Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔsom Ahorow Nyinaa Yɛ Pɛ? Ne Nyinaa Twe Yɛn Bɛn Onyankopɔn Anaa?

Ɔsom Ahorow Nyinaa Yɛ Pɛ? Ne Nyinaa Twe Yɛn Bɛn Onyankopɔn Anaa?

Nea Bible ka

 Dabi, ɔsom ahorow nyinaa nyɛ pɛ. Nhwɛso pii wɔ Bible mu a ɛkyerɛ sɛ ɔsom ahorow bi nsɔ Onyankopɔn ani. Yebetumi akyɛ ɔsom ahorow a ɛte saa no mu ayɛ no afã mmienu.

Ɔfã 1: Atoro anyame a obi bɛsom wɔn

 Sɛ nkurɔfo som atoro anyame na Bible reka ho asɛm a, nsɛm bi te sɛ “mframa ara kwa,” “ahuhude,” ne “nneɛma a mfaso nni so” na ɛde yɛ adwuma. (Yeremia 10:3-5; 16:19, 20) Yehowa a Nyankopɔn ka kyerɛɛ tete Israel man no sɛ: “Nnya anyame foforo biara wɔ m’ani so.” (Exodus 20:3, 23; 23:24) Bere biara a Israelfo no bɛsom anyame foforo no, “Yehowa bo fuw . . . denneennen.”—Numeri 25:3; Leviticus 20:2; Atemmufo 2:13, 14.

 Ɛnnɛ yi nyinaa, sɛ obi kɔsom “wɔn a wɔfrɛ wɔn ‘anyame’” no a, saa na Onyankopɔn te nka. (1 Korintofo 8:5, 6; Galatifo 4:8) Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom no no, waka akyerɛ wɔn sɛ, wɔntwe wɔn ho mfi nnipa a wɔde wɔn ho hyɛ atoro som mu ho. Ɔka sɛ: “Mumfi wɔn mu, na montew mo ho.” (2 Korintofo 6:14-17) Sɛ ɔsom nyinaa yɛ pɛ na sɛ ne nyinaa kɔ Onyankopɔn hɔ a, anka Onyankopɔn bɛhyɛ saa mmara no?

Ɔfã 2: Nokware Nyankopɔn no a yɛbɛsom no ɔkwan a n’ani nnye ho so

 Israelfo no, ɛtɔ da a na wɔde gyidi ne amanne bi a wonya fii atoro som mu abɛfrafra Onyankopɔn som mu. Nanso atoro som a wɔde frafraa nokware som no, Yehowa ani annye ho. (Exodus 32:8; Deuteronomium 12:2-4) Nyamesom mpanyimfo a na wɔwɔ Yesu bere so no, ɔkwan a wɔfaa so som Onyankopɔn nti Yesu kaa wɔn anim. Nnipa ani so no, na wɔyɛ wɔn ho sɛ wɔresom Onyankopɔn yiye, nanso na wɔyɛ nyaatwom, efisɛ ‘Mmara no mu nsɛm a tumi wom a ɛne atɛntrenee ne mmɔborɔhunu ne nokwaredi no, wɔamfa anyɛ hwee.’—Mateo 23:23.

 Ɛnnɛ nso ɔsom a egyina nokwasɛm so no, ɛno nkutoo na ɛkyerɛ nkurɔfo kwan kɔ Onyankopɔn hɔ. Saa nokwasɛm no, Bible mu na ɛwɔ. (Yohane 4:24; 17:17; 2 Timoteo 3:16, 17) Ɔsom ahorow a wɔn nkyerɛkyerɛ ne Bible nhyia no, ɛtwe nkurɔfo fi Onyankopɔn ho mmom. Nkyerɛkyerɛ pii wɔ hɔ a ebinom adwene yɛ wɔn sɛ efi Bible mu, nanso nkurɔfo kɔfa fii wɔn a wɔsom atoro anyame no hɔ. Saa nkyerɛkyerɛ no bi ne Baasakoro, ɔkra a enwu da, ne nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ wɔbɛyɛ abɔnefo ayayade daa no. Ɔsom a nkyerɛkyerɛ saa frafra mu no, mfaso biara nni so, anaa ɛyɛ ‘ɔkwa,’ efisɛ ɛde nyamesom atetesɛm si Onyankopɔn ahyɛde anan.—Marko 7:7, 8.

 Onyankopɔn kyi nyaatwom a nkurɔfo yɛ wɔ nyamesom mu no. (Tito 1:16) Ɔsom a ebetumi aboa nkurɔfo ama wɔabɛn Onyankopɔn no, ɛno ne nea ɛma nkurɔfo bɔ bra pa da biara, na ɛnyɛ nea ɛma wɔyɛ amanne ahorow bi kɛkɛ. Bible aka wei ho asɛm sɛ: “Sɛ obi bu ne ho sɛ ɔyɛ onyamesomfo nanso ɔnto ne tɛkrɛma nnareka, na mmom ɔkɔ so daadaa ne koma a, onipa a ɔte saa no som yɛ ɔkwa. Ɔsom a ɛho tew na efĩ biara nni ho yɛn Nyankopɔn ne Agya no ani so ne eyi: sɛ obi bɛhwɛ nnyanka ne akunafo wɔn ahohia mu, na watwe ne ho afi wiase nkekae ho.” (Yakobo 1:26, 27) Ɔsom a ɛho tew a nyaatwom biara nnim yi, Bible bi frɛɛ no “ɔsom a wɔmfraa mu.”King James Version.

a Bible ma yehu sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn din.