Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | AWAREƐ

Mma Biribiara Ntete Mo Ntam

Mma Biribiara Ntete Mo Ntam

ƆHAW NO

Da a wowaree no, wohyɛɛ bɔ bi. Wokaa sɛ nsuo mu oo, awia mu oo, wo ne no ara; gye owuo na ɛbɛtete mo ntam.

Nanso afei deɛ, awareɛ ne emu nsɛmnsɛm reyɛ ama nneɛma agyigya. Enti wohwɛ a, sɛnea na wodɔ wo hokafo no saa ara na ɛte nnɛ?

NEA ƐSƐ SƐ WOHU

Wode wo koma nyinaa ma wo hokafo a, w’awareɛ bɛyɛ te sɛ hyɛmma a wɔato no sɛkyɛ; ɛbɛgyina

Nsuro sɛ wode wo koma bɛma wo hokafo. Nnɛ nnipa pii suro sɛ wɔde wɔn koma bɛma wɔn kunu anaa wɔn yere. Ebinom ka sɛ wode wo koma nyinaa ma wo hokafo a, ɛte sɛ nea wode ahoma asɔ wo mene. Nanso ɛnyɛ saa na ɛte. Mmom, woyɛ saa a, w’awareɛ bɛyɛ te sɛ hyɛmma a wɔato no sɛkyɛ; ɛbɛgyina. Ɔbaa warefo bi a ɔde Megan kaa sɛ, “Sɛ akasakasa bi sɔre na obiara nim sɛ waku ne ho ama awareɛ no a, ɔrempɛ ntɛm mfi mu.” * Sɛ mogye tom paa sɛ awareɛ no atim a, ɛnneɛ sɛ nsɛnnennen bi mpo sɔre a, mobɛnya nea mobɛgyina so asiesie.—Hwɛ adaka a wɔato din “ Ɔdɔ ne Nokwaredi.”

Yɛbɛtwa no tiaa a, sɛ worehyia ɔhaw wɔ w’awareɛ mu a, ɛnyɛ saa bere no na ɛsɛ sɛ woma w’adwenem yɛ wo naa. Mmom, ɛsɛ sɛ wohyɛ wo dɔ mu den. Wobɛyɛ dɛn ayɛ saa?

NEA WOBƐTUMI AYƐ

Gye bere hwehwɛ wo ho mu. “Gye owuo na ɛbɛtete yɛn ntam.” Wote saa asɛm yi a, dɛn na ɛba w’adwenem? Ɛyɛ wo sɛ wode ahoma resɔ wo mene anaa wote nka sɛ ɛyɛ ahobammɔ? Sɛ wohyia ɔhaw bi wɔ w’awareɛ mu a, nea ɛba w’adwenem ara ne sɛ wobɛgyae awareɛ? Sɛ wobu awareɛ sɛ biribi a ɛsɛ sɛ ɛtena hɔ daa a, ɛbɛboa ma woahyɛ wo dɔ mu den.—Bible mu asɛm: Mateo 19:6.

Hwehwɛ w’abusua mu. W’awofo awareɛ bɛtumi aka w’awareɛ. Ɔbaa warefo bi a ɔde Lea kaa sɛ, “Bere a m’awofo gyaa awareɛ no na mesua, enti na ɛyɛ me sɛ mentumi mfa me koma nyinaa mma obi.” Nya awerɛhyem sɛ wobɛtumi ama w’awareɛ agyina. Sɛ w’awofo awareɛ gui a, ɛno nkyerɛ sɛ wo nso w’awareɛ bɛgu!—Bible mu asɛm: Galatifoɔ 6:4, 5.

Hwɛ wo kasa yie. Sɛ akasakasa ba wo ne wo hokafo ntam a, ɛyɛ a nkeka nsɛm bi a wobɛnu wo ho akyiri yi. Nkeka nsɛm te sɛ, “Woyɛ a megyaa wo!” anaa, “Merekɔpɛ obi a ɔbɛdɔ me!” Nsɛm a ɛte saa remma monnye mo ho nni, na ɔhaw a asɔre no nso, morentumi nni ho dwuma. Mmom ɛbɛdan atɛnnidi ne ntɔkwa hunu. Enti sɛ anka wobɛkeka nsɛm a ɛwowɔ no, wobɛtumi aka biribi te sɛ: “Seesei yɛn nyinaa bo afuw. Ɛnneɛ, yɛbɛyɛ dɛn asiesie yɛn ntam?”—Bible mu asɛm: Mmebusɛm 12:18.

Ma wo hokafo nhu sɛ ‘wo koma wɔ awareɛ no mu.’ Ɛyɛ a fa wo kunu anaa wo yere mfoni si wo pon so wɔ adwumam. Mfa w’awareɛ mu nsɛm nkɔsi dwa so. Baabi a wobɛkɔ biara bɔ mmɔden sɛ wobɛfrɛ wo yere anaa wo kunu ne no akasa. Ɛyɛ a ma nsɛm bi te sɛ “yɛn” anaa “me ne me yere” anaa “me ne me kunu” mpue wɔ wo kasa mu. Woyɛ saa a, ɛbɛkyerɛ sɛ wodɔ wo yere anaa wo kunu, na nkurɔfo nso bɛhu sɛ womfa w’awareɛ nni agorɔ.

Hwɛ awarefo a wɔyɛ nhwɛso pa na sua wɔn. Wo ne awarefo a wɔn ho akokwa awareɛ mu mmɔ nkɔmmɔ. Bisa wɔn sɛ, “Dɛn paa na aboa ma mo awareɛ agyina abɛsi sesɛɛ?” Bible ka sɛ: “Dadeɛ na wɔde se dadeɛ ano. Saa na onipa nso se ne yɔnko anim.” (Mmebusɛm 27:17) Sɛ yɛma Bible mu asɛm yi tena yɛn adwenem a, yɛbɛtwe apini awarefo a wɔn ho akokwa ma wɔde wɔn afotu pa aboa yɛn.

^ nky. 7 Sɛ obi kunu anaa ne yere fi n’akyi a, Bible ma kwan sɛ nea ne ho nni asɛm no bɛtumi agyaa nea wasɛe awareɛ no. Hwɛ asɛm a ɛwɔ Nyan! yi mu a wɔato din “Bible no Adwene—Awaresɛe.”