Yohane Adiyisɛm 1:1-20

  • Adiyisɛm a efi Onyankopɔn hɔ a ɔde faa Yesu so (1-3)

  • Wɔde nkyia kɔmaa asafo ason no (4-8)

    • “Mene Alfa ne Omega” (8)

  • Yohane baa Awurade da no mu wɔ honhom mu (9-11)

  • Onyaa Yesu a wɔahyɛ no anuonyam no ho anisoadehu (12-20)

1  Yesu Kristo adiyisɛm;* Onyankopɔn de maa no+ sɛ ɔnkyerɛ ne nkoa+ nneɛma a ɛsɛ sɛ ɛba ntɛm. Na ɔsomaa ne bɔfo ma ɔnam nsɛnkyerɛnne so de maa n’akoa Yohane.+  Ɔno na asɛm a Onyankopɔn de mae ne adanse a Yesu Kristo de mae, yiw, nea ohui nyinaa no, odii ho adanse.  Anigye ne nea ɔkenkan nkɔmhyɛ yi mu nsɛm no den, ne wɔn a wotie na wodi nea wɔakyerɛw wom no so,+ efisɛ bere a wɔahyɛ no abɛn.  Me Yohane, mede nhoma yi rekɔma asafo ason+ a ɛwɔ Asia mantam mu no: Adom ne asomdwoe mfi “Nea na ɔwɔ hɔ, na ɔda so wɔ hɔ, a ɔreba,”+ ne ahonhom ason+ a ɛwɔ n’ahengua no anim,  ne Yesu Kristo, “Ɔdansefo Nokwafo no,”+ “nea odi kan a wonyan no fii awufo mu,”+ ne “asaase so ahemfo Sodifo”+ no hɔ nka mo. Nea ɔdɔ yɛn+ na ɔnam n’ankasa mogya so gyee yɛn fii yɛn bɔne mu,+  na wayɛ yɛn ahemman+ ne asɔfo+ ama ne Nyankopɔn ne n’Agya no, yiw, ɔno na anuonyam ne tumi nka no daa. Amen.  Hwɛ! Ɔnam omununkum mu reba,+ na aniwa nyinaa behu no, ne wɔn a wɔde ade wɔɔ no no; na ne nti, asaase so mmusuakuw nyinaa bedi awerɛhow.+ Yiw, Amen.  “Mene Alfa ne Omega,”*+ Yehowa* Nyankopɔn na waka, “Nea na ɔwɔ hɔ, na ɔda so wɔ hɔ, a ɔreba, ade nyinaa so Tumfo+ no.”  Me Yohane, mo nua a Yesu ayɔnkofa+ nti me ne mo nyinaa nya kyɛfa wɔ amanehunu,+ ahenni,+ ne animia+ mu no, ná mewɔ supɔw a wɔfrɛ no Patmo so esiane Onyankopɔn ho asɛm a mekae ne Yesu ho adanse a midii nti. 10  Mebaa Awurade da no mu wɔ honhom mu, na metee nne kɛse bi wɔ m’akyi te sɛ torobɛnto.* 11  Ɛkae sɛ: “Nea wuhu no, kyerɛw wɔ nhoma mmobɔwee mu na fa kɔma asafo ason no: Efeso+ ne Smirna+ ne Pergamo+ ne Tiatira+ ne Sardi+ ne Filadelfia+ ne Laodikea.”+ 12  Na medan m’ani sɛ merehwɛ onii a ɔne me rekasa no, na bere a medan m’ani no, mihuu sika kɔkɔɔ nkaneadua ason,+ 13  na mihuu obi a ɔte sɛ onipa ba+ wɔ nkaneadua no mfinimfini. Ná ɔhyɛ ataade a esi ne nan ase, na na sika kɔkɔɔ abɔso bɔ ne koko so. 14  Afei nso, na ne ti nwi yɛ fitaa te sɛ oguan nwi fitaa, te sɛ sukyerɛmma, na n’aniwa te sɛ ogyaframa,+ 15  na ne nan te sɛ kɔbere fɛfɛɛfɛ+ a ayɛ kɔɔ wɔ fononoo mu, na ne nne te sɛ nsu bebree a ɛrebu fa so. 16  Ná nsoromma ason+ wɔ ne nsa nifa mu, na sekan anofanu tenten a ano yɛ nnam+ fi n’anom, na na n’anim te sɛ owia a ɛrebɔ denneennen paa.+ 17  Bere a mihuu no no, mehwee ne nan ase te sɛ obi a wawu. Ɛnna ɔde ne nsa nifa too me so, na ɔkae sɛ: “Nsuro. Mene Odikanfo+ ne Okyikafo,+ 18  ne ɔteasefo+ no, na miwui,+ nanso, hwɛ! mete ase daa daa,+ na mikura owu ne Ɔdamoa* nsafe.+ 19  Enti kyerɛw nea wuhui, ne nea ɛwɔ hɔ ne nea ɛbɛba wɔ eyinom akyi no to hɔ. 20  Ahintasɛm kronkron a ɛfa nsoromma ason a wuhui wɔ me nsa nifa mu, ne sika kɔkɔɔ nkaneadua ason ho no, nea ɛkyerɛ ni: Nsoromma ason no yɛ asafo ason no abɔfo no, na nkaneadua ason no yɛ asafo ason no.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “yikyerɛ.”
Anaa “A ne Y.” Greek nkyerɛwde no, Alfa na edi kan na Omega na etwa to.
Anaa “abɛn.”
Anaa “Hades,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.