Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO | OWUSƆREƐ—ƐBƐBA AMPA?

Anidaso Bi wɔ Hɔ Ma Awufo?

Anidaso Bi wɔ Hɔ Ma Awufo?

Enti awufo bɛsan aba nkwa mu bio?

MMUAEƐ A BIBLE DE MA: “Dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ nkaeɛ ada mu nyinaa bɛte [Yesu] nne na wɔafiri adi.”Yohane 5:28, 29.

Asɛm a Yesu kae yi kyerɛ sɛ daakye sɛ n’Ahenni no ba a, ɔbɛnyane obiara a ɔwɔ Adamena mu aba nkwa mu. Fernando a yɛadi kan aka ne ho asɛm no ka sɛ: “Me ho dwirii me bere a ɛdi kan a mekenkanee Yohane 5:28, 29 no. Ɛma menyaa anidaso ankasa, afei deɛ na mehu sɛ daakye, mmere pa bɛba.”

Ná ɔnokwafo Hiob a ɔtenaa ase tete no nim sɛ sɛ owu a, Onyankopɔn bɛnyane no aba nkwa mu bio. Enti Hiob bisaa sɛ: “Sɛ ɔbarima wu a, ɔbɛtena ase bio?” Afei ɔde ahotoso buaa n’ankasa asɛm no sɛ: “M’afiase nna nyinaa [Adamena mu] mɛtwɛn akɔsi sɛ me home bɛba. Wobɛfrɛ, na me nso mɛgye wo so.”Hiob 14:14,15.

Lasaro wusɔreɛ no ma yɛnya anidaso

Ná Lasaro nuabaa Marta nim owusɔreɛ ho asɛm. Bere a Lasaro wui no, Yesu ka kyerɛɛ Marta sɛ: “Wo nua no bɛsɔre.” Na ɔno nso kaa sɛ: “Menim sɛ owusɔreɛ mu, da a ɛtwa toɔ no, ɔbɛsɔre.” Afei Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Mene owusɔreɛ ne nkwa. Obiara a ɔnya me mu gyidie no, sɛ owu mpo a, ɔbɛba nkwa mu.” (Yohane 11:23-25) Ntɛm ara, Yesu nyanee Lasaro baa nkwa mu! Saa anigyesɛm no ma yɛtumi twa nneɛma akɛse a ɛbɛba daakye no ho mfonini wɔ yɛn adwene mu. Wo deɛ, hwɛ sɛ wɔrenyane awufo wɔ wiase nyinaa!

Wɔbɛnyane ebinom akɔ soro anaa?

MMUAEƐ A BIBLE DE MA: Onyankopɔn Asɛm ma yɛhu sɛ ɛsono Yesu wusɔreɛ no, ɛnna ɛsono nnipa nwɔtwe a wɔka wɔn wusɔre ho asɛm wɔ Bible mu no. Wɔnyanee saa nnipa nwɔtwe no ma wɔsan bɛtenaa asase so. Nanso Yesu Kristo wusɔreɛ akyi no, yɛkenkan sɛ, “Ɔkɔɔ ɔsoro, na ɔwɔ Onyankopɔn nsa nifa.” (1 Petro 3:21, 22) Yesu nkutoo ne obi a wɔanyane no a ɔbɛtena soro? Ná Yesu adi kan aka akyerɛ n’asomafo no sɛ: “Sɛ mekɔ kɔsiesie baabi ma mo a, mɛba bio na magye mo aba me nkyɛn, na baabi a mewɔ no, mo nso moaba hɔ.”Yohane 14:3.

Kristo kɔɔ soro kɔsiesiee baabi maa n’asuafo no mu bi. Awiei koraa no, wɔn a wɔbɛnyane wɔn akɔ soro no dodow bɛyɛ 144,000. (Adiyisɛm 14:1, 3) Nanso dɛn na Yesu akyidifo yi bɛyɛ wɔ hɔ?

Wɔbɛyɛ adwuma paa! Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Anigyeɛ ne kronkron ne obiara a ɔnya owusɔreɛ a ɛdi kan no mu kyɛfa; yeinom so na owuprenu nni tumi, na mmom wɔbɛyɛ Onyankopɔn ne Kristo asɔfoɔ, na wɔne no bɛdi hene mfeɛ apem.” (Adiyisɛm 20:6) Wɔn a wɔbɛnyane wɔn akɔ soro no ne Kristo bɛdi ade sɛ ahemfo ne asɔfo wɔ asase so.

Henanom na wɔbɛnyane wɔn akyiri yi?

MMUAEƐ A BIBLE DE MA: Onyankopɔn honhom kaa ɔsomafo Paulo ma ɔkyerɛw asɛm a ɛdi so yi wɔ Bible mu sɛ: “Mewɔ anidasoɔ wɔ Onyankopɔn mu, a wɔn nso wɔwɔ saa anidasoɔ no ara bie, sɛ berɛ bi bɛba a wɔn a wɔtene ne wɔn a wɔntene bɛsɔre afiri awufoɔ mu.”Asomafoɔ Nnwuma 24:15.

Bible ma yɛhu sɛ nnipa mpempem pii a wɔawuwu no bɛsan aba nkwa mu bio

Henanom ne wɔn a “wɔtene” a Paulo kaa wɔn ho asɛm no? Wo deɛ yɛmfa ɔnokwafo Daniel nyɛ nhwɛso. Bere a aka kakra ma wawu no, wɔka kyerɛɛ ɔbarima nokwafo yi sɛ: “Wobɛhome, na woasɔre abɛnya wo kyɛfa, nna no awieeɛ.” (Daniel 12:13) Sɛ wɔnyane Daniel a, ɛhe na ɔbɛtena? Bible ka sɛ: “Ateneneefoɔ bɛnya asase no adi, na wɔatena so daapem.” (Dwom 37:29) Na Yesu ka too hɔ sɛ: “Anigyeɛ ne wɔn a wɔdwoɔ, ɛfiri sɛ wɔbɛnya asase no.” (Mateo 5:5) Wɔbɛnyane Daniel ne mmarima ne mmaa anokwafo afoforo ma wɔabɛtena asase so bio, na wɔbɛtena so daa.

Na henanom ne wɔn a “wɔntene” a Paulo kaa sɛ wɔbɛnyane wɔn no? Wɔne nnipa mpempem pii a wɔawuwu no; wɔn mu dodow no ara annya hokwan ansua Bible no amfa ammɔ wɔn bra na wɔwuiɛ. Sɛ wɔnyane wɔn a, wɔbɛba abɛnya Yehowa * ne Yesu ho nimdeɛ na wɔayɛ nea ɛsɔ wɔn ani. (Yohane 17:3) Wɔn a wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde no nyinaa bɛkɔ so atena ase daa, bere tenten a Yehowa te ase no.

Obiara a ɔbɛsom Onyankopɔn no bɛnya akwahosan pa ne anigye na watena ase daa

Asase so asetena bɛyɛ sɛn?

MMUAEƐ A BIBLE DE MA: Onyankopɔn ‘bɛpepa wɔn aniwam nisuo nyinaa, na owuo nni hɔ bio, na awerɛhoɔ ne esũ ne yea nso nni hɔ bio.’ (Adiyisɛm 21:4) “Wɔbɛsisi adan atena mu na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba.”Yesaia 65:21.

Hwɛ sɛnea asetena a ɛte saa bɛyɛ anigye afa, bere a wɔanyane yɛn adɔfo a wɔawuwu no! Nanso asɛm no ne sɛ, Wobɛyɛ dɛn agye adi sɛ owusɔreɛ no bɛba ampa?

^ nky. 15 Bible ma yɛhu sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn din.