Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASETENAM NSƐM

Yehowa Nhyira Abu Me So

Yehowa Nhyira Abu Me So

Ná madi mfe 17 pɛ, na nea mmerante ne mmabaa dodow no ara de asisi wɔn ani so no, ɛno ara bi na na ɛsi m’ani so. Nea na mepɛ paa ne sɛ me ne me nnamfonom bɛbom akɔ asudwareɛ na yɛakɔbɔ bɔɔl. Nanso dakoro anwummere bi, m’asetena nyinaa sesaa prɛko pɛ. Menyaa moto akwanhyia bi a na ɛyɛ hu yie, na ɛfiri me kɔn bɛsi me nan ase nyinaa dwudwoe. Asɛm yi sii bɛyɛ mfe 30 ni, na ama maka mpa mu abɛsi nnɛ.

Menyinii wɔ kuro bi a wɔfrɛ no Alicante mu. Ɛwɔ Spain apuei fam mpoano. Ná ɔhaw ahyɛ m’abusua mu ma, enti menyinii kakra no, na mentaa ntena fie. Ná baabi a wɔsiesie kar tae bɛn me fie pɛɛ. Me ne adwumayɛfo no mu baako a wɔfrɛ no José María bɛyɛɛ nnamfo. Esiane sɛ ɔpɛ nnipa, na ɔkyerɛɛ me ho anigye nti, ɔmaa menyaa ɔdɔ a me nsa anka wɔ m’abusua mu no. Ahokyere bere mu no, na ɔte sɛ me nua a yɛfiri yafunu baako mu. Ɛmfa ho sɛ na ɔkyɛn me mfe 20 no, na ɔyɛ m’adamfo; me yɔnko brɛboɔ.

Ná José María afiri aseɛ ne Yehowa Adansefo resua Bible. Ná metumi hu sɛ n’ani gye Kyerɛwnsɛm no ho, na na ɔtaa ka Bible mu nokwasɛm a ɔresua no kyerɛ me. Sɛ ɔreka Bible mu asɛm a, na meyɛ komm tie no, nanso na m’ani nnye nea ɔreka no ho. Na meyɛ aberante, enti na nneɛma pii agye m’adwene. Nanso, sɛɛ na nneɛma rebɛsesa.

AKWANHYIA BI SESAA M’ASETENA

Ɛyɛ a mempɛ sɛ mɛka saa akwanhyia no ho asɛm de akae me yaw. Nea mɛtumi aka ara ne sɛ medii nkwaseasɛm. Enti dakoro pɛ, m’asetena nyinaa sesae. Ná meyɛ aberante a mesi pi si ta, afei metee m’ani no na meda ayaresabea a mabubu aka mpa mu. Ɛyɛɛ den paa sɛ mɛgye me tebea no atom. Asɛm a na mebisa me ho ne sɛ, ‘Mete ase reyɛ dɛn?’

Wɔde me kɔtoo baabi a wɔhwɛ wɔn a wɔn yareɛ mu yɛ den paa wɔ ayaresabea hɔ. José María ba bɛhwɛɛ me, na ntɛm ara na ɔyɛɛ nhyehyɛe maa Yehowa Adansefo asafo a ɛbɛn hɔ no bɛsraa me. Ná wɔtaa bɛhwɛ me, enti saa nsrahwɛ no kaa me koma paa. Bere a wɔyii me firii saa dan no mu kɔɔ baabi foforo no, mefirii aseɛ suaa Bible no. Mebɛhuu nea enti a nnipa hu amane na wɔwuwu, ne nea enti a Onyankopɔn ama nneɛma bɔne kɔ so. Mesan nso bɛhuu nea daakye Onyankopɔn bɛyɛ; ɛne sɛ nnipa a bɔne biara nni wɔn ho bɛhyɛ asase so ma, na obiara renka sɛ: “Meyare.” (Yesaia 33:24) Afei deɛ na mabɛnya anidaso a mennyaa bi da wɔ m’asetena mu.

Bere a mefirii ayaresabea hɔ no, menyaa nkɔso ntɛmntɛm wɔ Bible a na meresua no mu. Mmubuafo akonnwa soronko bi a menyae nti, na metumi kɔ Yehowa Adansefo asafo nhyiam, na na metumi kɔka asɛmpa no nso. Enti wɔ November 5, 1988 no, wɔbɔɔ me asu wɔ dwaresɛn soronko bi mu. Saa bere no na madi mfe 20. Yehowa Nyankopɔn aboa me ma manya anidaso. Nanso dɛn na mɛtumi ayɛ de akyerɛ sɛ m’ani sɔ nea wayɛ ama me no?

MABUBU DEƐ NANSO MEMPAA ABA

Ná masi me bo sɛ meremma tebea a maba mu no nsi me kwan wɔ nea mɛtumi ayɛ wɔ Yehowa som mu no ho; na mepɛ sɛ menya nkɔso. (1 Timoteo 4:15) Mfiase no na ɛnna fam, efisɛ na m’abusuafo ani nnye nokware no ho. Nanso na mewɔ anuanom Kristofo mmarima ne mmaa a wɔtaa m’akyi. Ná wɔhwɛ sɛ asafo nhyiam biara rempa me ti so. Afei nso na wɔboa me ma mekɔ asɛnka bere nyinaa.

Nanso bere rekɔ so no, ɛbɛdaa adi sɛ mɛhia baabi a wɔbɛhwɛ me bere nyinaa. Bere a metoo me bo ase hwehwɛɛ mu no, menyaa baabi a ɛfata a wɔhwɛ wɔn a wɔadi dɛm wɔ Valencia. Kuro yi da Alicante atifi fam bɛyɛ kilomita 160. Ɛhɔ na abɛyɛ me fie.

Ɛwom sɛ maka mpa mu deɛ, nanso masi me bo sɛ mɛka me gyidi ho asɛm akyerɛ afoforo

Ɛwom sɛ maka mpa mu deɛ, nanso na masi me bo sɛ mɛkɔ so asom Yehowa. Aban no wɔ sika bi a wɔde ma wɔn a wɔadi dɛm, enti mede saa sika no kɔtɔɔ kɔmputa, na wɔde sii me mpa nkyɛn. Mesan tɔɔ tɛlɛfon. Seesei, anɔpa biara nea ɔhwɛ me no sɔ me kɔmputa no ne me fon no ma me. Sɛ mɛtumi de kɔmputa no adi dwuma a, gye sɛ mede afidie a mede tare m’abɔdwe no miamia so. Mesan wɔ abaa soronko bi a mede m’ano sɔ mu. Saa abaa yi boa ma metumi bɔ nsɛm wɔ kɔmputa no so na mede bɔ nɔma frɛ nkurɔfo wɔ me fon so.

Abaa no ma metumi frɛ nkurɔfo wɔ tɛlɛfon so

Ɔkwan bɛn so na saa mfidie yi aboa me? Nea ɛdi kan koraa no, ɛma metumi kɔ jw.org wɛbsaet ne Watchtower INTANƐT SO NHOMAKORABEA no so. Saa mfidie yi aboa me paa! Metaa de nnɔnhwere pii sua ade yɛ nhwehwɛmu wɔ Bible mu nwoma ahorow mu. Wei boa me ma mekɔ so sua Onyankopɔn ne ne su ahorow a ɛyɛ nwonwa no ho ade. Na bere biara a mɛte nka sɛ mayɛ ankonam anaa m’abam abu no, menya nneɛma ahorow pii wɔ wɛbsaet no so a ɛma m’ani gye.

Me kɔmputa no san boa ma metie nea ɛkɔ so wɔ asafo nhyiam ase, na mede me ho hyɛ mu nso. Metumi ma mmuaeɛ, bɔ mpae, ma ɔkasa, na mpo sɛ wɔde hokwan ma me a, metumi kenkan Ɔwɛn-Aban nso. Ɛwom sɛ mentumi nkɔ Ahenni Asa so deɛ, nanso mete nka sɛ meka asafo no ho.

Tɛlɛfon ne kɔmputa a mewɔ nti, metumi di nkurɔfo adanse. Ɛwom, mentumi nkɔ afie afie sɛnea Yehowa Adansefo dodow no ara yɛ no, nanso menya asɛnka adwuma no mu kyɛfa. Saa mfidie yi ma metumi ka me gyidi ho asɛm kyerɛ afoforo. M’ani gye tɛlɛfon a wɔnam so di adanse no ho paa, enti m’asafo mu mpanimfoɔ apaw me sɛ memmoa afoforo ma wɔnni adanse wɔ tɛlɛfon so. Tɛlɛfon so adansedi yi aboa asafo no mufo a wɔn nso aka dan mu no paa.

Me ne obi resua Bible

Nanso ɛnyɛ mfidie nko ara na agye m’asetena afa. Da biara me nnamfo bɛsra me. Wɔne wɔn abusuafo ne amannifo a wɔn ani gye Bible no ho na ɛba. Mpɛn pii no, wɔma me ne wɔn firi nkɔmmɔbɔ no ase. Ɛtɔ mmere bi nso a, mmusua bi bɛsra me, na me ne wɔn bom yɛ wɔn abusua som anwummere. Sɛ mmofra nkumaa bɛtena me nkyɛn na wɔka nea enti a wɔdɔ Yehowa no kyerɛ me a, na m’ani agye kɛkɛ!

Me ne me nnamfo bi reyɛ wɔn abusua som

Ɛyɛ a nnipa pii bɛsra me, na ɛma m’ani gye paa. Nkurɔfo mpa me dan mu; wɔn a wɔbemmɛn ne wɔn a wɔfiri akyirikyiri nyinaa bɛsra me. Sɛnea nkurɔfo da ɔdɔ adi kyerɛ me no tumi yɛ wɔn a wɔhwɛ me no nwonwa. Da biara, meda Yehowa ase sɛ wama me abɛka onuayɛkuo a wɔda nsow yi ho.

MEGU SO ARA REKO

Bere biara a obi bɛkyia me abisa sɛnea me ho te no, nea meka ara ne sɛ “Megu so ara reko!” Menim sɛ ɛnyɛ me nko ara na mereko. Ɛmfa ho tebea a Kristoni wɔ mu anaa akwanside biara a ɔrehyia no, yɛn nyinaa reko; yɛreko “gyidie ko pa no.” (1 Timoteo 6:12) Dɛn na aboa ma matumi agyina mu mfe pii saa? Da biara, meda Yehowa ase sɛ wama manya anidaso wɔ asetena mu. Mebɔ mmɔden sɛ mɛyɛ nea mɛtumi biara wɔ Onyankopɔn som mu, na mede m’adwene nyinaa asi anidaso a mewɔ no so.

José María

Ɛyɛ a metaa twa sɛnea wiase foforo no bɛyɛ ne sɛnea mɛsan atu mmirika adi akɔneaba bio no ho mfonini. José María yɛ me yɔnko brɛboɔ a ɔwɔ mmubui yareɛ. Enti ɛtɔ da a me ne no di agorɔ ka sɛ me ne no bɛtu mmirika wɔ wiase foforo no mu, na mebisa no sɛ: “Hwan na ɔbɛdi nkonim?” Na ɔno nso ka sɛ: “Ɛnyɛ nea ɔbɛdi nkonim no na ɛhia. Na mmom nea ɛhia ne sɛ yɛbɛkɔ Paradise hɔ bi na yɛatu mmirika no.”

Ɛyɛ den ma me sɛ mɛgye me tebea no atom. Menim sɛ medii nkwaseasɛm bere a na meyɛ aberante no, na ɛno na ama awie me sei no. Nanso ɛyɛ me dɛ sɛ Yehowa annyaw me. Wahyira me pii; wama me honhom fam abusua kɛse, m’ani gye sɛ mete ase, metumi boa afoforo, na manya anidaso a ɛso bi nni. Sɛ mɛbɔ sɛnea mete nka no nyinaa mua a, nea mɛka ara ne sɛ, Yehowa nhyira abu me so ampa!