Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn na Ɔma Yɛhu Amane Anaa?

Onyankopɔn na Ɔma Yɛhu Amane Anaa?

Nea Bible ka

 Bible ka no pen sɛ, ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔma yɛhu amane! Onyankopɔn bɔɔ nnipa no, wammɔ amanehunu anka ho. Mmom no, awarefo a wɔdii kan no sɔre tiaa Onyankopɔn tumidi na wɔpaw sɛ wɔbɛyɛ nea wɔn ankasa pɛ. Wɔtwee wɔn ho fii Onyankopɔn ho, na wɔnyaa ho nsunsuanso bɔne.

 Gyinae bɔne a wɔsii no, ɛno na nnɛ ama yɛrebrɛ yi. Enti ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔma nnipa hu amane.

 Bible ka sɛ: “Sɛ sɔhwɛ to obi a, ɛnsɛ sɛ ɔka sɛ: ‘Onyankopɔn na ɔresɔ me ahwɛ.’ Efisɛ wontumi mfa nnebɔne nsɔ Onyankopɔn nhwɛ, na ɔno nso nsɔ obiara nhwɛ.” (Yakobo 1:13) Onipa biara tumi hu amane. Nnipa a wɔwɔ Onyankopɔn anim dom no mpo, wɔtumi hu amane.