Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Saba hemmaa no aba Ɔhene Solomon nkyɛn wɔ n’ahemfie

BIBLE MU AKORADE

Ná Nyansa Som Bo Ma No

Ná Nyansa Som Bo Ma No

Saba hemmaa no twaa kwan kohuu Solomon; kwan a otwae no, na ɛware yiye, na wamfa no ahogono (2Be 9:1, 2; w99 11/1 20 ¶4; w99 7/1 30 ¶4-5)

Bere a ohuu Solomon nyansa ne n’ahonyade no, ne ho dwiriw no papaapa (2Be 9:3, 4; w99 7/1 30-31; hwɛ mfoni a ɛwɔ nhoma yi anim no)

Nea ohui no pusuw no ma oyii Yehowa ayɛ (2Be 9:7, 8; it-2 990-991)

Ná nyansa som bo ma Saba hemmaa no paa, enti ɔyeree ne ho denneennen sɛ ne nsa bɛka bi.

BISA WO HO SƐ, ‘Sɛ merehwehwɛ biribi a ɛsom bo a wɔde asie a, ahokeka a anka mede bɛhwehwɛ no, saa ahokeka no ara bi na mede hwehwɛ nyansa anaa?’—Mme 2:1-6.