Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

March 20-26

2 BERESOSƐM 1-4

March 20-26
  • Dwom 41 Ne Mpaebɔ

  • Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

  • Nkaedi Nsato: (Simma 3) To nsa frɛ wo sukuuni, obi a wo ne no wɔ adwuma mu, anaa wo busuani bi. (th adesua 2)

  • Sankɔhwɛ: (Simma 4) Yɛ dwumadi no te sɛ nea woresan akɔsra obi a n’ani gyee asɛm no ho na ogyee Nkaedi nsato krataa no bi. Bible adesua a yɛne nkurɔfo yɛ a yennye sika biara no, ka ho asɛm kyerɛ no, na fa Wubetumi Anya Anigye Daa! nhomawa no bi ma no. Afei ka kyerɛ no sɛ video a yɛato din Yɛne Obi Sua Bible a, Yɛyɛ no Sɛn? no, wopɛ sɛ wuyi kyerɛ no (nanso nyi). Wuwie a, wo ne no mmɔ video no ho nkɔmmɔ. (th adesua 17)

  • Bible Adesua: (Simma 5) lff adesua 09 nkyekyɛm 5 (th adesua 9)

KRISTOFO ABRABƆ

  • Dwom 19

  • Da Titiriw Paa a Ɛwɔ Afe No Mu No Reba—Woayɛ Ahoboa?: (Simma 15) Ɔkasa ne video. Ɔsom adwuma sohwɛfo na ɔbɛyɛ dwumadi yi. Asɛnka adwuma titiriw a moreyɛ wɔ mo asaasesin mu de ato nsa afrɛ nkurɔfo aba Nkaedi no, ma anuanom nhu sɛnea ɛrekɔ. Bisabisa anuanom a wɔnyaa osuahu a ɛka koma no nsɛm. Ka Nkaedi Bible akenkan ho nhyehyɛe a ɛwɔ kratafa 8 ne 9 no ho asɛm, na hyɛ anuanom nyinaa nkuran sɛ wɔnsiesie wɔn koma mma Nkaedi no. (Esr 7:10) Wɔn a yɛbɛto nsa afrɛ wɔn aba Nkaedi no ase no, ma atiefo nhu sɛnea wɔbefi wɔn komam ama wɔn akwaaba. (Ro 15:7; mwb16.03 2) Yi video a yɛato din Sɛnea Wɔyɛ Nkaedi Paanoo.

  • Asafo Bible Adesua: (Simma 30) lff adesua 41 nkyekyɛm 1-4

  • Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3)

  • Dwom 135 Ne Mpaebɔ