Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU NSƐM A WƆAKYERƐKYERƐ MU

Yohane 1:1—“Mfiase No, Na Asɛm No Wɔ Hɔ”

Yohane 1:1—“Mfiase No, Na Asɛm No Wɔ Hɔ”

 “Mfiase no, na Asɛm no wɔ hɔ. Ná Asɛm no ne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ, na na Asɛm no yɛ onyame.”—Yohane 1:1, Wiase Foforo Nkyerɛase.

 “Mfiase no na Asɛm no wɔ hɔ, na Asɛm no ne Nyankopɔn na ɛwɔ hɔ, na Asɛm no yɛ Onyankopɔn.”—Yohane 1:1, Akuapem Twi Bible a The Bible Society of Ghana Yɛe.

Nea Yohane 1:1 Kyerɛ

 Kyerɛwsɛm yi ma yehu onii kõ a na Yesu Kristo yɛ ansa na wɔrewo no aba asaase so. (Yohane 1:14-17) Nkyekyɛm 14 no, Greek asɛmfua (ho loʹgos) a wɔkyerɛɛ ase “Asɛm no” yɛ obi abodin. Ɛda adi sɛ abodin “Asɛm no” kyerɛ sɛ, Yesu yɛ obi a Onyankopɔn nam no so de ne mmara ne n’akwankyerɛ ma nkurɔfo. Bere a Yesu bɛyɛɛ ne som adwuma wɔ asaase so no, ɔkaa Onyankopɔn asɛm kyerɛɛ nkurɔfo. Bere a onyan kɔɔ soro nso, ɔtoaa so.—Yohane 7:16; Adiyisɛm 1:1.

 “Mfiase” a Yohane 1:1 ka ho asɛm no yɛ bere a Onyankopɔn fii ase bɔɔ ade no; saa bere no na ɔbɔɔ Asɛm no. Owiei no, ɔnam Asɛm no so bɔɔ nneɛma a aka nyinaa. (Yohane 1:2, 3) Bible ka sɛ, Yesu yɛ “abɔde nyinaa mu abakan,” na “ne so na wɔnam bɔɔ nneɛma a aka nyinaa.”—Kolosefo 1:15, 16.

 Kyerɛwsɛm no san kaa sɛ, “na Asɛm no yɛ onyame.” Ɛno kyerɛ sɛ, ansa na Yesu reba asaase so no, na ɔte sɛ Onyankopɔn. Nea enti a yebetumi aka ne ho asɛm saa ne sɛ, ɔno ne Onyankopɔn Kasamafo, na ɔno ne Onyankopɔn Abakan a ɔnam no so bɔɔ nneɛma a aka nyinaa.

Yohane 1:1 Ho Nsɛm

 Yohane nhoma a ɛwɔ Bible mu no ka Yesu asaase so asetena ne ne som adwuma ho asɛm. Ti a edi kan no mfiase ma yehu sɛnea na Yesu te ansa na wɔrewo no aba asaase so. Ɛma yehu abusuabɔ soronko a ɛda ɔne Onyankopɔn ntam, na ɛma yehu sɛ, sɛ Onyankopɔn begye yɛn atom a, yɛrentumi nkwati Yesu. (Yohane 1:1-18) Nea Yesu kae ne nea ɔyɛe wɔ asaase so no, nsɛm a ɛwɔ Yohane ti 1 no ma yɛte ase yiye.—Yohane 3:16; 6:38; 12:49, 50; 14:28; 17:5.

Yohane 1:1 Ho Atosɛm

 Atosɛm: Sɛ obi rekyerɛ Yohane 1:1 ase a, ɛsɛ sɛ owie no sei: “Asɛm no yɛ Onyankopɔn.”

 Nokwasɛm: Saa na wɔakyerɛ ase wɔ Bible pii mu, nanso Bible asekyerɛfo binom ahu sɛ, biribi nti ɛnsɛ sɛ wɔkyerɛ ase saa. Wohwɛ Yohane 1:1 a, Greek asɛmfua the·osʹ a etumi kyerɛ “onyame” anaa “Onyankopɔn” no, wɔakyerɛw no ahorow mmienu. Nea edi kan no, Greek asɛmfua bi di anim a wɔtaa de sɔ asɛm so ma yehu sɛ ɛfa obi pɔtee ho. Nea ɛto so mmienu no de, wɔamfa saa asɛmfua no bi anka ho. Abenfo pii ka sɛ, saa asɛmfua no a ɛnka the·osʹ a ɛto so mmienu no ho no, biribi nti na ɛte saa. The Translator’s New Testament no kyerɛ nea enti a ɛnka ho. Ɛka sɛ: “Ɛkyerɛ yɛn sɛ, Theos (Onyame) a ɛto so mmienu no ma yehu nea wɔreka ne ho asɛm no su ne ne ban. Enti saa asɛm no kyerɛ sɛ, ‘Ná Asɛm no te sɛ Onyankopɔn.’” a Abenfo b ne wɔn a wɔkyerɛ Bible ase no pii gye tom sɛ saa na ɛte.—Hwɛ asɛm a wɔato din, “ Sɛnea Wɔakyerɛ Yohane 1:1 Ase Wɔ Bible Afoforo Mu.”

 Atosɛm: Kyerɛwsɛm yi ma yehu sɛ Asɛm no ne ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn yɛ pɛ.

 Nokwasɛm: Kyerɛwsɛm no ka sɛ, “Ná Asɛm no ne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ.” Wei kyerɛ sɛ, ɛsono Asɛm no na ɛsono Onyankopɔn. Sɛ “Asɛm no ne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ” de a, ɛrentumi mma sɛ ɔno ara ne ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no. Nsɛm a ɛkeka ho no nso foa so sɛ ɛsono Asɛm no na ɛsono ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn. Yohane 1:18 ka sɛ “onipa biara nhuu Onyankopɔn da.” Nanso nkurɔfo de wɔn ani huu Yesu a ɔne Asɛm no, efisɛ Yohane 1:14 ka sɛ, “Asɛm no bɛyɛɛ ɔhonam, na ɔbɛtenaa yɛn mu. Na yehuu n’anuonyam.”

 Atosɛm: Asɛm no nni mfiase.

 Nokwasɛm: “Mfiase” a Yohane 1:1 ka ho asɛm no, yɛrentumi nka sɛ ɛfa Onyankopɔn ho, efisɛ Onyankopɔn de, onni mfiase. Yehowa c yɛ Onyankopɔn “fi mmeresanten kosi mmeresanten.” (Dwom 90:1, 2) Nanso Asɛm no, anaa Yesu Kristo de, ɔwɔ mfiase. Ɔno ne “Onyankopɔn adebɔ mfiase.”—Adiyisɛm 3:14.

 Atosɛm: Sɛ obi ka sɛ Asɛm no yɛ “onyame” a, na ɔrepɛ akyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛsom anyame bebree.

 Nokwasɛm: Greek asɛmfua a wɔkyerɛ ase “Onyankopɔn” anaa “onyame” (the·osʹ) no, wode kɔ Hebri kasa mu a, ɛyɛ ʼel ɛnna ʼelo·himʹ. Saa nsɛmfua yi na nea nkurɔfo taa frɛ no Apam Dedaw no de yɛ adwuma. Ebinom ka sɛ nea Hebri nsɛmfua no kyerɛ paa ne “Otumfoɔ; Ɔhoɔdenfo.” Wotumi de frɛ ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn, anyame foforo, anaa nnipa mpo. (Dwom 82:6; Yohane 10:34) Asɛm no na Onyankopɔn nam no so bɔɔ nneɛma a aka nyinaa, enti yebetumi afrɛ no otumfoɔ ama ayɛ yiye. (Yohane 1:3) Sɛ yɛka sɛ Asɛm no yɛ “onyame” a, ɛne nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 9:6 no hyia. Ɛka sɛ, nea Onyankopɔn apaw no a ɔne Mesia anaa Kristo no, wɔbɛfrɛ no “Onyame Tumfo” (Hebri, ʼEl Gib·bohrʹ). Nkɔmhyɛ no anka sɛ wɔbɛfrɛ no “ade nyinaa so Tumfo Nyankopɔn” (anaa ʼEl Shad·daiʹ, sɛnea wɔaka wɔ Genesis 17:1; 35:11; Exodus 6:3; Hesekiel 10:5 no).

 Bible nka sɛ ɛsɛ sɛ yɛsom anyame bebree. Yesu Kristo kaa sɛ: “Yehowa wo Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wokotow no, na ɔno nko ara na ɛsɛ sɛ wosom no.” (Mateo 4:10) Bible ka sɛ: “Ɛwom, ɔsoro oo, asaase so oo, wɔn a wɔfrɛ wɔn anyame wɔ hɔ, sɛnea ‘anyame’ pii ne ‘awuranom’ pii wɔ hɔ no. Nanso yɛn de, Onyankopɔn baako na yɛwɔ. Ɔno ne Agya no. Ne mu na nneɛma nyinaa fi, na yɛn nso yɛwɔ hɔ ma no. Na Awurade baako na ɔwɔ hɔ. Ɔno ne Yesu Kristo. Ɛnam no so na nneɛma nyinaa wɔ hɔ, na ɛnam no so na yɛn nso yɛwɔ hɔ.”—1 Korintofo 8:5, 6.

 Sɛnea Wɔakyerɛ Yohane 1:1 Ase Wɔ Bible Afoforo Mu

 “Mfiase no na Asɛm no wɔ hɔ, na Asɛm no ne Nyankopɔn na ɛwɔ hɔ, na Asɛm no yɛ Onyame.”—Twi Bible Dedaw a The Bible Society of Ghana Yɛe.

 “Ahyɛse no na Asɛm no wɔ hɔ, na Asɛm no nye Nyankopɔn wɔ hɔ, na Asɛm no yɛ Nyame.”—Fante Bible a The Bible Society of Ghana Yɛe.

a The Translator’s New Testament, kratafa 451.

b Ɔbenfo Jason David BeDuhn kaa sɛ, Greek asɛmfua a wotumi kyerɛ ase “Onyankopɔn” anaa “onyame” no pue mprenu, na esiane sɛ biribiara nsɔ nea ɛto so mmienu no so nti, ɛkyerɛ sɛ baako yɛ “onyame” na baako yɛ “Onyankopɔn.” Ɔsan kaa sɛ: “Nea wɔka ne ho asɛm wɔ Yohane 1:1 sɛ Asɛm no, ɔnyɛ Onyankopɔn koro pɛ no, na mmom ɔyɛ onyame anaa ɔte sɛ Onyankopɔn.”—Truth in Translation: Accuracy and Bias in English Translations of the New Testament, kratafa 115, 122, ne 123.

c Yehowa yɛ Onyankopɔn din.—Dwom 83:18.