Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | MMOFRA NTETEE

Mmofra ne Sohyia Midia—Ɔfã 1: Memma Me Ba Nkɔ Sohyia Midia So Anaa?

Mmofra ne Sohyia Midia—Ɔfã 1: Memma Me Ba Nkɔ Sohyia Midia So Anaa?

 Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe ama abɛda adi sɛ, sɛ wuyi mmabun 100 biara a, emu 97 ka sɛ wɔkɔ sohyia midia so. Wo ba ho pere no sɛ ɔno nso bɛkɔ so bi anaa? Sɛ saa a, nneɛma bi wɔ hɔ a ehia sɛ wususuw ho.

Nea yɛrebɛka ho asɛm

 Sɛnea wo ba de ne bere bedi dwuma

 Wɛbsaet bi a wɔfrɛ no HelpGuide ka sɛ, “Sɛnea wɔayɛ sohyia midia no, egye wo bere pii, wokɔ so a wompɛ sɛ wufi so, na esiane sɛ wompɛ sɛ biribiara pa wo ti so nti, bere biara na w’ani si wo fon anaa wo tablɛt so.”

 “Ɛyɛ a meka sɛ mede simma kakraa bi rehwɛ nsɛm a aba sohyia midia so, nanso m’ani bɛba me ho so no, na madi nnɔnhwerew pii wɔ so. Ɛtɔ da a na ayɛ den sɛ mede me fon no bɛto hɔ akɔpɛ biribi papa bi ayɛ.”—Lynne; wadi mfe 20.

 Bisa wo ho sɛ: Sɛ mema me ba kɔ sohyia midia so a, obetumi ahyɛ ne ho so na wadi ɛho akwankyerɛ a mede bɛma no nyinaa so anaa? Mehwɛ me ba no a, n’adwene mu abue a otumi hu nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ ne nea ɛnsɛ sɛ ɔyɛ wɔ sohyia midia so anaa?

 Bible mu afotusɛm: “Monhwɛ mo abrabɔ yiye paa na sɛnea monantew no . . . [ayɛ] sɛ anyansafo, na momfa mo bere nyɛ nneɛma a ɛho hia.”—Efesofo 5:15, 16.

Sɛ woma wo ba kɔ sohyia midia so na woamma no ɛho akwankyerɛ biara a, ɛte sɛ nea wonkyerɛɛ wo ba sɛnea yɛtena pɔnkɔ so na wode no atena bi so sɛ ɔmfa nkɔ.

 Adwene a wo ba benya wɔ adamfofa ho

 Sɛnea wɔayɛ “sohyia midia” no, ɛma wunya adwene sɛ wowɔ nnamfo pii. Nanso wobɛhwɛ mu no, na ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔyɛ wo nnamfo paa.

 “Mahu sɛ mmerante ne mmabaa pii kura adwene bi sɛ, sɛ wode biribi to sohyia midia so na nkurɔfo pii kyerɛ sɛ wɔn ani gye ho (anaa wunya likes), anaa nkurɔfo a edi w’akyi (followers) dɔɔso a, ɛkyerɛ sɛ wɔn a wunim wɔn ne wɔn a wunnim wɔn nyinaa pɛ w’asɛm na wɔdwen wo ho. Nanso ɛnyɛ nokware.”—Patricia; wadi mfe 17.

 Bisa wo ho sɛ: Me ba no adwene mu abue na ɔte ase sɛ, nkurɔfo pii a ebedi obi akyi wɔ sohyia midia so no, ɛnyɛ ɛno na ehia anaa? Sɛ ohyia nkurɔfo anim-ne-anim a, otumi fa wɔn nnamfo anaa?

 Bible mu afotusɛm: “Ɔyɔnko berɛbo de, ɔkyerɛ ne dɔ bere nyinaa, na ɔyɛ onua a wɔwoo no maa amanehunu bere.”—Mmebusɛm 17:17.

 Sɛnea wo ba bɛte nka

 Nkurɔfo ayɛ nhwehwɛmu ahu sɛ, sɛ obi taa kɔ sohyia midia so a, ɛma ɔte nka sɛ wɔayɛ ankonam, nneɛma hyɛ ne so, na ɛma otumi nya adwene mu yare mpo.

 “Sɛ wo nnamfo kɔ baabi anaa wɔyɛ biribi bom na wonka ho, na akyiri yi wuhu sɛ wɔde ho mfoni ato sohyia midia so a, etumi hye wo paa.”—Serena; wadi mfe 19.

 Bisa wo ho sɛ: Me ba no adwene mu abue ma enti ohu nneɛma a nkurɔfo de agu sohyia midia so a, ɛremma ɔnyɛ pɛsɛmenkominya, ɔne afoforo nsi akan, anaa onnya suban foforo bi a ɛmfata anaa?

 Bible mu afotusɛm: “Mommma yɛn mu biara mmma ne ho so, mommma yɛne yɛn ho nnsi akan, na mommma yɛn ani mmmere yɛn yɔnko.”—Galatifo 5:26.

 Nea wo ba bɛyɛ wɔ sohyia midia so

 Ebinom kɔ sohyia midia so a, wɔdi afoforo ani anaa wɔtaataa wɔn, wɔhwɛ ponografi anaa aguamansɛm, na wɔde bi mena nkurɔfo. Sɛ wo ba no nyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛyɛ saa nneɛma yi bi mpo a, obetumi akopue so.

 “Mahyɛ no nsow sɛ, nneɛma a nkurɔfo de to sohyia midia so no, asɛ asɛm biara nni ho. Nanso wubehu ara na adan kɔ bɔne. Nneɛma a nkurɔfo de to hɔ no, ɛyɛ a na kasafĩ ahyɛ no ma, na nnwom a wɔde to hɔ no, wote a na wo sẽ afem.”—Linda; wadi mfe 23.

 Bisa wo ho sɛ: Me ba no adwene mu abue ma enti obetumi de intanɛt ayɛ adwuma nyansam? Sɛ me ba kopue biribi a ɛyɛ abofono so a, obenya akokoduru ayi n’ani na wafi hɔ anaa?

 Bible mu afotusɛm: “Aguamammɔ ne ɔbra fĩ biara anaa adifudepɛ de, mommma wɔmmmɔ so mpo wɔ mo mu, . . . ɛmfata nso sɛ aniwude, ahuhusɛm anaa nsɛnkwaa a kasafĩ wom kɔ so wɔ mo mu.”—Efesofo 5:3, 4.

 Sohyia midia—ɛho hia mpo?

 Yenhia sohyia midia na yɛatena nkwa mu. Ɛnyɛ sohyia midia na ɛbɛma yɛn ani agye. Mmerante ne mmabaa pii wɔ hɔ a, wɔasi gyinae sɛ wɔrenkɔ sohyia midia so. Wɔn mu bi wɔ hɔ a, kan no na wɔkɔ sohyia midia so, nanso wɔagyae.

 “Mihuu nea sohyia midia de yɛɛ me nuabea panyin. Efi hɔ na meyɛɛ m’adwene sɛ merensi hɔ bio. Bere a migyae sohyia midia so kɔ besi nnɛ, m’ani gye paa na mihu sɛ abrabɔ rekɔ yiye ma me.”—Nathan; wadi mfe 17.

 Nea yɛreka akosi: Ansa na wobɛma wo ba akɔ sohyia midia so no, hwɛ hu sɛ n’adwene mu abue, na onim sɛnea ɔde ne bere bedi dwuma yiye, onim sɛnea yɛfa nnamfo pa, na okopue biribi a enye so a, obetumi atwe ne ho afi ho.

 Bible mu afotusɛm: “Onyansafo de, anammɔn biara a obetu no, ɔhwɛ no yiye.”—Mmebusɛm 14:15.