Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU AKORADE

Bere Bɛn Na Ɛsɛ Sɛ Wode Wo Ho To Yehowa So?

Bere Bɛn Na Ɛsɛ Sɛ Wode Wo Ho To Yehowa So?

Asa de ne ho too Yehowa so, na otumi dii asraafodɔm kɛse so (2Be 14:9-12; w21.03 5 ¶12)

Akyiri yi, bere a asraafodɔm ketewaa bi baa ne so no, Asa de ne ho too Siriafo so (2Be 16:1-3; w21.03 5 ¶13)

Yehowa ani annye ho sɛ Asa ankɔ so anhwehwɛ Ne hɔ mmoa (2Be 16:7-9)

Sɛ yɛresisi gyinae akɛseakɛse wɔ yɛn abrabɔ mu a, ebia yɛde yɛn ho bɛto Yehowa so, nanso gyinae afoforo mu nso ɛ? Biribiara a yɛyɛ wɔ abrabɔ mu no, ehia sɛ yɛde Yehowa ba mu.—Mme 3:5, 6; w21.03 6 ¶14.