Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adɛn Ne Amanehunu Bebrebe Yi?

Adɛn Ne Amanehunu Bebrebe Yi?

Sɛ yebehu nea enti a amanehunu bebree wɔ hɔ, ne nea enti a nnipa abɔ mmɔden biara nso wontumi nyi fi hɔ a, gye sɛ yehu nneɛma a ɛde amanehunu ba no. Nneɛma a ɛde ba no dɔɔso, na ɛho asɛm ka yɛ den de, nanso Bible adaworoma yebetumi ahu saa nneɛma no. Yɛbɛhwɛ nneɛma anum a ama amanehunu abu so saa. Yɛsrɛ wo, kenkan nea Bible ka wɔ asɛm yi ho, na wubehu sɛnea Onyankopɔn Asɛm bɛboa yɛn ama yɛahwehwɛ asɛm yi mu akɔ akyiri na yɛahu nea akɔfa amanehunu aba.2 Timoteo 3:16.

NSUNSUANSO A ABAN BƆNE DE ABA

Bible ka sɛ: “Ɔdebɔneyɛfo di so a, ɔmanfo si apini.”Mmebusɛm 29:2.

Sɛ yɛhwɛ nnipa asetena nyinaa mu a, yehu sɛ atumfoɔ a wodi wɔn manfo so atirimɔden so abu so. Nanso, ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔte saa. Ebinom wɔ hɔ a, wɔn tirim wɔ asɛmpa. Nanso, sɛ wonya bɛtena agua no so pɛ na nneɛma ayɛ basaa; wobɛhwɛ no, na wɔn ara nkurɔfo repere tumi. Ɛtɔ da nso a, atumfoɔ no de wɔn tumi didi ɔmanfo ho. Amerika Ɔman no Kyerɛwfo Panyin dedaw Henry Kissinger kae sɛ: “Nnipa mmɔdenbɔ ayɛ kwa, na biribiara a nnipa de besi wɔn ani so sɛ wɔbɛyɛ no nyɛ yiye.”

Bible ka sɛ: “Enni onipa nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” (Yeremia 10:23) Bɔne wɔ nnipa ho, enti yenni nyansa ne nhumu a yɛde bɛyɛ yɛn nneɛma. Sɛ nkurɔfo ntumi ntutu wɔn ara anammɔn a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔatumi akyerɛ ɔman mũ nyinaa kwan? Afei woahu nea enti a nnipa atumfoɔ ntumi nyi amanehunu mfi hɔ no? Asɛm no ara ne sɛ, amanehunu pii wɔ hɔ a, aban bɔne na ɛde ba!

NEA ATORO SOM AKƆFA ABA

Yesu kae sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo ampa.”Yohane 13:35.

Ɔsom nyinaa mu mpanyimfo de wɔn ano ka sɛ wɔpɛ sɛ nnipa nyinaa yɛ biako na wɔdodɔ wɔn ho. Nanso nokware a ɛwom paa ne sɛ, ɔdɔ a ebetumi atu animhwɛ ase no, wontumi mfa nhyɛɛ wɔn asɔremma mu. Nea anka ɛsɛ sɛ nyamesom yɛ ne sɛ ɛbɛma nnipa adodɔ wɔn ho, nanso nea akɔba ne sɛ, nyamesom ka ho bi na mpaapaemu, ɔtanhunu ne twe-ma-mentwe adɔɔso wɔ nnipa ne nnipa ntam. Nyamekyerɛfo Hans Küng kyerɛw nhoma bi, na nea ɔde wiei ne sɛ: “Sɛ nkurɔfo sɔre tia aban ma ɛde ntawntawdi ne atirimɔdensɛm akɛse ba a, wobɛhwɛ bɛhwɛ no, sɛ ɛnyɛ nyamesomfo na ɛkɔfa bae a, na wɔn ho bɔn mu anaa wɔhyɛ akyi.”Christianity and the World Religions.

 Afei nso asɔre pii mu asɔfo tumi bue wɔn anom ton ka sɛ wɔpene so sɛ obi a waware anaa obi a ɔnwaree betumi atwe mpena, na ɔbarima ne ɔbarima betumi ada. Eyi ama yare atu atese, na nyinsɛn a woyi gu, nyinsɛn a wɔmpɛ, awaregyae, mmusua a emu atetew, awerɛhow ne yaw adɔɔso.

ONIPA SINTƆ NE AKƆNNƆ BƆNE

“Nea ɛsɔ obi hwɛ ne n’ankasa akɔnnɔ a ɛtwetwe no na ɛto no brada. Afei sɛ akɔnnɔ no nyinsɛn a, ɛwo bɔne; na bɔne no nso nyin a, ɛwo owu.”Yakobo 1:14, 15.

Wɔde bɔne awo yɛn nyinaa na yedi mfomso daa, enti sɛ yɛanka ntim a, yɛbɛbɔ “yɛn bra sɛnea yɛn honam akɔnnɔ te.” (Efesofo 2:3) Sɛ bɔne ba obi tirim na sɛ biribiara nsiw no kwan a, saa bere no paa na anhwɛ a ɔbɛyɛ bɔne. Sɛ yɛde yɛn ho ma bɔne a, nsunsuanso a ɛde ba no nyɛ papa.

Nhomakyerɛwfo P. D. Mehta kyerɛwee sɛ: “Amane a yehu no, bebree fi yɛn ankasa akɔnnɔ bɔne, anigye bebrebe, ɔhonam akɔnnɔ, anibere ne akɛsesɛm.” Nnipa bebree wɔ hɔ a nkurɔfo bu wɔn paa, nanso akɔnnɔ a nnipa nya ne nneɛma bɔne a ɛka nnipa hɔ te sɛ asabow, nnubɔne, kyakyatow, ɔbarima ne ɔbea nna nti, wɔn anim agu ase, na akɔfa amanehunu abrɛ wɔn mmusua, wɔn nnamfo ne afoforo. Onipa ho mfomso nti, yegye tom sɛ Bible asɛm yi yɛ nokware: “Obiara ani tua sɛ seesei abɔde nyinaa repenepene te sɛ nea awo aka wɔn.”Romafo 8:22, The New Testament in Modern English, J. B. Phillips.

AHONHOMMƆNE TUMI

Bible ma yehu sɛ Satan yɛ “wiase yi nyame,” na ahonhommɔne a wɔsan frɛ wɔn adaemone ka ne ho.2 Korintofo 4:4; Adiyisɛm 12:9.

Adaemone no te sɛ Satan, enti wɔn ani abere redi nnipa so na wɔredaadaa wɔn. Ɔsomafo Paulo gyee saa asɛm no toom, na ɔkae sɛ: “Ɛnyɛ yɛne mogya ne ɔhonam na ɛredi asi, na mmom yɛne nniso ahorow, tumidi, wiase yi sum mu atumfoɔ, ne ahonhommɔne dɔm a wɔwɔ soro hɔnom na anya.”Efesofo 6:12.

Sɛ adaemone teetee nnipa a, ɛma adaemone no ani gye nanso ɛnyɛ ɛno na ehia wɔn paa. Nea wɔpɛ ne sɛ wɔbɛdan nnipa afi Ɔsorosoroni Yehowa Nyankopɔn ho. (Dwom 83:18) Nneɛma a adaemone nam so daadaa nnipa di wɔn so no, emu bi ne nsoromma mu hwɛ, nkonyaayi, abayisɛm, ne abosonkɔm. Ɛno nti na Yehowa ma yehu saa nneɛma no, na ɔka sɛ wɔn a wosiw Satan kwan no, ɔbɛbɔ wɔn ho ban.Yakobo 4:7.

YƐWƆ “NNA A EDI AKYIRI” NO MU

Bɛyɛ mfe mpem abien a atwam ni no, Bible hyɛɛ nkɔm sɛ: “Hu eyi sɛ nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba.”

Bible toa so kyerɛ nneɛma a ɛbɛma mmere a emu yɛ den aba; ɛka sɛ: “Nnipa bɛyɛ ahopɛ, sikanibere, ahohoahoa, ahantan, . . . wɔn a wonni tema, wɔn a wontumi ne wɔn nyɛ apam, dinsɛefo, wɔn a wontumi nni wɔn ho so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa, wɔn a woyi afoforo ma, wɔn a wɔyɛ asobrakye, wɔn a wɔyɛ ahomaso, wɔn a wɔdɔ anigyede sen Onyankopɔn.” Yebetumi aka sɛ ade titiriw nti a amanehunu abu so nnɛ ne sɛ yɛte “nna a edi akyiri mu.”2 Timoteo 3:1-4.

Sɛ yɛhwɛ nneɛma a ɛde amanehunu ba a yɛaka ho asɛm no a, wunhu sɛ ɛno nti na nnipa ayɛ ayɛ ara nso wontumi nyi amanehunu mfi hɔ no? Ɛnde ɛhe na yɛbɛfa? Ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ani to Ɔbɔadeɛ no so, efisɛ wahyɛ bɔ sɛ “ɔbɛsɛe Ɔbonsam nnwuma” na wasɛe n’akyidifo nso. (1 Yohane 3:8) Onyankopɔn beyi nea ɛde amanehunu ba nyinaa afi hɔ, na asɛm a edi hɔ no bɛkyerɛ yɛn ɔkwan a ɔbɛfa so ayɛ saa.