Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nyansahu A Edi Mu

Nyansahu A Edi Mu

Nyansahu A Edi Mu

“So menkyerɛw afotusɛm ne nimdeɛ mmaa wo, sɛ fa hu sɛnea nsɛmpa no yɛ nokware na wode mmuae a ɛyɛ nokware akɔma nea ɔsomaa wo no anaa?”​—MMEBUSƐM 22:20, 21.

DƐN NA ƐMA BIBLE YƐ SORONKO? Tete nhoma taa ka nsɛm a ntease nnim a ɛyɛ hu; nso sɛ wode toto ɛnnɛ nyansahu ho a, ɛne no nkɔ koraa. Ɛnnɛ mpo nhomakyerɛwfo taa sesa wɔn nhoma mu nsɛm sɛnea ɛbɛyɛ a ɛne nneɛma a afei na wɔahu behyia. Bible de, ɛka sɛ nsɛm a ɛwom no fi Ɔbɔadeɛ no hɔ, na n’Asɛm nso “tena hɔ daa.”—1 Petro 1:25.

ƐHO NHWƐSO: Mose Mmara no hyɛɛ Israelfo no sɛ, sɛ wokogya wɔn anan a, wɔnkata so wɔ amoa mu wɔ “nsraban no akyi.” (Deuteronomium 23:12, 13) Sɛ Israelni bi ho ka aboa anaa nnipa funu a, mmara kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔde nsu guare anaa ɔhoro ne ntade. (Leviticus 11:27, 28; Numeri 19:13, 19) Saa bere no sɛ kwata yɛ obi a, na woyi no kɔtena baabi kosi sɛ wɔbɛhwɛ ahu sɛ yare no kɔ na ɛrentumi nsan obiara.—Leviticus 13:1-8.

NEA NNURUYƐFO AKA: Agyanan a wɔkata so, nsa a wɔhohoro, ne ayarefo a woyi wɔn fi nnipa mu yɛ akwan a edi mu a wɔfa so ko yare. Sɛ agyananbea ne baabi a nkurɔfo bɛyɛ wɔn ho yiye nni hɔ a, U.S. Asoɛe Ahorow a Ɛhwɛ Siw Nyarewa Ano (AASN) no de nyansahyɛ ma sɛ: “Ɛnsɛ sɛ wugya w’anan bɛn nsu; anyɛ yiye koraa no, kɔ akyiri bɛyɛ mita 30, na wuwie a, kata so.” Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no ka sɛ, sɛ ɔmanfo no kata agyanan so yiye a, nea ɛbɛba ne sɛ, sɛ nnipa 100 na anka wobenya ayamtu a, ɛso bɛtew aba 64. Bɛyɛ mfe 200 a atwam yi ara na nnuruyɛfo ahu sɛ kan no na wɔde yare san ayarefo pii esiane sɛ wosusoo efunu mu a wɔanhohoro wɔn nsa nti. U.S. Asoɛe (AASN) no da so ara ka sɛ “ade biako a etumi siw yare ano paa” ne nsa hohoro. Akwatafo ne afoforo a wɔwɔ nsanyare a woyi wɔn fi nnipa mu no nso ɛ? Nnansa yi ara, nhoma bi kae sɛ: “Sɛ nsanyare bi ba a, ɔkwan a edi mu paa a wɔbɛfa so adi ho dwuma ne sɛ wobeyi ayarefo no afi nnipa mu ntɛm.”—Saudi Medical Journal.

WUDWEN HO DƐN? Tete nhoma kronkron bɛn bio na ebetumi ne ɛnnɛ nyansahu ahyia saa? Anaasɛ Bible no nkutoo na ɛte saa?

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]

“Ahotew ho mmara a na ɛwɔ hɔ wɔ Mose bere so no de, edu twam koraa.”​—MANUAL OF TROPICAL MEDICINE, ODURUYƐFO ALDO CASTELLANI NE ODURUYƐFO ALBERT J. CHALMERS NA WƆKYERƐWEE