Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Ne Ɔkra?

Dɛn Ne Ɔkra?

Nea Bible ka

 Bible mu no, asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “ɔkra” no yɛ Hebri asɛmfua neʹphesh ne Greek asɛmfua psy·kheʹ. Nea Hebri asɛmfua no kyerɛ ankasa ne “abɔde a ɛhome,” na Greek asɛmfua no kyerɛ “ɔteasefo.” a Enti ɔkra gyina hɔ ma abɔde no ankasa, na ɛnyɛ biribi a ɛhyɛ abɔde no mu a enwu bere a nipadua no awu. Yɛnhwɛ nea Bible ka fa onipa kra ho. Ɛka sɛ ɔkra no ara ne onipa no ankasa:

Wɔamfa ɔkra anhyɛ Adam mu—‘ɔbɛyɛɛ ɔkra teasefo’

  •   Bere a Yehowa Nyankopɔn bɔɔ onipa a odi kan a ɔne Adam no, Bible ka sɛ ‘onipa bɛyɛɛ ɔkra teasefo.’ (Genesis 2:7, Akuapem Twi Bible) Wɔamfa ɔkra anhyɛ Adam mu, mmom Adam bɛyɛɛ ɔkra teasefo, anaa onipa.

  •   Bible ka sɛ ɔkra tumi yɛ adwuma, ne kɔn tumi dɔ aduan, otumi didi, otumi di mmara so, na ne ho betumi aka funu. (Leviticus 5:2; 7:20; 23:30; Deuteronomium 12:20; Romafo 13:1) Saa nneɛma yi nyinaa, ɛnyɛ biribi a ɛhyɛ onipa no mu na ɛyɛ, na mmom onipa no ankasa na ɔyɛ.

Ɔkra nwu da anaa?

 Ɔkra tumi wu. Nsɛm pii wɔ Bible mu a ɛkyerɛ sɛ ɔkra tumi wu. Emu bi ni:

  •   “Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ara na obewu.”—Hesekiel 18:4, 20, Akuapem Twi Bible.

  •   Tete Israel no, na bɔne a emu yɛ duru dodow no ara ho asotwe ne sɛ “wobetwa . . . ɔkra no . . . akyene.” (Exodus 12:15, 19; Leviticus 7:20, 21, 27; 19:8, Akuapem Twi Bible) Nea wei kyerɛ ne sɛ, “wobekum” onipa no.—Exodus 31:14, Akuapem Twi Bible.

  •   Bible no afã bi no, sɛ onipa wu a, ɛde asɛm, “ɔkra a wawu” na egyina hɔ ma efunu no. (Leviticus 21:11, ase hɔ asɛm; Numeri 6:6, ase hɔ asɛm) Ɛwom sɛ Bible nkyerɛase pii de asɛm “efunu” anaa “onipa a wawu” di dwuma wɔ saa kyerɛwnsɛm no mu de, nanso tete Hebri nkyerɛwee no de asɛmfua neʹphesh, anaa “ɔkra” na edi dwuma.

Wotumi de “ɔkra” gyina hɔ ma “nkwa”

 Bible san tumi de “ɔkra” gyina hɔ ma “nkwa.” Ɛho nhwɛso baako wɔ Hiob 33:22. Ɛhɔ no, wɔde Hebri asɛmfua “ɔkra” (neʹphesh) dii dwuma de gyinaa hɔ maa “nkwa.” Saa ara na Bible ma yehu sɛ onipa betumi ahwere ne kra anaa ne nkwa, anaasɛ obetumi de ato asiane mu.—Exodus 4:19; Atemmufo 9:17; Filipifo 2:30.

 Sɛnea wɔde asɛmfua “ɔkra” dii dwuma no boa yɛn ma yɛte Bible mu nsɛm bi a ɛka sɛ obi kra “refi ne mu” no ase. (Genesis 35:18; Akuapem Twi Bible) Saa kasakoa yi kyerɛ sɛ, onipa no nkwa reba awiei anaasɛ ɔrewu. Nkyerɛase ahorow bi kyerɛ saa asɛm yi ase wɔ Genesis 35:18 sɛ, “oguu n’ahome a etwa to.”—Good News Translation; New Jerusalem Bible.

Baabi a ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no fi bae

 Asɔre ahorow a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo a wogye di sɛ ɔkra nwu da no, wɔn nkyerɛkyerɛ no mfi Bible mu, na mmom wonya fii tete Greecefo nyansapɛ mu. Encyclopædia Britannica ka sɛ: “Sɛ Bible ka ɔkra ho asɛm a, ɛyɛ a ɛfa home ho; ɛnkyerɛ sɛ ɔkra a aniwa nhu wɔ hɔ, ɛnna honam nipadua nso wɔ hɔ. Enti Kristofo nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ ɛsono ɔkra, ɛnna ɛsono nipadua no, efi tete Greecefo nkyerɛkyerɛ mu.”

 Onyankopɔn mpɛ sɛ yɛde nnipa nyansapɛ frafra ne nkyerɛkyerɛ mu. Nkyerɛkyerɛ a ɛte saa no bi ne ɔkra a enwu da. Enti Bible bɔ kɔkɔ sɛ: ‘Monhwɛ yiye, anyɛ saa a, obi de nyansapɛ ne nnaadaa hunu a egyina nnipa atetesɛm so bɛtwetwe mo de mo ayɛ nkoa.’—Kolosefo 2:8.

a Hwɛ The New Brown, Driver, and Briggs Hebrew and English Lexicon of the Old Testament, kratafa 659, ne Lexicon in Veteris Testamenti Libros, kratafa 627. Bible nkyerɛase pii gyina nea wɔreka ho asɛm so na ɛkyerɛ asɛmfua neʹphesh ne asɛmfua psy·kheʹ ase. Enti wotumi kyerɛ ase wɔ akwan horow so, na wɔde nsɛmfua te sɛ “ɔkra,” “nkwa,” “onipa,” “abɔde,” anaa “nipadua” na edi dwuma.