Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO | NYANSAHU ABƐSI BIBLE ANANMU ANAA?

Nea Nyansahu Ayɛ Ama Wo

Nea Nyansahu Ayɛ Ama Wo

Nsɛm asekyerɛ nwoma bi kyerɛ nyansahu ase sɛ, “sɛ́ obi bɛgye bere ayɛ nhwehwɛmu akɔ akyiri ahu sɛnea ɔsoro ne asase so abɔde te ne sɛnea ɛyɛ adwuma.” Ɛyɛ adwumaden ne ɔbrɛ ankasa! Nyansahufo tumi de nna, abosome anaa mpo mfe pii yɛ nhwehwɛmu. Ɛtɔ da a, wɔyɛ adwumayɛhunu, nanso mpɛn pii no, yɛnya nea wɔyɛ no so mfaso. Ɛho nhwɛso kakra ni.

Europe adwumakuo bi ayɛ biribi a wɔtumi de sɔne nsuo so yi mu fĩ na sɛ obi nom a wanyare. Wɔde nneɛma a ɛte saa aboa wɔ atoyerɛnkyɛm bere mu; wɔde bi dii dwuma bere a asasewosow sii wɔ Haiti wɔ afe 2010 mu no.

Wɔayɛ afidie bi a wɔfrɛ no Global Positioning System (GPS) wɔ wim a ɛtumi hu nea ɛrekɔ so wɔ baabi, na ɛtwa ho mfonini. Asraafo nti na wɔyɛe, nanso seesei wɔn a wɔka kar ne wimhyɛn, ɛpo so hyɛn mu adwumayɛfo, ne mpo abɔmmɔfo ne wɔn a wɔtwa kwantenten kɔhwehwɛ mmeaemmeae nyinaa nya so mfaso. Nyansahufo a wɔyɛɛ saa afidie yi adaworoma nti, ɛnyɛ den sɛ wobɛkɔ baabi a wopɛ sɛ wokɔ.

Wowɔ tɛlɛfon, kɔmputa, anaa wokɔ Intanɛt so? Nnuruyɛ a anya nkɔanim nti, wohu sɛ w’akwahosan retu mpɔn, anaa woanya apɔwmuden? Ɛyɛ a wode wimhyɛn tu kwan? Sɛ saa a, ɛnde na wo nso worenya nneɛma pa a nyansahu ayɛ ama adesamma no so mfaso. Nyansahu aboa wo wɔ akwan pii so.

ƐNYƐ BIRIBIARA NA NYANSAHUFO TUMI HU

Nea ɛbɛyɛ na nyansahufo akɔ wɔn anim paa no, wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ abɔde mu nhwehwɛmu akɔ akyiri. Nuklea ho animdefo pɛɛpɛɛ sɛnea atɔm yɛ adwuma mu, na okyinnsoromma ho animdefo nso hwehwɛ nneɛma ahorow a wɔsusu sɛ akɔ so mfe ɔpepepem pii a atwam no mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhu nea ɛyɛe a amansan no bae. Nyansahufo tweetwee nneɛma mu kɔ akyiri yie, na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛhu nneɛma a aniwa ntumi nhu mpo mu. Enti ama nyansahufo binom anya adwene sɛ, sɛ Onyankopɔn a Bible ka ne ho asɛm no wɔ hɔ ampa a, anka wɔahu no.

Nyansahufo ne nyansapɛfo binom a wɔagye din yɛ nea ɛsen saa mpo. Obi a ɔkyerɛw nyansahu nwoma a wɔfrɛ no Amir D. Aczel ka saa nyansahufo no ho asɛm sɛ, “wɔpɛ sɛ wɔgyina nyansahu so de kyerɛ sɛ Onyankopɔn nni hɔ.” Wo de ma yɛmfa asɛm a nyansahufo bi a wagye din paa kae nyɛ nhwɛso. Ɔkaa sɛ, “esiane sɛ wɔnhuu adanse biara a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ a ɔwɔ amansan no so tumi nti, ɛda adi paa sɛ onyame a ɔte saa biara nni hɔ.” Ebinom nso ka sɛ, anwonwade a Bible ka ho asɛm no nyinaa nyɛ nokware na mmom ɛyɛ “nkonyaayi” ne “nnaadaasɛm” bi. *

Nanso yɛmmisa sɛ: Nyansahufo atumi asua abɔde ho nneɛma nyinaa sɛnea ɛsɛ nti na wɔreka saa anaa? Mmuaeɛ no ara ne sɛ wɔntumi nyɛɛ saa. Nyansahu anya nkɔanim paa, nanso nyansahufo pii gye tom sɛ nneɛma bebree wɔ hɔ a wɔnnya nhui, na pii nso wɔ hɔ a ebia wɔrenhu da. Nyansahufo Steven Weinberg yɛ obi a wagye Nobel abasobɔde pɛn, na bere a ɔreka mmɔden a nnipa rebɔ sɛ wɔbɛte abɔde ase no, ɔkaa sɛ: “Sɛ yɛpɛɛpɛɛ mu sɛ dɛn mpo a, yɛrenhu mu nwie da.” Ɔbenfo Martin Rees a ɔyɛ nsoromma ho nimdefo wɔ Great Britain adehye abusua mu no nso kaa sɛ: “Ɛbɛtumi aba sɛ nneɛma bi wɔ hɔ a nnipa rente ase da.” Nokwasɛm ne sɛ abɔde nketewa ne akɛse pii wɔ hɔ a, ɛmfa ho sɛnea nyansahu anya nkɔanim no, ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛte ase. Momma yɛnhwɛ nhwɛso a edidi so yi:

  • Abɔde a nkwa wom ho animdefo nnya ntee sɛnea nkwammoaa yɛ adwuma no ase yie. Sɛnea nkwammoaa nya ahoɔden, sɛnea wɔyɛ aduannuru, ne sɛnea wɔn mu kyekyɛ no yɛ ade a nyansahufo nnya ntee ase.

  • Tumi a ɛtwe ade ba fam yɛ ade a ɛboa yɛn wɔ yɛn da biara da asetenam, nanso nyansahufo ntee sɛnea ɛyɛ adwuma no ase. Wɔnnya nhuu nea enti a sɛ obi huri a saa tumi no san twe no ba fam, ne sɛnea ɛma bosome twa asase ho hyia pɛpɛɛpɛ no mu yie.

  • Nyansahufo a wɔsua amansan no ho ade ka sɛ nneɛma a ɛwɔ amansan no mu bɛyɛ ɔha mu 95 yɛ ade a wɔn mfidie ntumi nhu. Wɔakyɛ saa nneɛma yi mu akuo mmienu, nanso wɔnnim sɛnea emu biara te ankasa.

Nneɛma foforo nso wɔ hɔ a nyansahufo nnya nhui na ɛboro wɔn ntease so. Dɛn nti na saa asɛm yi ho hia yɛn? Obi a wagye din a ɔkyerɛw nyansahu ho nwoma no kaa sɛ, “Nea yɛnnim no boro nea yɛnim so koraa. Me deɛ, nea menim ne sɛ nyansahu ma yɛn ho dwiriw yɛn, na ɛma yɛn kɔn dɔ sɛ yɛbɛsua nneɛma pii ho ade mmom sen sɛ yɛbɛto yɛn adwene mu.”

Enti sɛ w’adwene yɛ wo sɛ nyansahu rebɛsi Bible ananmu, na gyidi a nnipa wɔ wɔ Onyankopɔn mu no atu ayera a, ɛnde dwen saa asɛm yi ho hwɛ: Sɛ mfidie a nyansahufo akukudam de yɛ nhwehwɛmu kɔ akyiri no nyinaa akyi, abɔde mu nneɛma kakraa bi pɛ na wɔatumi ahu a, ɛnde wogye di sɛ ɛbɛyɛ papa sɛ yɛpere yɛn ho ka sɛ ɛnsɛ sɛ yɛhaw yɛn ho hwehwɛ nea nyansahufo nhui no mu anaa? Nwoma bi kaa nea ɛyɛe a nsoromma ho adesua fii ase ne nkɔanim a wɔanya ho asɛm pii, na ɛreba awiei no ɛkaa no pen sɛ: “Wɔde bɛyɛ mfe 4,000 ayɛ amansan no mu nhwehwɛmu, nanso sɛnea tete no na Babilonfo hu amansan no, ɛnnɛ saa ara na ɛte; hwee nsesae.”—Encyclopedia Britannica.

Yehowa Adansefo gye tom sɛ obiara wɔ hokwan sɛ ɔsi gyinae a ɔpɛ wɔ asɛm yi ho. Yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde Bible mu asɛm yi bɛyɛ adwuma: “Momma nnipa nyinaa nhunu mo nteaseɛ.” (Filipifoɔ 4:5) Ne saa nti, yɛhyɛ wo nkuran sɛ yɛ nhwehwɛmu na hu sɛnea nyansahu ne Bible hyia.

^ nky. 9 Asɔre nkyerɛkyerɛ ahorow bi a na ɛwɔ hɔ ne seesei nea wɔkyerɛkyerɛ nti, ama ebinom nnye Bible no nni. Nkyerɛkyerɛ no bi ne sɛ asase na ɛyɛ amansan no nyinaa mfinimfini, na ebi nso ne sɛ nnansia, a da koro biara yɛ nnɔnhwerew 24, na Onyankopɔn de bɔɔ asase.—Hwɛ adaka a wɔato din, “ Nsɛm a Bible Aka ne Nea Nyansahufo Aka.”