Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nkwa Paanoo No—Woaka Ahwɛ?

Nkwa Paanoo No—Woaka Ahwɛ?

NKURƆFO bi kɔɔ Betlehem sɛ wɔrekɔhwehwɛ mmeae a wɔaka ho asɛm wɔ Bible mu no. Wokyinkyinii ara no, wɔtee nka sɛ afei de wɔabrɛ na ɔkɔm nso de wɔn. Enti na wɔrepɛ ɛhɔ biribi adi. Wɔn mu biako huu adidibea bi, na bere a wɔkɔɔ hɔ no, na wɔtɔn falafel. Falafel, wɔde adua a wɔayam, tomantosi, gyeene, ne ɛho nkekaho na ɛyɛ, na wɔde hyɛ paanoo bi a wɔfrɛ no pita bread mu. Bere a wodii aduan dɛdɛ yi wiei no, wonyaa ahoɔden foforo de toaa wɔn akwantu no so.

Akwantufo no kɔɔ mmeae pii, nanso na wonnim sɛ paanoo a wodii no nko ara mpo kyɛn biribiara a wohuu wɔ Betlehem saa da no. Edin Betlehem no kyerɛ “Paanoo Fie.” Enti wofii ase too paanoo wɔ hɔ nyɛ nnɛ. (Rut 1:22; 2:14) Paanoo a akwantufo no dii no yɛ tete aduan a agye din paa wɔ Betlehem nnɛ.

Betlehem nkyɛn baabi nso, bɛyɛ mfe mpem nnan ni, Abraham yere Sara too “paanoo” maa ahɔho mmiɛnsa bi a wonyae. (Genesis 18:6) “Esiam” a Sara de too paanoo no, ɛbɛyɛ sɛ wɔde atoko anaa awi a wɔfrɛ no emmer na ɛyɛe. Ná ɛsɛ sɛ Sara to paanoo no ntɛm, enti ebia ɔtoo wɔ abo hyehyeehye so.—1 Ahene 19:6.

Saa asɛm yi kyerɛ sɛ Abraham ne n’abusua ankasa na na wɔyɛ wɔn paanoo. Ná Abraham ne n’abusuafo nte wɔn kurom Ur bio. Mmom na wodi atutena, enti yetumi hu sɛ na Sara ne ne nkoa nni fononoo a ɛwɔ Ur no bi na wɔde ato paanoo. Esiam no nso, na Sara ankasa na ɔyam awi anaa atoko de yɛ, na na ne yɛ nna fam. Ná wɔyam no ɔbo so; ɛtɔ da bi mpo a, na wosiw no waduru mu.

Mfe ahanan akyi no, Mose Mmara no kaa sɛ, obi ntumi nnnye owiyammo anaa ɔbo a wɔyam so ade sɛ awowa, efisɛ “ɛyɛ ɔkra na wagye no.” (Deuteronomium 24:6) Onyankopɔn ani so no, na ɔbo a wɔyam so ade no yɛ biribi a ehia paa; enni fie a, abusua no bebua ada.—Hwɛ adaka “ Sɛnea na Tetefo Yam Awi De To Paanoo.”

PAANOO A ƐWOWAW ƆDESANI KOMA

Bible ka paanoo ho asɛm mpɛn pii. Wɔn a wɔkyerɛw Bible no, na wɔtaa de paanoo gyina hɔ ma aduan. Yesu ma ɛdaa adi sɛ, sɛ obi som Onyankopɔn a, obetumi de ahotoso abɔ mpae sɛ: “Ma yɛn nnɛ aduan wɔ da yi mu.” (Mateo 6:11) Ɛha no, Hela asɛmfua a ɛkyerɛ “paanoo” na wɔkyerɛɛ ase “aduan.” Yesu asɛm yi kyerɛ sɛ yebetumi anya Onyankopɔn mu ahotoso sɛ ɔremma yɛn ano aduan mmɔ yɛn da.—Dwom 37:25.

Nanso biribi wɔ hɔ a ɛho hia sen paanoo anaa aduan. Yesu kaa sɛ: “Ɛnyɛ paanoo nkutoo so na onipa nam bɛtena ase, na mmom asɛm biara a efi Yehowa anom nso.” (Mateo 4:4) Asɛm a Yesu kae yi, na ɔretwe adwene asi Israelfo abakɔsɛm so. Saa bere no, sɛ Israelfo nsa bɛkɔ wɔn ano a, na egyina Onyankopɔn so. Ná wofii Egypt nkyɛe. Ná wɔadi bɛyɛ bosome wɔ Sinai sare so ma wɔn aduan resa. Enti, na wosuro sɛ anhwɛ a ɔkɔm bekunkum wɔn wɔ sare no so. Ɛno ma wonwiinwii sɛ bere a wɔwɔ Egypt no, na wonya paanoo ne aduan papa di, nanso afei de abɔ wɔn.—Exodus 16:1-3.

Paanoo a wɔto wɔ Egypt no, ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ dɛ paa. Mose bere so no, na paanootofo a wɔwɔ Egypt no to paanoo ne keeki ahorow ahorow. Ɛnyɛ sɛ na Yehowa pɛ sɛ ne nkurɔfo di paanoo  kɔm wɔ sare no so. Ɔhyɛɛ wɔn bɔ sɛ: “Mɛma aduan atɔ afi soro ama mo.” Ampa-ne-ampa ara, ade bɛkye anɔpa biara no, na paanoo yi atɔ afi soro agu hɔ “nketenkete” te sɛ obosu anaa asukɔtweaa. Da a edi kan a Israelfo hui no, wobisaa sɛ: “Dɛn ni?” Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ ɛyɛ “aduan” anaa paanoo a “Yehowa de ama mo sɛ munni.” Wɔfrɛɛ no mana, * na wodii saa aduan yi toaa so mfe 40.—Exodus 16:4, 13-15, 31.

Mfiase no, ɛbɛyɛ sɛ Israelfo no ani gyee mana a Yehowa nam anwonwakwan so de maa wɔn no ho paa. Mana no, na ne dɛ te sɛ “tetare a ɛwo wom,” na obiara nyaa nea ɛbɛso no. (Exodus 16:18) Nanso, ɛyɛɛ kakra no, wɔn kɔn dɔɔ aduan ahorow ahorow a na wodi wɔ Egypt no. Wɔkasakasae sɛ: “Baabiara a wobɛfa biara mana yi ara na wuhu.” (Numeri 11:6) Akyiri yi mpo de, wɔn bo fui ara ma wɔkaa sɛ: “Aduan hunu yi afono yɛn kra.” (Numeri 21:5) “Ɔsoro aduan” anaa paanoo no, afei de na abɛdan aduan hunu ne abofonode ama wɔn.—Dwom 105:40.

NKWA PAANOO NO

Nneɛma bi wɔ hɔ a, anhwɛ a woremmu; ebi ne paanoo. Nanso Bible ka paanoo soronko bi ho asɛm, na ɛno de, ɛnsɛ sɛ yedi ho agoru koraa. Yesu de saa paanoo no totoo mana a bonniayɛ nti, Israelfo poe no ho. Ɛyɛ paanoo a ɛbɛma yɛanya nhyira daa.

Yesu ka kyerɛɛ n’atiefo sɛ: “Mene nkwa paanoo no. Mo agyanom dii mana wɔ sare so nanso wowuwui. Eyi ne paanoo a esian fi soro no, sɛ obiara nni bi na wanwu. Mene paanoo a ɛte ase a esian fii soro bae no; sɛ obi di paanoo yi bi a, ɔbɛtena ase daa; na nokwarem no, paanoo a mede bɛma no ne me honam esiane wiase nkwa nti.”—Yohane 6:48-51.

 Wɔn a wotiee Yesu asɛm no, wɔn mu pii ante “paanoo” ne “honam” a ɔde kaa n’asɛm no ase. Nanso, ntotoho a Yesu yɛe no, na ɛfata n’asɛm no paa. Ná Yudafo no di paanoo daa sɛnea Israelfo nso dii mana wɔ sare so mfe 40 no. Ɛwom, na mana fi Onyankopɔn hɔ, nanso amma wɔn a wodii no daa nkwa. Yesu de, afɔre a ɔbɔe no nti, sɛ obi kyerɛ ne mu gyidi a, obenya daa nkwa. Eyi kyerɛ sɛ Yesu ne “nkwa paanoo no” ampa.

Sɛ ɔkɔm de wo a, ebia wobɛpɛ paanoo bi de akum wo kɔm. Ebi mpo a, woda Onyankopɔn ase sɛ daa ɔma wo “paanoo” di. (Mateo 6:11The New English Bible) Sɛ yenya aduan a ɛyɛ dɛ di a, yɛn ani sɔ, nanso momma yɛnkae bere nyinaa sɛ “nkwa paanoo” Yesu Kristo de, ɛnsɛ sɛ yesi no fam koraa.

Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛnte sɛ Israelfo bonniayɛfo a na Mose ne wɔn nam no, na mmom yɛwɔ anisɔ ma “nkwa paanoo” no? Yesu kaa sɛ: “Sɛ modɔ me a, mubedi m’ahyɛde so.” (Yohane 14:15) Sɛ yedi Yesu ahyɛde so a, yebenya hokwan adi paanoo papa ama yɛn ani agye na yɛatena ase daa.—Deuteronomium 12:7.

^ nky. 10 Ɛbɛyɛ sɛ “mana” fi Hebri asɛmfua “man hu’?” mu. Nea ɛkyerɛ ne, “dɛn ni?”