Daniel 9:1-27

  • Daniel bɔɔ mpae kaa ɔne ɔman no bɔne (1-19)

    • Ɔman no bɛsɛe a obiara rentena hɔ mfe 70 (2)

  • Gabriel baa Daniel hɔ (20-23)

  • Nnawɔtwe 70 ho nkɔmhyɛ (24-27)

    • Nnawɔtwe 69 betwam ansa na Mesia no aba (25)

    • Wobekum Mesia no (26)

    • Wɔbɛsɛe kurow no ne kronkronbea no (26)

9  Mediani Ahasweros ba Dario a wɔde no sii Kaldeafo ahenni so hene no, n’afe a edi kan+  a obedii hene mu no, me Daniel, mehwehwɛɛ nhoma ahorow* no mu, na mihuu mfe dodow a Yehowa asɛm a ɛbaa odiyifo Yeremia nkyɛn no kyerɛe sɛ Yerusalem bɛsɛe+ a obiara rentena hɔ no; ɛyɛ mfe 70.+  Enti medan m’ani hwɛɛ Yehowa, nokware Nyankopɔn no, na mebɔɔ mpae de m’adesrɛ too n’anim. Na meyɛɛ akɔnkyen*+ furaa awerɛhow ntama,* na metenaa nsõ mu.  Na mebɔɔ Yehowa me Nyankopɔn no mpae, na mekaa yɛn bɔne. Mekae sɛ: “O Yehowa, nokware Nyankopɔn, wo a woyɛ kɛse na wo ho yɛ hu, wo a wudi w’apam so na woda ɔdɔ a enni huammɔ adi+ kyerɛ wɔn a wɔdɔ wo na wodi wo mmara nsɛm so,+  yɛayɛ bɔne na yɛadi mfomso; yɛayɛ bɔne kɛse, na yɛatew atua.+ Yɛaman afi wo mmara nsɛm ne w’ahyɛde ho.  Yɛantie wo nkoa adiyifo+ a wɔkasae wɔ wo din mu kyerɛɛ yɛn ahemfo, yɛn mpanyimfo ne yɛn agyanom ne asaase no so nnipa nyinaa no.  O Yehowa, wo de, woyɛ ɔtreneeni, na yɛn de, animguase mu na yɛwɔ sɛnea ato yɛn nnɛ yi. Yudafo ne Yerusalemfo ne Israelfo nyinaa anim agu ase, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri nyinaa, wɔn a wɔanni wo nokware nti woabɔ wɔn ahwete nsaase nyinaa so no.+  “O Yehowa, yɛne yɛn ahemfo, yɛn mpanyimfo ne yɛn agyanom nyinaa, animguase mu na yɛwɔ efisɛ yɛayɛ wo bɔne.  Yehowa yɛn Nyankopɔn, wowɔ mmɔborɔhunu na wode bɔne kyɛ,+ na yɛn na yɛatew wo so atua.+ 10  Yehowa yɛn Nyankopɔn, yɛantie w’asɛm, na wo mmara a wonam wo nkoa adiyifo no so de maa yɛn no, yɛanni so.+ 11  Israelfo nyinaa abu wo Mmara so; wɔaman, na wɔantie w’asɛm. Ɛno nti, nnome ne ntam a wɔakyerɛw wɔ nokware Nyankopɔn no akoa Mose Mmara mu no, wode aba yɛn so,+ efisɛ yɛayɛ wo bɔne. 12  Nea wokae sɛ wode bɛyɛ yɛne yɛn mpanyimfo a wodii yɛn so* no,+ woayɛ, efisɛ wode mmusu kɛse aba yɛn so. Nea esii Yerusalem no, ebi nsii wiase baabiara da.+ 13  Mmusu yi nyinaa aba yɛn so, sɛnea wɔakyerɛw wɔ Mose Mmara no mu no,+ nanso Yehowa yɛn Nyankopɔn, yɛmpaa wo kyɛw sɛ hu yɛn mmɔbɔ, na yɛn bɔne nso, yennyaee,+ na yennya ntee ase sɛ, wudi w’asɛm so.* 14  “Enti Yehowa, wotwɛnee, na bere a ɛfata no wode mmusu baa yɛn so. Yehowa yɛn Nyankopɔn, woteɛ wɔ nnwuma a woayɛ nyinaa mu, nanso yɛantie w’asɛm.+ 15  “Enti, O Yehowa yɛn Nyankopɔn, wo na wode nsa a ɛyɛ den yii wo man fii Egypt asaase so,+ a wode agye din de abesi nnɛ da yi.+ Yɛayɛ bɔne, yɛayɛ bɔne kɛse paa. 16  O Yehowa, wo nnwuma nyinaa teɛ,+ enti yɛpa wo kyɛw, yi w’abufuw ne w’abufuhyew fi wo kurow Yerusalem, wo bepɔw kronkron no so kɔ, efisɛ yɛn bɔne ne yɛn agyanom mfomso nti, Yerusalem ne wo man anim agu ase wɔ wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia no nyinaa anim.+ 17  Enti afei, O yɛn Nyankopɔn, tie w’akoa mpaebɔ ne n’adesrɛ. O Yehowa, wo din nti, ma w’anim nhyerɛn wɔ wo tenabea kronkron+ a asɛe no so.+ 18  O me Nyankopɔn, yɛ aso tie! Bue w’aniwa na hwɛ sɛnea yɛn asɛm ayɛ mmɔbɔ, na hwɛ kurow a wo din da so no. Ɛnyɛ yɛn nnwuma pa nti na yɛde yɛn adesrɛ aba w’anim yi, na mmom wo mmɔborɔhunu bebrebe no ntia.+ 19  O Yehowa, tie yɛn. O Yehowa, fa kyɛ yɛn.+ O Yehowa, yɛ aso tie yɛn na keka wo ho! O me Nyankopɔn, wo din nti, ntwentwɛn wo nan ase, efisɛ wo din na ɛda wo kurow ne wo man so.”+ 20  Bere a migu so rekasa, na merebɔ mpae, na mereka me bɔne ne me man Israel bɔne, na mede me Nyankopɔn bepɔw kronkron ho adesrɛ reto Yehowa me Nyankopɔn anim no,+ 21  yiw, bere a migu so rebɔ mpae no, ɔbarima Gabriel+ a midii kan huu no wɔ anisoadehu mu no+ baa me nkyɛn. Ɔbaa me nkyɛn anwummere, bere a wɔbɔ akyɛde afɔre no. Saa bere no, na mabrɛ a mintumi nyɛ me ho hwee. 22  Na ɔma metee ase, na ɔkae sɛ: “O Daniel, maba sɛ merebɛboa wo ama woahu mu yiye na woate ase. 23  Bere a wufii w’adesrɛ no ase no, minyaa nkra, na maba sɛ merebɛka akyerɛ wo, efisɛ wosom bo paa.*+ Enti dwinnwen asɛm no ho, na te anisoadehu no ase. 24  “Wɔahyɛ nnawɔtwe 70* ama wo man ne wo kurow kronkron no,+ sɛnea ɛbɛyɛ a mmarato to betwa, na bɔne aba awiei,+ na wɔde mfomso akyɛ,+ na wɔde trenee a ɛwɔ hɔ daa aba,+ na wɔde ahyɛnsode atim anisoadehu ne nkɔmhyɛ* no so,+ na wɔasra Kronkron Mu Kronkronbea no. 25  Hu na te ase sɛ, sɛ wonya ka sɛ wɔnsan nkyekye Yerusalem mma ensi ne dedaw mu a,+ ebedi nnawɔtwe 7 ne nnawɔtwe 62+ ansa na Mesia,*+ Ɔkannifo+ no aba. Wɔbɛsan akyekye ama asi ne dedaw mu, na ebenya abɔnten kɛse ne obon a nsu fa mu, nanso wɔbɛyɛ wɔ amanehunu bere mu. 26  “Nnawɔtwe 62 no akyi no, wobekum Mesia no,*+ na ne ho biribiara renka.+ “Na ɔkannifo bi bɛba, na ne nkurɔfo bɛsɛe kurow no ne kronkronbea no.+ Na kronkronbea no awiei bɛba sɛ nsuyiri. Akodi bɛkɔ so akosi sɛ awiei no bedu; nea wɔahyɛ ato hɔ ne ɔsɛe.+ 27  “Ɔbɛma apam no ayɛ adwuma ama nnipa pii nnawɔtwe baako, na edu nnawɔtwe no mfinimfini a, ɔbɛma afɔrebɔ ne akyɛde afɔre agyae.+ “Nea ɔde ɔsɛe bɛba no, ɔde akyiwade ntaban na ebetu aba,+ na nea wɔahyɛ ato hɔ no, wobehwie agu nea asɛe no so akosi sɛ ɔsɛe pasaa no bɛba.”

Ase Hɔ Nsɛm

Kyerɛ sɛ, nhoma kronkron ahorow.
Anaa “midii mmuada.”
Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “yɛn atemmufo a wobuu yɛn atɛn.”
Anaa “woyɛ ɔnokwafo.”
Anaa “woyɛ obi a wɔdɔ wo paa; woyɛ obi a wonni wo ho agoru.”
Kyerɛ sɛ, nnawɔtwe baako biara yɛ mfe ason; woka bom a, ɛyɛ mfe 490.
Nt., “odiyifo.”
Anaa “Nea Wɔasra No no.”
Anaa “wobetwa Mesia no afi hɔ.”