Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Ne Kristo Ho Nokwasɛm

Onyankopɔn Ne Kristo Ho Nokwasɛm

Ɛwom sɛ nnipa som anyame pii de, nanso nokware Nyankopɔn de, ɔyɛ koro pɛ. (Yohane 17:3) Ɔno ne “Opumpuni no,” nea ɔbɔɔ ade nyinaa, na ɔne nkwa nyinaa Wura. Ɔno nko ara na ɔfata sɛ yɛsom no.—Daniel 7:18; Adiyisɛm 4:11.

Hena Ne Onyankopɔn?

Bible a wɔkyerɛwee tete no, Onyankopɔn din pue wom BƐYƐ MPƐN 7,000

YEHOWA ne Onyankopɔn din

AWURADE, NYANKOPƆN, AGYA​—Yehowa abodin no bi ni

Onyankopɔn Din De Sɛn? Onyankopɔn ankasa ka sɛ: “Mene Yehowa; me din ne no.” (Yesaia 42:8) Onyankopɔn din pue bɛyɛ mpɛn 7,000 wɔ Bible mu. Wɔakyerɛ Bible ase kɔ kasa ahorow pii mu. Wohwɛ Bible nkyerɛase ahorow pii mu a, wubehu sɛ wɔadi mfomso ayi Onyankopɔn din afi mu, na wɔde abodin te sɛ “Awurade” na asi ananmu. Nanso, Onyankopɔn hyɛ wo nkuran sɛ ‘bɔ ne din,’ efisɛ ɔpɛ sɛ ɔfa wo adamfo.—Dwom 105:1.

Yehowa Abodin Ahorow. Yehowa abodin ahorow a ɛwɔ Bible mu no, ebi ne “Nyankopɔn,” “ade nyinaa so Tumfoɔ,” “Ɔbɔadeɛ,” “Agya,” “Awurade,” ne “Otumfoɔ.” Mpaebɔ ahorow a emu nsɛm wɔ Bible mu no, emu pii wɔ hɔ a, wubehu sɛ onii a ɔbɔɔ mpae no de edin Yehowa na ɛfrɛɛ Onyankopɔn, na ɔsan de abodin bi a nidi wom kaa ho.—Daniel 9:4.

Sɛnea Onyankopɔn Te. Onyankopɔn yɛ honhom, enti yentumi nhu no. (Yohane 4:24) Bible ka sɛ, “onipa biara nni hɔ a wahu Onyankopɔn pɛn.” (Yohane 1:18) Bible ma yehu sɛ Onyankopɔn wɔ atenka. Enti nnipa betumi ama ne werɛ ahow anaa wobetumi ‘ama n’ani agye.’—Mmebusɛm 11:20; Dwom 78:40, 41.

Onyankopɔn Su Ahorow a Ɛyɛ Fɛ. Onyankopɔn de, ɔnhwɛ nnipa anim, enti ɛmfa ho ɔman a obi fi mu anaa sɛnea obi asetenam nsɛm te no, ɔne nnipa nyinaa di no pɛpɛɛpɛ. (Asomafo Nnwuma 10:34, 35) Afei nso, ɔyɛ “mmɔborɔhunufo ne ɔdomfo, nea ne bo kyɛ fuw na n’adɔe ne ne nokwaredi dɔɔso.” (Exodus 34:6, 7) Nanso, Onyankopɔn su ahorow nnan bi de, ɛda nsow, na ɛyɛ fɛ paa.

Tumi. Ɔno ne “ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn.” Enti biribiara a wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ no, ɔwɔ tumi a enni ano a ɔde bɛyɛ.—Genesis 17:1.

Nyansa. Onyankopɔn nyansa kyɛn obiara de. Ɛno nti na Bible ka sɛ “ɔno ne onyansafo koro pɛ no.”—Romafo 16:27.

Atɛntrenee. Onyankopɔn yɛ nea ɛteɛ bere nyinaa. Nea ɔyɛ biara “yɛ pɛ,” na “nkontomposɛm biara nni n’akwan mu.”—Deuteronomium 32:4.

Ɔdɔ. Bible ka sɛ “Onyankopɔn ne dɔ.” (1 Yohane 4:8) Nea wei kyerɛ ne sɛ, ɛnyɛ sɛ Onyankopɔn da ɔdɔ adi kɛkɛ, na mmom ɔno ankasa ne ɔdɔ. Onyankopɔn dɔ a ɛkyɛn so no, ɛno na ɛma ɔyɛ biribiara a ɔyɛ, na yenya saa ɔdɔ no so mfaso wɔ akwan pii so.

Onyankopɔn Ne Nnipa Adamfofa. Onyankopɔn ne yɛn Agya a ɔwɔ soro a ɔdɔ yɛn. (Mateo 6:9) Sɛ yenya ne mu gyidi a, yebetumi abɛyɛ ne nnamfo. (Dwom 25:14) Nokwasɛm ne sɛ, Onyankopɔn pɛ sɛ wobɛn no, enti ɔto nsa frɛ wo sɛ bɔ no mpae na ‘tow wo dadwen nyinaa gu no so, efisɛ odwen wo ho.’—1 Petro 5:7; Yakobo 4:8.

Onyankopɔn Ne Kristo, Nsonsonoe Bɛn Na Ɛda Wɔn Ntam?

Yesu Nyɛ Onyankopɔn. Yesu yɛ soronko, efisɛ ɔno nko ara ne obi a Onyankopɔn bɔɔ no tẽẽ. Ɛno nti na Bible frɛ no Onyankopɔn Ba no. (Yohane 1:14) Bere a Yehowa bɔɔ Yesu no, Yehowa de n’abakan no yɛɛ adwuma sɛ “odwumayɛni a ne ho akokwaw.” Ɔno na Yehowa nam no so bɔɔ nnipa ne nneɛma a aka nyinaa.—Mmebusɛm 8:30, 31; Kolosefo 1:15, 16.

Yesu Kristo anka da sɛ ɔyɛ Onyankopɔn. Mmom, nea ɔkae ne sɛ: “Mebae sɛ [Onyankopɔn] nanmusini, na Ɔno na ɔsomaa me.” (Yohane 7:29) Bere bi a na Yesu ne ne suani bi rekasa no, Yesu frɛɛ Yehowa sɛ “m’Agya ne mo Agya” ne “me Nyankopɔn ne mo Nyankopɔn.” (Yohane 20:17) Yesu wui no, Yehowa nyan no baa nkwa mu, na ɔde no kɔɔ soro. Yehowa maa no tumi kɛse, na ɔma ɔtenaa Ne nsa nifa so.—Mateo 28:18; Asomafo Nnwuma 2:32, 33.

Yesu Kristo Betumi Aboa Wo Ama Woabɛn Onyankopɔn

Yesu baa asase so bɛkyerɛɛ yɛn n’Agya ho ade. Yehowa ankasa kaa Yesu ho asɛm sɛ: “Oyi ne me Ba, nea medɔ no; muntie no.” (Marko 9:7) Yesu nim Onyankopɔn yiye sen obiara. Yesu kaa sɛ: “Obiara nnim onii a Agya no yɛ, gye Ɔba no ne nea ɔba no pɛ sɛ ɔda no adi kyerɛ no.”—Luka 10:22.

Yesu daa Onyankopɔn suban adi pɛpɛɛpɛ. Yesu suasuaa n’Agya suban yiye araa ma otumi kaa sɛ: “Nea wahu me no ahu Agya no nso.” (Yohane 14:9) Nsɛm a Yesu kae ne nneɛma a ɔyɛe nyinaa kyerɛe sɛ ɔreda n’Agya dɔ adi, na ɔnam wei so twee nkurɔfo bɛn Onyankopɔn. Yesu kaa sɛ: “Mene ɔkwan no ne nokware no ne nkwa. Obiara mma Agya no nkyɛn gye sɛ ɔnam me so.” (Yohane 14:6) Ɔsan kaa sɛ: “Nokware asomfo bɛsom Agya no honhom ne nokware mu, na nnipa saa nso na Agya no hwehwɛ ma wɔasom no.” (Yohane 4:23) Wo de hwɛ oo, nnipa a wɔte sɛ wo na Yehowa rehwehwɛ wɔn ama wɔahu ne ho nokwasɛm.