Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 TETEFO MFONINI

Plato

Plato

Ná Plato (bɛyɛ 427-347 A.Y.B.) yɛ Helani nyansapɛfo a ɔnsom Onyankopɔn. Wɔwoo no too abusua a emufo yɛ atitiriw mu wɔ Atene, na sɛ́ Helani a ofi abusua a wodi yiye mu no, ɔkɔɔ sukuu duu akyiri wɔ ne mmerantebere mu. Nyansapɛfo a wagye din, Socrates, ne Pythagoras a ɔyɛ nyansapɛfo ne akontaabufo no akyidifo, nyaa ne so nkɛntɛnso kɛse.

BERE a Plato tutuu akwan faa Mediterranea mantam no mu akyi, na ɔde ne ho hyɛɛ amanyɔsɛm mu wɔ Syracuse, Hela kurow bi a ɛwɔ Sicily mu no, ɔsan kɔɔ Athens, na ɔkɔtew sukuu wɔ hɔ. Sukuu a na wɔtaa ka ho asɛm sɛ, Europa sukuupɔn a edi kan no, bɛyɛɛ beae titiriw a na wɔyɛ akontaabu ne nyansapɛ mu nhwehwɛmu.

DƐN NTI NA ƐSƐ SƐ ƐHO HIA WO?

Plato nkyerɛkyerɛ anya nnipa ɔpepem pii a wɔn mu binom ka sɛ wɔyɛ Kristofo no gyidi so nkɛntɛnso paa, efisɛ wodi mfomso susuw sɛ gyidi a ɛtete sɛɛ nyinaa gyina Bible so. Plato nkyerɛkyerɛ a edi akoten paa ne ɔkra a enwu da, a wɔkyerɛ sɛ obi wu a na afi ne mu no.

“Ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no yɛ nsɛmti a na Plato ani gye ho paa no mu biako.”—Body and Soul in Ancient Philosophy

Ná owu akyi asetena ho asɛm hia Plato paa. Nhoma bi ka sɛ “ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no yɛ nsɛmti a na Plato ani gye ho paa no mu biako.” Ná ogye di paa sɛ “ɔkra no kɔ so tena ase bere a nipadua no awu no,” na wobegyina sɛnea onipa no bɔɔ ne bra bere a na ɔwɔ asase so no so ama no “akatua anaa asotwe” wɔ ne wu akyi. *Body and Soul in Ancient Philosophy.

 ƐYƐƐ DƐN NA PLATO NKYERƐKYERƐ NO TRƐWEE?

Wɔ mfeha akron, fi afe 387 A.Y.B. kosi 529 Y.B. a wɔde Plato Sukuu no dii dwuma no mu no, enyaa nnipa pii so nkɛntɛnso. Plato nkyerɛkyerɛ gyee din wɔ aman a na Helafo ne Romafo di wɔn so no mu. Yudani nyansapɛfo a wɔfrɛ no Philo a ofi Alexandria no gyee Plato nkyerɛkyerɛ toom, sɛnea na nyamesom akannifo a wɔwɔ Kristoman mu no ayɛ no. Eyi maa abosonsomfo nyansapɛ, te sɛ ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no, bɛhyɛɛ Yudasom ne Kristosom mu.

Bible mu nsɛm asekyerɛ nhoma bi ka sɛ, “Ɔkwan bi so no, yebetumi aka sɛ, Kristosom nkyerɛkyerɛ nyinaa gyina Helafo nyansapɛ, titiriw Plato nkyerɛkyerɛ so, nanso agye Kristofo binom adwene araa ma . . . yebetumi afrɛ wɔn Kristofo a wodi Plato akyi.” (The Anchor Bible Dictionary) Fa nea nhoma a edidi so yi ka no toto ho hwɛ.

Nea Plato kae: “[Sɛ yewu a,] yɛn mu nipa ankasa, nea yɛfrɛ no ɔkra a enwu da no, kogyina anyame afoforo anim . . . kobu akontaa,—adeyɛ a wɔn a wɔyɛ papa no de akokoduru hwɛ kwan, nanso abɔnefo suro paa.”—Plato—Laws, Nhoma XII.

Nea Bible no ka: Ɔkra yɛ onipa no ankasa anaa nkwa a ɔwɔ no. Mmoa mpo yɛ akra. Sɛ wowu a, ɔkra no nso wu. * Susuw Bible mu nsɛm a edidi so yi ho hwɛ:

  • “Onipa a odi kan Adam bɛyɛɛ ɔkra teasefo.” —1 Korintofo 15:45.
  • “Onyankopɔn kae sɛ: ‘Akra a ɛte ase mmra asase so, afieboa ne mmoa a wɔwea ne wuram mmoa, sɛnea wɔn nyinaa su te.’”—Genesis 1:24.
  • “Ma me kra nwu.”—Numeri 23:10.
  • “Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ara na obewu.”—Hesekiel 18:4.

Ɛda adi pefee sɛ, Bible no nkyerɛkyerɛ sɛ sɛ obi wu a, ne kra kɔ so tena ase. Enti bisa wo ho sɛ, ‘So nea migye di no gyina Bible so anaa egyina Plato nyansapɛ so?’

^ nky. 7 Ɛwom sɛ Plato na ɔmaa ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no trɛwee de, nanso ɛnyɛ ɔno na odi kan gye toom. Ɛho nkyerɛkyerɛmu ahorow no fi tete Egypt ne Babilon abosonsom nkyerɛkyerɛ mu.

^ nky. 12 Bible kyerɛkyerɛ sɛ, sɛnkyerɛnne kwan so no, awufo adeda a wɔretwɛn owusɔre. (Ɔsɛnkafo 9:5; Yohane 11:11-14; Asomafo Nnwuma 24:15) Nanso nea wɔka sɛ ɛyɛ akra a enwu da no, rentumi nwu na wɔahia owusɔre biara.