Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ƆKWAN A WƆFA SO NYA ANIGYE

Ma W’apɔwmuden Ho Nhia Wo, Na Mma W’abam Mmu

Ma W’apɔwmuden Ho Nhia Wo, Na Mma W’abam Mmu

SƐ OBI NYA YARE KOANKORƆ ANAA ODI DƐM A, ETUMI MA N’ASETENA YƐ BASAA. Yɛfrɛ ɔbarima bi Ulf. Ná ɔyɛ obi a osi pi si ta, nanso akyiri yi obubui. Nea ɔkae ne sɛ: “Mebotowee pa ara. Ahoɔden ne akokoduru a mewɔ no nyinaa tew kɔe . . . M’asetena yɛɛ basaa.”

Ulf asɛm yi kae yɛn sɛ, yɛn mu biara nni hɔ a obetumi aka sɛ ɔwɔ n’apɔwmuden so tumi koraa. Nanso, yebetumi ayɛ nneɛma bi de atew yare a ebetumi abɔ yɛn no so. Nanso sɛ yɛn apɔwmuden sɛe nso ɛ? Ɛno kyerɛ sɛ yɛne anigye to nkwanta a yɛapae anaa? Yebehu sɛ, ɛnte saa koraa. Nanso nea edi kan no, ma yɛnhwɛ afotusɛm ahorow bi a ebetumi ama yɛanya apɔwmuden pa.

ƐSƐ SƐ ‘WUKARI PƐ WƆ WO NNEYƐE MU.’ (1 Timoteo 3:2, 11) Sɛ wode yɛ wo suban sɛ wobedidi pii anaa wobɛnom nsa bebree a, akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛsɛe w’apɔwmuden. Nea ɛde bɛyɛ wo sikasɛm mpo de, yɛrentumi mmɔ so. “Nkɔka sadweamfo ne wɔn a wodi nam fuu ho. Asabofo ne adidifo no, ebehia wɔn.”—Mmebusɛm 23:20, 21.

NGU WO NIPADUA HO FĨ. “Momma yɛnhohoro yɛn ho mfi ɔhonam ne honhom mu fĩ nyinaa ho.” (2 Korintofo 7:1) Sɛ nkurɔfo nom sigaret, wɔwe tawa, wɔnom nsa bebree, anaa wɔnom nnubɔne a, egu wɔn nipadua ho fĩ. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, U.S. Asoɛe a Ɛhwɛ Siw Nyarewa Ano no ka sɛ, sigaretnom “ma obi yare, odi dɛm, na etumi sɛe ne nipadua akwaa no nyinaa.”

BU WO NIPADUA NE WO NKWA SƐ ƐYƐ AKYƐDE A ƐSOM BO. “Ɛnam [Onyankopɔn] so na yɛwɔ nkwa na yɛkeka yɛn ho na yɛwɔ hɔ.” (Asomafo Nnwuma 17:28) Sɛ yegye saa nokwasɛm yi tom a, ɛnde sɛ yɛreyɛ adwuma oo, yɛreka kar oo, yɛregye yɛn ani oo, yɛremfa yɛn nkwa nto asiane mu sɛnea ɛnsɛ. Wo de, hwɛ sɛ wubegye w’ani bere tiaa bi, na ebewie ase no na woadi dɛm wo nkwa nna nyinaa!

DI ADWENE NE SU A ƐNTEƐ SO. Wo nipadua ne w’adwene yɛ adwuma bom. Enti bɔ mmɔden sɛ wubekwati adwennwene a ɛmfata, abufuw ntraso, anibere, ne su afoforo a ebetumi apira wo. Dwom 37:8 ka sɛ: “Ma abufuw ntwa, na gyae bobɔne.” Bible san ka sɛ: “Munnnwinnwen ɔkyena ho, na ɔkyena ankasa benya ne dadwen.”—Mateo 6:34.

BƆ MMƆDEN SƐ WUBEDWEN NNEƐMA A ƐBƐMA W’ANI AGYE HO. Mmebusɛm 14:30 ka sɛ: “Koma a edwo yɛ ɔhonam nkwa.” Bible san ka sɛ: “Anigye koma sa yare.” (Mmebusɛm 17:22) Sɛ ɛba no aduruyɛ mu mpo a, saa asɛm no yɛ nokware. Dɔkota bi a ɔwɔ Scotland kaa sɛ: “Sɛ wowɔ anigye a, ɛbɛyɛ den sɛ daakye wobɛtaa ayareyare. Nanso wɔn a wonni anigye no de, ɛnte saa.”

MMA W’ABAM MMU. Ebia yɛn nso yɛte sɛ Ulf a yedii kan kaa ne ho asɛm no. Ebetumi aba sɛ ɔhaw bi te yɛn so a yentumi nyɛ ho hwee, gye sɛ yegyina ano. Nanso, yebetumi apaw sɛnea yebegyina ɔhaw no ano. Ebinom ma ɔhaw no bunkam wɔn so ma wɔn abam bu, na wei sɛe asɛm no koraa. Mmebusɛm 24:10 ka sɛ: “W’aba mu abu ahohia da mu anaa? W’ahoɔden so bɛtew.”

Afoforo nso de, ebia mfiase no wodi awerɛhow kakra, na afei wɔsɔre gyina wɔn nan so. Wɔyɛ nsakrae, na wɔhwehwɛ akwan a wɔbɛfa so agyina ɔhaw no ano. Saa na Ulf yɛe. Ɔkaa sɛ, bere a ɔkenkan Bible mu nsɛm a ɛhyɛ nkuran no, ɔbɔɔ ho mpae denneennen na odwinnwen ho. Ɛno akyi no, ofii ase yii n’adwene fii nneɛma a ontumi nyɛ so, na ɔde n’adwene sii nneɛma a obetumi ayɛ so. Afei nso, te sɛ wɔn a wohyia ɔhaw akɛse no, Ulf nso suaa biribi faa tema ne ayamhyehye ho, na ɛkaa no ma ɔkaa Bible mu awerɛkyekyesɛm no bi kyerɛɛ afoforo.

Onipa foforo nso a ɔfaa ɔhaw mu pa ara ne ɔbarima bi a yɛfrɛ no Steve. Bere a odii mfe 15 no, onyaa akwanhyia ma obubu fii ne kɔn kosi ne nan ase. Odii mfe 18 no, na otumi de ne nsa yɛ ade. Afei ɔkɔɔ suapɔn mu, na ankyɛ na ɔde ne ho hyɛɛ nnubɔnenom, asanom bebrebe, ne aguamammɔ mu. Ná onni anidaso biara wɔ asetenam kosi sɛ ofii ase suaa Bible no. Ɛno ma onyaa adwene foforo wɔ nneɛma ho, na ɛboaa no ma odii ne subammɔne no so. Ɔkaa sɛ: “Sɛnea na mete nka sɛ mfaso biara nni me so no, seesei ɛnte saa bio. Mete nka sɛ mewɔ anigye ne asomdwoe, na m’ani sɔ nea mewɔ.”

Steve ne Ulf nsɛm no ma yɛkae asɛm a ɛwɔ Dwom 19:7, 8. Ɛhɔ ka sɛ: “Yehowa mmara yɛ pɛ, ɛma ɔkra ho san no. . . . Yehowa ahyɛde teɛ, ɛma koma di ahurusi; Yehowa mmara nsɛm ho tew, ɛma obi ani tew.”