Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Moyɛ Asɛmpatrɛw Adwuma Anaa?

Moyɛ Asɛmpatrɛw Adwuma Anaa?

 Aane. Baabiara a Yehowa Adansefo te no, yɛbɔ yɛn ho mmɔden yɛ adwuma te sɛ asɛmpatrɛwfo, na daa yɛka yɛn gyidi ho asɛm kyerɛ nnipa a yehyia wɔn.​—Mateo 28:​19, 20.

 Bio nso, Adansefo bi wɔ hɔ a, wotumi kɔ wɔn man mu baabi a ɛhɔfo nnya ntee asɛmpa a ɛwɔ Bible mu no kɔka bi kyerɛ wɔn, na ebinom mpo tumi tu kɔtena saa mmeae no. Adansefo no bi nso tumi tu kɔ ɔman foforo so kɔyɛ asɛnka adwuma no pii wɔ hɔ. Wɔn ani gye ho sɛ wɔreboa ama Yesu nkɔmhyɛ yi aba mu: “Mobɛyɛ m’adansefo . . . akɔ asase ano nohoa.”​—Aso. 1:8.

 Afe 1943 mu no, yɛtew sukuu bi a yɛde tete asɛmpatrɛwfo ma wɔn ho kokwaw. Sukuu no din de Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu, na efi bere a yɛtew saa sukuu no, Adansefo bɛboro 8,000 na wɔakɔ bi.