Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 BIBLE TUMI SESA NNIPA

Me Tuo De, Mankɔ Annya Hɔ Da

Me Tuo De, Mankɔ Annya Hɔ Da
  • AFE A WƆWOO NO: 1958

  • ƆMAN A OFI MU: ITALY

  • TEBEA A NA ƆWOM: NA ƆDƆM AKOBƆFO KUW

ME KAN ASETENA:

Wɔwoo me wɔ Rome kurotia baabi a ahiafo dɔɔso. Ɛhɔ na metena nyinii, na na abrabɔ mu yɛ den. Manhu me maame da, na me papa nso, na me ne ne ntam nyɛ papa. Baabi a metenae no ma misuaa anuɔden.

Mannya mfe du mpo na mehyɛɛ ase bɔɔ korɔn. Midii mfe 12 no, mifii ase bɔɔ ko. Me papa tumi hwehwɛ me saa ara. Ɛtɔ da bi a, gye sɛ ɔbɛfa me wɔ polisifo hɔ kɔ fie. Daa na mene nkurɔfo ham; aturuturasɛm nko ara na na midi, wobɛka sɛ me ne wiase nyinaa na anya. Midii mfe 14 no, mifii fie koraa kɔnenam basabasa, na mehyɛɛ ase nom nnubɔne. Ná minni baabi da, enti edu anadwo a, minya kar bi a na mabu ne pon ani akɔda mu ama ade akye. Mesɔre a na makɔpɛ nsu bi ahohoro me ho.

Ná makwadare korɔnbɔ mu paa; merehwim nkurɔfo bag, na merebɔ wura nkurɔfo afie mu anadwo. Mibegyee din bɔne, na ankyɛ na akobɔfo kuw bi ka kyerɛɛ me sɛ memmɛka wɔn ho mma yɛmmɔ adwuma. Ɛno ma minyaa “hokwan” suaa sɛnea wɔbɔ korɔn wɔ sikakorabea. Ná m’ani so yɛ hyew, enti eduu baabi no, na menyɛ nipa ketewa wɔ kuw no mu. Me tuo de, mankɔ annya hɔ da. Meda koraa a, na ɛhyɛ me sumii ase. Aturuturasɛm, nnubɔne, korɔn, kasafi ne ɔbrasɛe de, na mefa no kwa. Daa na polisifo rehwehwɛ me. Ná wɔtaa kyere me, enti ɛreyɛ ara ni na makɔ afiase aba.

SƐNEA BIBLE SESAA M’ASETENA:

Bere bi a woyii me fii afiase no, mekɔsraa me maame ketewa. Sɛɛ na ɔne ne mma mmienu abɛyɛ Yehowa Adansefo. Wɔkae sɛ wɔpɛ sɛ me ne wɔn kɔ Adansefo nhyiam bi ase. Ná mepɛ sɛ mihu nea wɔyɛ wɔ hɔ, enti midii wɔn akyi kɔe. Yeduu Ahenni Asa no so no, meyɛe ara tenaa kwan ano sɛnea ɛbɛyɛ a obiara reba mu anaa ɔrepue a, mehu no. Ɛhɔ nso, na me tuo hyɛ me ho.

 Saa nhyiam no sesaa m’asetena. Nea mihui no yɛɛ me sɛ dae! Obiara de anigye kyiaa me. Adansefo no anim nko ara mpo ma mihui sɛ wɔyɛ nnipa a wɔn yam ye na wodi nokware. Meda so ara kae saa da no. Sɛ mede Adansefo no toto nnipa a na me ne wɔn bɔ no ho a, na mihu sɛ wɔyɛ soronko koraa!

Adansefo no ne me fii ase suaa Bible. Nea na meresua no ma mibehui sɛ ɛsɛ sɛ mesakra m’abrabɔ koraa. Bible mu asɛm biako a ɛkaa me paa ne Mmebusɛm 13:20. Ɛka sɛ: “Nea ɔne anyansafo nantew no bɛyɛ onyansafo, na nea ɔne nkwasea bɔ no, ebewie no bɔne.” Mibehuu sɛ ɛsɛ sɛ metwe me ho fi akobɔfo kuw no ho. Ná ɛnna fam, nanso Yehowa boaa me ma metwee me ho.

Afei de, na m’abrabɔ reyɛ papa

Afei nso mifii ase siesiee me ho yiye. Meyeree me ho gyaee sigaret ne nnubɔne nom. Mitwitwaa me ti nhwi kusuu no gyaee asomuade hyɛ. Kasafi no nso migyaee ka. Afei de, na m’abrabɔ reyɛ papa.

Ná mempɛ akenkan ne adesua, enti na ɛnyɛ mmerɛw mma me koraa sɛ mɛtena ase asua Bible. Nanso, meyeree me ho suaa Bible no, na nkakrankakra, mebɛdɔɔ Yehowa. Mihuu nsakrae bi nso wɔ me mu. Afei de, meyɛ biribi a enye a, na m’ahonim bu me fɔ. Ɛwom ara nso a, na mete nka sɛ mensɛ hwee, efisɛ na madi bɔne pii, enti na ɛyɛ me sɛ Yehowa remfa me bɔne nkyɛ me da. Ɛba saa na mekenkan bɔne a anibere wom a Ɔhene Dawid yɛe no ho asɛm, na mihu sɛnea Yehowa de kyɛɛ no no a, ɛma me koma tɔ me yam.2 Samuel 11:1–12:13.

Ade biako a na ne yɛ nna fam mma me ne sɛ mɛkɔ nkurɔfo afie mu akɔka me gyidi ho asɛm. (Mateo 28:19, 20) Ná misuro sɛ anhwɛ a na makohyia obi a mayɛ no bɔne pɛn. Nanso, nkakrankakra, mitumi dii saa ehu no so. Afei de, m’ani gyei sɛ mereka yɛn soro Agya no ho asɛm na merema nkurɔfo ahu sɛ ɔyɛ mmɔborɔhunufo a ɔde bɔne kyɛ.

SƐNEA ABOA ME:

Yehowa ho ade a masua no agye me nkwa! Akobɔfo a na me ne wɔn bɔ no mu pii awuwu, na ebinom nso gu afiase. Me de, m’ani gye, na minim sɛ asetena pa bi da m’anim. Masua ahobrɛase ne osetie, na me koko bɔne no nso, matumi adi so. Ɛno ama mahu sɛnea yɛne nnipa tena. Seesei maware ɔbea fɛfɛ bi a ne din de Carmen. Yɛn mmienu nyinaa boa nkurɔfo ma wosua Bible, na ɛno ma yɛn ani gye paa.

Seesei, adwuma a meyɛ no, asɛm biara nni ho. Ɛtɔ da a mekɔyɛ adwuma wɔ sikakorabea, nanso, ɛnyɛ korɔn na mekɔbɔ wɔ hɔ; mmom mikosiesie hɔ.