na woannom nsufĩ?

  • Hwɛ sɛ nsuo a wobɛnom, nea wode bɛtwi wo se, nea wode bɛhohoro nneɛma mu, ne nea wode bɛnoa aduane nyinaa yɛ nsupa te sɛ pipe nsuo anaa nea wɔtɔn wɔ sotɔɔ mu. Ɛno mpo no, hwɛ sɛ ɛfi baabi pa.

  • Wohwɛ na efĩ wɔ pipe nsuo mu a, nua mu anaa fa aduro a ɛfata gu mu.

  • Sɛ wopɛ sɛ wode aduro bi te sɛ chlorine gu nsuo mu a, hwɛ sɛ wobɛdi ɛho akwankyerɛ so pɛpɛɛpɛ.

  • Sɛ wo nsa bɛtumi aka nneɛma a wɔde sɔne nsuo so a, pɛ nea ɛyɛ papa fa sɔne wo nsuo so.

  • Sɛ nea yɛaka yi biara nni hɔ a, wobɛtumi de bleach asɔ nsuo no mu. Wofa nsuo galon baako a, wobɛtumi de bleach no asɔ mu ko-ko bɛyɛ nwɔtwe. (Sɛ wofa nsuo akɔtoa baako a, wode mmienu na ɛbɛsɔ mu.) Afei woso ma ɛmfra na fa si hɔ simma 30 ansa na wode ayɛ nea wobɛyɛ.

  • Bere biara fa wo nsuo gu ade a emu tew mu na bua so na efĩ ankɔ mu.

  • Hwɛ sɛ ade biara a wode bɛsaw nsuo ho tew.

  • Hohoro wo nsa ansa na woasɔ toa anaa bokiti a nsuo wom no mu. Afei nso hwɛ na woamfa wo nsa anto nsuo a wonom mu.

3 HWƐ W’ADIDIE YIE

Sɛ w’adidie nyɛ a, worennya ahoɔden. Ɛnneɛ dɛn na ɛbɛkyerɛ sɛ w’adidie yɛ? Ɛsɛ sɛ wohwɛ nkyene, sradeɛ, ne asikyire a wodi yie. Bio nso ɛnsɛ sɛ wodidi boro so. Ɛyɛ a fa nnuaba ne nhabamma ka w’aduane ho, na nni aduane koro bere nyinaa. Sɛ woretɔ paanoo, ɛmo, anaa aburo aduane bi a, kenkan ho hwɛ na woatɔ nea ahoɔden wom. Mpɛn pii no, nea yɛmpɔɔ ho yɛ sen nea yɛapɔ ho. Nwe nam pii, na wobɛwe nso a ɛyɛ a we nea srade nnim, na nnawɔtwe biara hwɛ sɛ wobɛwe nsuo mu nam kakra. Mmeae bi wɔ hɔ a, wobɛtumi anya nhabamma a aduannuro a wɔfrɛ no protein no bi wom.

Wodi asikyire ne sradeduane pii a, ɛbɛtumi ama woayɛ kɛse aboro so. Wei nti ɛyɛ a nom nsuo sen adɔkɔdɔkɔde. Sɛ worepɛ biribi apa w’anom a, nnuaba yɛ sen nneɛma a asikyire ayɛ no twɔnn. Ntaa nwe sausage anaa mogyanam, na nni bɔta, keeki, kyiis, ne bisket pii. Fa anwa pa yɛ w’aduane; ɛyɛ sen srade a ɛda.

Wodi nkyene pii a, ɛbɛma woanya mogya mmoroso. Sɛ wowɔ saa haw yi a, ɛnneɛ woretɔ aduane a kenkan ho hwɛ na wɔantɔ nea nkyene (sodium) pii wom. Worenoa aduane a, wobɛtumi de atomdeɛ ahorow bi asi nkyene ananmu.

Sɛnea aduane ko a wodi ho hia no, saa ara na dodow a wodi nso ho hia. Enti woredidi a, nka sɛ wommee enti wobɛdi saa.

Ade baako a ɛsɛ sɛ yɛkae ne sɛ aduane bɛtumi adan awuduru. Sɛ woannoa aduane yie anaa woankora so yie a, ɛbɛtumi anya wo. Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ woyi Amerikafo 6 si hɔ a, afe biara wɔn mu 1 di aduane bɔne ma ɛbɔ no yareɛ. Wɔn mu dodow no ara ho tɔ wɔn, nanso ebinom hwere wɔn nkwa. Dɛn na wobɛyɛ na asɛm a ɛte saa anto wo?

  • Ɛtɔ mmere bi a, nkurɔfo de sumina fra asase dua nnɔbae. Enti wokɔtɔ atosodeɛ a, hohoro ho yie ansa na wode ayɛ aduane.

  • Sɛ worebɛnua aduane a, di kan fa nsuohyeɛ ne samina hohoro wo nsa ne nea wobɛtwitwa so ade ne nkyɛnsee ne nea ɛkeka ho mu.

  • Sɛ wode kosua anaa nammono gu kyɛnsee bi mu a, hwɛ sɛ wobɛhohoro mu ansa na wode aduane foforo biara atom.

  • Worenoa aduane a, ɛyɛ a ma ɛmmen, na nea aka a ɛbɛtumi asɛe no, fa hyɛ frigye mu ntɛm.

  • Nnya aduane nsi hɔ mma ɛnni mmoro nnɔnhwere mmienu. Na sɛ dan no mu yɛ hye a, ɛnneɛ ɛnsɛ sɛ ɛdi boro dɔnhwere baako mpo, anyɛ saa a to gu.

4 TENETENE W’APOM BERE NYINAA

Ɛhia sɛ mpanin ne mmofra nyinaa tenetene wɔn apom na wɔn ho asisi wɔn ho so. Nanso nnɛ nnipa pii ntaa nyɛ saa. Ɛnneɛ, adɛn nti na ɛhia sɛ wotenetene w’apom? Woyɛ saa a:

  • Wobɛtumi ada yie.

  • Wo ho bɛkentene wo.

  • Wo nnompe ne wo wedeɛ mu bɛyɛ den.

  • Worenyɛ kɛse mmoro so.

  • W’adwendwene so bɛte.

  • Ɛbɛto wo nkwa so.

Sɛ woantenetene w’apom a, wobɛtumi anya:

  • Akomayareɛ.

  • Asikyireyareɛ.

  • Mogya mmoroso.

  • Srade ma wo ntini mu asisi.

  • Stroke.

Mfe a woadi ne w’apɔmuden na ɛbɛkyerɛ apɔmutenetene ko a ɛyɛ ma wo. Enti ɛbɛyɛ papa sɛ wohu wo dɔkota ansa na woafi apɔmutenetene bi ase. Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ mmofra ne mmabun de simma 60 tenetene wɔn apom da biara. Ɛsɛ sɛ mpanimfoɔ de simma 75 kɔsi 150 yɛ saa nnawɔtwe biara. Sɛ apɔmutenetene no mu yɛ hye a, wɔde simma 75 bɛyɛ, na sɛ emu nyɛ hye a, wɔde simma 150 bɛyɛ.

Paw apɔmutenetene a w’ani gye ho. Wobɛtumi abɔ basketball, tennis, ne football. Wobɛtumi anantenante, atwi sakre, adodɔ mfikyire, anaa woapae gya. Bio nso, wobɛtumi akɔdware nsuo mu, ahare korow, atu mmirika ne nneɛma foforo. Wobɛyɛ dɛn ahu apɔmutenetene a emu yɛ hye ne nea emu nyɛ hye? Nea emu nyɛ hye no bɛtumi ama woate mfifiri, nanso nea emu yɛ hye no deɛ, woreyɛ a ɛyɛ den sɛ wo ne obi bɛbɔ nkɔmmɔ.

5 NYA BERE DA

Ɛsono obiara ne nnɔnhwere dodow a ɛsɛ sɛ ɔde da. Mmofra a wɔawo wɔn foforo tumi da nnɔnhwere 16 kɔsi 18 da biara. Nkokoaa de nnɔnhwere 14 na ɛda, na mmofra a wɔwɔ day nursery de nnɔnhwere 11 anaa 12 na ɛda. Mmofra a wɔrebɛkɔ primary sukuu hia bɛyɛ nnɔnhwere 10; na mmabun hia nnɔnhwere 9 anaa 10. Mpanimfoɔ nso hia nnɔnhwere 7 kɔsi 8.

Ɛsɛ sɛ obiara nya nna a ɛfata; ɛnyɛ adeɛ a sɛ obi pɛ a na ɔyɛ. Animdefo kyerɛ sɛ, sɛ yɛtumi da yie a ɛboa yɛn akwan pii so:

  • Ɛboa ma mmofra ne mmabun tumi nyin kama.

  • Ɛma nnipa tumi sua ade kae nneɛma ntɛmntɛm.

  • Ɛma nipadua no yɛ n’adwuma yie.

  • Ɛboa ma koma no bɔ yie.

  • Ɛbɔ nipadua no ho ban fi nyarewa pii ho.

Sɛ obi ntumi nna yie a, ɛde ɔhaw pii ba: Ɔbɛtumi ayɛ kɛse aboro so, ɔbɛtumi anya adwenemhaw, akomayareɛ ne asikyireyareɛ, na ɛbɛtumi de akwanhyia a ɛyɛ hu mpo aba. Anyɛ hwee koraa no, ɛsɛ sɛ wei ma yɛhu sɛ nna ho hia paa.

Ɛnneɛ, sɛ wontumi nna sɛnea ɛsɛ a, dɛn na wobɛyɛ?

  • Bɔ mmɔden sɛ wobɛnya bere a wode bɛda ne bere a wode bɛsɔre, na yɛ saa daa.

  • Ma wo dan mu nyɛ dinn, na ɛhɔ nyɛ sum kakra; ɛnsɛ sɛ ɛhɔ yɛ hye pii anaa ɛyɛ nwunu boro so.

  • Bere a woda mpa mu no, nhwɛ TV, na mma afidie foforo biara nsɛe wo nna.

  • Ma wo mpa so nyɛ akɔnnɔ na ɛso da ayɛ wo dɛ.

  • Sɛ worekɔda a, nni aduane a emu yɛ duru; nnom kɔfe anaa nsã.

  • Sɛ wei nyinaa akyi wontumi nna yie na awiabere mmom na wotɔ nko a, bɔ mmɔden kɔhu dɔkota. Sɛ nso woda na wontumi nhome yie a, ɛsɛ sɛ wopɛ ano aduro.