Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 BIBLE NO ADWENE

Akwahosan

Akwahosan

Sɛnea yɛhwɛ yɛn nipadua so no fa Onyankopɔn ho?

“Nkɔka sadweamfo ne wɔn a wodi nam fuu ho.”—Mmebusɛm 23:20.

DƐN NTI NA ƐHO HIA?

Bible no nnyɛ aduruyɛ nhoma; na saa ara nso na ɛnkyerɛkyerɛ biribiara a ɛsɛ sɛ nnipa yɛ mu. Nanso, wubetumi anya nea Bible ka fa akwahosan ho no so mfaso.

NEA BIBLE KA

Bible mu nsɛm pii boa ma yehu sɛnea Onyankopɔn te nka wɔ sɛnea yɛhwɛ yɛn nipadua so no ho. Sɛ nhwɛso no, Bible kasa tia nneɛma a yɛyɛ tra so te sɛ asabow ne adidi ntraso. (Mmebusɛm 23:20) Wɔkyerɛɛ tete Israelfo no sɛnea wobesiw nyarewa ano ne sɛnea wɔbɛkwati nyarewa wɔ Mmara a Onyankopɔn de maa wɔn no mu. Mmara no de akwankyerɛ pɔtẽẽ a ɛbɛma wɔakwati asiane nso maa wɔn. (Deuteronomium 22:8) Enti yehu sɛ Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnhwɛ yɛn nipadua so yiye na yɛnhwehwɛ akwampa mfa mmɔ yɛn ho ban mfi nyarewa ho.

 Dɛn na Bible kyerɛ sɛ ɛma yɛyare?

“Ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae.”—Romafo 5:12.

NEA NKURƆFO KA

Nnipa pii gye di sɛ biribi ketewaa bi a ankɔ yiye wɔ adannandi mu na ɛkɔfaa nyarewa bae. Afoforo nso susuw sɛ tumi bi a aniwa ntumi nhu wɔn, te sɛ ahonhommɔne, na wɔde nyarewa bae.

NEA BIBLE KA

Bible kyerɛ yɛn sɛ, asoɔden a nnipa a wodi kan no yɛ tiaa Onyankopɔn no nti na yɛyare. (Romafo 5:12) Ansa na yɛn awofo a wodi kan, Adam ne Hawa retew atua no, na wɔwɔ akwahosan a ɛyɛ pɛ. Ná wonim sɛ sɛ wɔtwe wɔn ho fi Onyankopɔn a ofi ɔdɔ mu hwɛ wɔn no ase a, wobewu. (Genesis 2:16, 17) Nanso, wɔboapa twaa wɔne Onyankopɔn ntam ayɔnkofa no mu, na wɔhweree wɔn pɛyɛ no. *

Adam ne Hawa sintɔ a wonya fii wɔn atuatew mu no na wɔde woo yɛn. Enti ɛmfa ho mmɔden a nnipa bɔ sɛ wobeyi nyarewa nyinaa afi hɔ no, yɛbɛkɔ so ara ayare.

DƐN NA WUBETUMI AYƐ?

Bible kyerɛkyerɛ sɛ, sɛ wutie Onyankopɔn Asɛm mu nnyinasosɛm a nyansa wom no de siesie wo ne no ntam a, daakye wubenya akwahosan a ɛyɛ pɛ wɔ asase so paradise mu. (Yesaia 33:24) Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ obeyi nyarewa, yaw, ne owu afi hɔ.—Adiyisɛm 21:3, 4.

So Bible no kasa tia aduruyɛ?

“Nnipa a wɔwɔ ahoɔden no nhia ɔyaresafo, na mmom wɔn a wɔyare na wohia.”Mateo 9:12.

NEA NKURƆFO KA

Ebinom ani gye honhom mu ayaresa (wɔsan frɛ no gyidi ayaresa) ho sen aduruyɛ.

NEA BIBLE KA

Tete no, Onyankopɔn maa kwan ma nnuruyɛfo yɛɛ adwuma wɔ ne nkurɔfo mu bere a na wɔrekyerɛw Bible no. (Genesis 38:28; Kolosefo 4:14) Biribiara nni Bible mu a ɛkyerɛ sɛ na Onyankopɔn ani nnye ho sɛ wɔde ahabannuru, sradehuam, nnuan a ɛsɛ sɛ ɔyarefo di, ne aduruyɛ mu nneɛma ahorow bedi dwuma. Nokwasɛm ne sɛ, Yesu gye toom sɛ “nnipa a wɔwɔ ahoɔden no nhia ɔyaresafo, na mmom wɔn a wɔyare na wohia.”—Mateo 9:12.

Nanso Bible no nhyɛ aduruyɛ ahorow nyinaa ho nkuran. Sɛ nhwɛso no, Bible nhyɛ nnɛyi gyidi ayaresa ho nkuran. Na Onyankopɔn mpene ayaresa a ahonhonsɛmdi wom nso so. (Galatifo 5:19-21) Nneyɛe a Bible kasa tia yi akyi no, nea nyansa wom a ɛsɛ sɛ yɛyɛ bere a ɔyare abɔ yɛn ne sɛ, sɛ ayaresabea wɔ beae a yɛwɔ no nkutoo a, ɛnsɛ sɛ yɛtwentwɛn yɛn nan ase sɛ yɛbɛkɔ hɔ.

^ nky. 10 Wɔ asɛm yi mu no, yɛde asɛmfua “pɛ” ne “pɛyɛ” bedi dwuma de akyerɛ tebea pa a Onyankopɔn bɔɔ nnipa a wodi kan wom a na ɔyare, nyarewa, ne owu nnim no.