Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | MMOFRA NTETEE

Mmofra ne Sohyia Midia—Ɔfã 2: Boa Wo Ba a Ɔyɛ Babun Ma Ɔnyɛ Ahwɛyiye Wɔ Sohyia Midia So

Mmofra ne Sohyia Midia—Ɔfã 2: Boa Wo Ba a Ɔyɛ Babun Ma Ɔnyɛ Ahwɛyiye Wɔ Sohyia Midia So

 Sɛ awofo pii hwɛ ɔhaw a sohyia midia tumi de ba a, wɔmma wɔn mma nkɔ so koraa. Nanso sɛ wowɔ ba a ɔyɛ babun na woma no kɔ sohyia midia so a, wobɛyɛ dɛn aboa no ama wayɛ ahwɛyiye na asiane bi anto no? Wobɛyɛ dɛn aboa no ama ɔde intanɛt adi dwuma yiye?

Nea yɛrebɛka ho asɛm

 Nneɛma a wo ba no hu no sɛ ehia wɔ asetenam

 Nea ɛsɛ sɛ wuhu: Sɛnea sohyia midia te no, wokɔ so a ɛyɛ den sɛ wubefi so. Wei nti, wo ba no behia wo mmoa na wansɛe bere pii wɔ sohyia midia so.

 Bible mu afotusɛm: ‘Monhwehwɛ mu nhu nneɛma a ehia paa no.’—Filipifo 1:10.

 Biribi a ɛsɛ sɛ wususuw ho: Sohyia midia nti, wo ba ntumi nna yiye, ontumi nyɛ ne sukuu dwumadi, anaa ɔne abusua no ntumi mmom nyɛ ade anaa? Wɔn a wɔyɛ nhwehwɛmu kyerɛ sɛ, mmabun de, anadwo biara ɛsɛ sɛ wɔda bɛyɛ nnɔnhwerew nkron. Nanso wɔkyerɛ sɛ, mmabun a wɔsɛe bere pii wɔ sohyia midia so no, wobɛhwɛ mu no na nnɔnhwerew a wɔde da no nnu nson mpo.

 Nea wubetumi ayɛ: Wo ne wo ba no nni nkɔmmɔ ma onhu nneɛma a ehia paa no. Boa no ma ɔnte ase sɛ, mfaso wɔ so sɛ ɔrensɛe bere pii wɔ sohyia midia so. Hyehyɛ mmara a ntease wom ma no. Ebi ne sɛ, edu anadwo a ɔrekɔda a, ɛnsɛ sɛ ɔde fon anaa tablɛt kɔ ne dan mu. Nea nti a ehia sɛ woyɛ saa ne sɛ, ɛbɛma wo ba no asua ahohyɛso. Ahohyɛso nso de, sɛ onya bi a ɛbɛboa no paa bere a wanyin mpo.—1 Korintofo 9:25.

 Sɛnea wo ba bɛte nka

 Nea ɛsɛ sɛ wuhu: Sɛ aberante anaa ababaa bi kohu mfoni anaa video a ne nnamfo atwa na wɔde mfiri ayɛ ama ayɛ fɛfɛɛfɛ a, ebetumi ama wate nka sɛ wayɛ ankonam, ebetumi ama nneɛma ahyɛ ne so, na ama wanya adwene mu yare mpo.

 Bible mu afotusɛm: “Montow . . . anibere . . . ngu.”—1 Petro 2:1.

 Biribi a ɛsɛ sɛ wususuw ho: Sohyia midia nti, wo ba de ne ho toto afoforo ho ma ɔte nka sɛ ne ho nyɛ fɛ? Wo ba no te nka sɛ obiara ani gye wɔ asetena mu, nanso ɔno nko ara de n’ani nnye anaa?

 Nea wubetumi ayɛ: Wo ne wo ba no nni nkɔmmɔ mma onhu asiane a ɛwom sɛ ɔde ne ho bɛtoto afoforo ho. Hyɛ no nsow sɛ, mmaayewa titiriw na wɔtaa hyia saa haw yi, efisɛ mmaayewa de, ayɔnkofa ne sɛnea wɔn nipadua te hia wɔn paa. Wubetumi mpo akyerɛ wo ba no sɛ, ɛwom ara a, mma ɔnnkɔ sohyia midia so koraa. Aberante bi a wɔfrɛ no Jacob ka sɛ: “Bere bi, miyii app a ɛma mekɔ sohyia midia so no fii m’afiri so. Akyiri yi na mesan de guu so. Ɛboaa me ma mihuu nneɛma a ɛsɛ sɛ mede di kan wɔ m’asetenam, na amma mamfa me ho antoto afoforo ho.”

 Nea wo ba bɛyɛ wɔ sohyia midia so

 Nea ɛsɛ sɛ wuhu: Abebusɛm bi ka sɛ, “Ɛdɔm ani sã nea ɔsõ ntakrakyɛw.” Saa na wɔkyerɛ sɛ sohyia midia te. Nea woyɛ wɔ so biara, nkurɔfo ani tua. Enti ɛnyɛ den koraa sɛ mente-me-ho-ase betumi aba.

 Bible mu afotusɛm: “Munyi eyinom nyinaa mfi mo mu: ɔtan biara, abufuw, koko bɔne, nkekawmu, abususɛm . . . Obiara nna ayamye adi nkyerɛ ne yɔnko.”—Efesofo 4:31, 32.

 Biribi a ɛsɛ sɛ wususuw ho: Sohyia midia ama wo ba afi ase redi nkɔnkɔnsa anaa? Akɔfa wontwiwontwi aba ɔne afoforo ntam anaa? Anaa ama wafi ase rekeka nsɛm a ɛyɛ yaw kyerɛ nkurɔfo?

 Nea wubetumi ayɛ: Boa wo ba ma ɔnna suban pa adi bere a ɔwɔ intanɛt so. Nhoma bi ka sɛ: “Yɛn a yɛyɛ awofo no, yɛn asɛde baako ne sɛ yɛbɛma yɛn mma ate ase yiye sɛ, obi gyina w’anim oo, sɛ ɔwɔ intanɛt so oo, ɛnyɛ papa sɛ yɛbɛka asɛm a ɛyɛ yaw akyerɛ no. Saa ara nso na ɛnyɛ papa sɛ wobɛsɛe nkurɔfo din wɔ nnipa anim anaa intanɛt so.”—Digital Kids.

 Kae sɛ, sɛ wo ba ankɔ sohyia midia so a, ɔrenwu, na ɛnyɛ awofo nyinaa mpo na ɛma wɔn mma kɔ so. Sɛ wobɛma wo ba akɔ sohyia midia so a, hwɛ hu sɛ n’adwene mu abue, onim bere dodow a ɛsɛ sɛ odi wɔ so, onim sɛnea yɛfa nnamfo pa, na okopue biribi a enye so a, obetumi afi hɔ.