Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Ne Babilon Kɛse?

Dɛn Ne Babilon Kɛse?

Nea Bible ka

 Babilon Kɛse a Adiyisɛm nhoma ka ho asɛm no, ɛyɛ atoro som a ɛwɔ wiase nyinaa na Bible ka bom frɛ no saa. Saa ɔsom no nyinaa, Onyankopɔn kyi. a (Adiyisɛm 14:8; 17:5; 18:21) Ɔsom ahorow a ɛbom yɛ Babilon Kɛse no, ɛsono sɛnea ebiara te, nanso emu biara fa kwan bi so twe nkurɔfo fi Yehowa a ɔyɛ nokware Nyankopɔn no som ho.—Deuteronomium 4:35.

Nea Ɛboa Yɛn Ma Yehu Nea Babilon Kɛse Gyina Hɔ Ma

  1.   Babilon Kɛse gyina hɔ ma biribi. Bible ka sɛ ɔyɛ “ɔbea,” na ɔyɛ “tuutuuni kɛse.” Ɛsan ka sɛ ɔwɔ din bi a ɛyɛ “ahintasɛm.” Saa din no ne “Babilon Kɛse.” (Adiyisɛm 17:1, 3, 5) Adiyisɛm nhoma no, wɔnam “nsɛnkyerɛnne so” na ɛde mae. Enti sɛ yɛka sɛ Babilon Kɛse no gyina hɔ ma biribi, na ɛnyɛ ɔbea ankasa a, ntease wom. (Adiyisɛm 1:1) Afei nso, “ɔte nsu pii so.” “Nsu pii” no gyina hɔ ma “nkurɔfo ne nnipakuw ne aman ne kasa horow.” (Adiyisɛm 17:1, 15) Ɔbea a ɔyɛ onipa ankasa rentumi nyɛ saa.

  2.   Babilon Kɛse gyina hɔ ma biribi a ɛwɔ wiase baabiara. Bible frɛ no “kurow kɛse a ɛwɔ ahenni a edi asaase so ahemfo so.” (Adiyisɛm 17:18) Enti ɛwɔ wiase baabiara, na ɛwɔ aman pii so tumi.

  3.   Babilon Kɛse nyɛ amanyɔsɛm ahyehyɛde, ɛnyɛ aguadi ahyehyɛde, mmom ɛyɛ ɔsom ahyehyɛde. Ná tete Babilon yɛ kurow a wɔpɛ ɔsom paa, na na wɔagye din sɛ kurow a wɔpɛ ahonhonsɛm te sɛ “kaberɛkyere” ne ‘asumansɛm.’ (Yesaia 47:1, 12, 13; Yeremia 50:1, 2, 38) Nokwasɛm ne sɛ, ɔsom a na wɔsom wɔ hɔ no, na ɛyɛ atorosom a etia nokware Nyankopɔn Yehowa. (Genesis 10:8, 9; 11:2-4, 8) Wɔn a na wodi Babilon so no, na wɔyɛ ahomaso, na ahantan nti wɔmaa wɔn ho so tiaa Yehowa ne ne som. (Yesaia 14:4, 13, 14; Daniel 5:2-4, 23) Babilon Kɛse nso, wagye din wɔ ‘ahonhonsɛm’ mu paa. Ɛno ma yehu sɛ ɛyɛ ɔsom ahyehyɛde.—Adiyisɛm 18:23.

     Babilon Kɛse rentumi nyɛ amanyɔsɛm ahyehyɛde, efisɛ sɛ wɔsɛe no a, “asaase so ahemfo” besu no. (Adiyisɛm 17:1, 2; 18:9) Saa ara nso na ɛnyɛ aguadi ahyehyɛde, efisɛ Bible ma yehu sɛ ɛsono Babilon Kɛse, ɛnna ɛsono “asaase so aguadifo.”—Adiyisɛm 18:11, 15.

  4. Babilon hene Nabonido nkaedum a Sin, Ishtar, ne Shamash a wɔka bom yɛ Baasakoro nyame no ahyɛnsode wɔ so

  5.   Biribiara a ɛwɔ Babilon Kɛse ho kyerɛ sɛ egyina hɔ ma atorosom. Atorosom mma nkurɔfo mmɛn Yehowa a ɔyɛ nokware Nyankopɔn no, mmom wɔn nkyerɛkyerɛ ma nkurɔfo twe wɔn fi Nyankopɔn ho kɔsom anyame foforo. Nea wɔyɛ no nti, Bible ka sɛ wɔne anyame no bɔ “aguaman.” (Leviticus 20:6; Exodus 34:15, 16) Nkyerɛkyerɛ bi te sɛ Baasakoro ne ɔkra a enwu da, ne nneɛma bi te sɛ ahoni a wɔde yɛ adwuma wɔ ɔsom mu no, efii ase wɔ tete Babilon, na ebesi nnɛ nyinaa, ɛda so wɔ atorosom mu. Ade foforo a atorosom yɛ nso ne sɛ, wɔde ɔdɔ a wɔwɔ ma wiase no frafra wɔn som mu. Bible ka sɛ, nea wɔyɛ no yɛ awaresɛe.—Yakobo 4:4.

     Atorosom sika ne wɔn agyapade a wɔde hoahoa wɔn ho no, ɛne nea Bible ka fa Babilon Kɛse ho no hyia. Bible ka sɛ, ɔhyɛ “ataade afasebiri ne ataade kɔkɔɔ,” na “ɔde sika kɔkɔɔ ne aboɔden abo ne abohene ahyehyɛ ne ho.” (Adiyisɛm 17:4) “Asaase so akyiwade,” anaa nkyerɛkyerɛ ne nneyɛe a ɛsɛe Onyankopɔn din nyinaa fi Babilon Kɛse. (Adiyisɛm 17:5) Nnipa a wɔwɔ atorosom mu no, wɔn na wɔyɛ “nkurɔfo ne nnipakuw ne aman ne kasa horow” a wɔtaa Babilon Kɛse akyi no.—Adiyisɛm 17:15.

 Babilon Kɛse no di “wɔn a wɔakunkum wɔn asaase so no nyinaa” mogya ho fɔ. (Adiyisɛm 18:24) Efi tete besi nnɛ, atorosom asoso gya agu ɔko mu, na awurukasɛm a ɛkɔ so wɔ wiase no nso, wɔn na wɔhyɛ akyi. Ɛnyɛ ɛno nko ara. Yehowa a ɔyɛ ɔdɔ Nyankopɔn no, wɔnkyerɛkyerɛ nkurɔfo mma wonhu ne ho nokwasɛm. (1 Yohane 4:8) Wei ama mogyahwiegu pii akɔ so. Ɛno nti, sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ nea Onyankopɔn pɛ a, ɛsɛ sɛ ‘ofi Babilon Kɛse mu,’ kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ ɔtwe ne ho fi atorosom ho.—Adiyisɛm 18:4; 2 Korintofo 6:14-17.

a Hwɛ asɛm a yɛato din “Mɛyɛ Dɛn Ahu Nokware Som?