Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Coverdale Ɔboa Ma Wotintim Bible no Nyinaa Wɔ Borɔfo Kasa Mu

Coverdale Ɔboa Ma Wotintim Bible no Nyinaa Wɔ Borɔfo Kasa Mu

Coverdale Ɔboa Ma Wotintim Bible no Nyinaa Wɔ Borɔfo Kasa Mu

BIBLE a wodii kan tintim ne nyinaa wɔ Borɔfo kasa mu no, na biribiara nnim a ɛma yehu onipa a ɔkyerɛɛ ase. Onipa a ɔkyerɛɛ ase no din de Miles Coverdale, na wotintim no afe 1535 mu. Saa bere no, na n’adamfo William Tyndale akyerɛ Bible no fã bi ase ma enti wɔakyere no ato afiase; wokum Tyndale afe a edi hɔ no.

Coverdale nkyerɛase no baabi wɔ hɔ a, ɔhwɛɛ Tyndale de no so na ɛyɛe. Ɛyɛɛ dɛn na Coverdale de, otumi ma wotintim ne Bible no a wɔankum no, na ne bere so Bible asekyerɛfo binom de, wɔhweree wɔn nkwa? Sɛ yɛhwɛ Coverdale asetena a, dɛn na otumi yɛe?

Wogu Aba No

Wɔwoo Miles Coverdale wɔ Yorkshire, England bɛyɛ afe 1488 mu. Ɔkɔɔ Cambridge Sukuupɔn, na wɔhyɛɛ no Roma Katolek sɔfo afe 1514 mu. Robert Barnes kyerɛkyerɛɛ Coverdale ma ɔtee nka sɛ ɛsɛ sɛ nsakrae ba asɔre no mu. Barnes guan kɔɔ Europe Asasepɔn no so afe 1528. Mfe 12 akyi no, Asɔre mpanyimfo de Ɔsesɛwfo yi fam dua ho hyew no.

Eduu 1528 no, na Coverdale afi ase rekasa tia Katolek asɔre no wɔ asɔredan mu esiane nneyɛe bi a emfi Bible mu te sɛ ahonisom, bɔneka, ne Mass nti. Ná wɔrepɛ no akum no, enti ofi England kɔɔ Europe Asasepɔn no so kodii bɛyɛ mfe ason.

Bere a Coverdale kodii Hamburg, Germany no, ɔtenaa William Tyndale nkyɛn. Esiane sɛ na wɔn baanu nyinaa pɛ sɛ wɔyɛ Bible a nkurɔfo betumi akenkan nti, wɔkaa wɔn ti pam ho yɛɛ ho adwuma. Saa bere no, Coverdale suaa nneɛma pii fii Tyndale hɔ a ɛbɛma watumi akyerɛ Bible ase.

Nsakrae Bere

Akyiri yi, nneɛma fii ase sesae wɔ England. Afe 1534 no, Ɔhene Henry a ɔto so awotwe kekaa nsɛm bi wɔ baguam wɔ Roma de kyerɛe sɛ ommu Katolek pope no tumidi bio. Afei nso na n’ani gye ho sɛ nkurɔfo nsa bɛka Bible no bi wɔ Borɔfo kasa mu. Ankyɛ na Coverdale fii ase yɛɛ ho adwuma. Ná Coverdale te Borɔfo paa, nanso na ne yɔnko Tyndale a ɔno Coverdale di n’anammɔn akyi no wɔ kasa ahorow ho nimdeɛ sen no; ná Tyndale tumi ka Hebri ne Hela nyinaa yiye. Coverdale hwɛɛ Bible a wɔakyerɛ ase akɔ Latin ne German kasa mu so de sesaa nneɛma bi a na ɛwɔ Tyndale nkyerɛase mu no.

Wotintim Coverdale Bible no wɔ Europe Asasepɔn no so afe 1535, na afe biako akyi no, wokum Tyndale. Asɛm bi wom a wɔde hoahoaa Ɔhene Henry. Coverdale dii kan ka kyerɛɛ Henry sɛ wayi ase hɔ nsɛm a ɛwɔ Tyndale Bible no mu afi mu, efisɛ na ɛtwe adwene si Katolek Asɔre no nkyerɛkyerɛ a ennyina Bible so no so, na na asɛm wɔ ho. Enti Henry penee so sɛ wontintim Bible no. Afei de, na nsakrae reba nkakrankakra.

Afe 1537 mu no, wɔsan tintim Coverdale Bible no ahorow abien wɔ England. Afe no ara mu no, Ɔhene Henry penee so ma wotintim Bible foforo bi a wɔfrɛ no Matthew Bible wɔ Antwerp, na na emu nsɛm no bi fi Tyndale de no mu na ebi nso fi Coverdale de no mu.

Ankyɛ na ɔhene fotufo panyin Thomas Cromwell behui sɛ ehia sɛ wɔyɛ Matthew Bible no nso foforo; saa bere no nso, na Canterbury Ɔsɔfopɔn Cranmer taa n’akyi. Enti Cromwell ka kyerɛɛ Coverdale sɛ ɔnsan nyɛ Bible no nyinaa mu nsakrae. Afe 1539 mu no, Ɔhene Henry penee so ma wotintim Bible foforo yi a ne kɛse nti wɔfrɛɛ no Great Bible (Bible Kɛse) no, na ɔkae sɛ wɔmfa bi nkogugu asɔredan mu na obiara nkenkan bi. Nkurɔfo ani gyee ho paa wɔ ɔman no mu baabiara.

Agyapade a Coverdale De Agyaw Yɛn

Henry a ɔto so awotwe wui no, Edward a ɔto so asia bedii n’ade, na ɔpaw Coverdale sɛ Exeter ɔsɔfopɔn afe 1551 mu. Nanso bere a Katolekni Ɔhemmaa Mary bedii Edward adi afe 1553 mu no, ɛmaa Coverdale guan kɔɔ Denmark. Akyiri yi, ofii hɔ kɔɔ Switzerland kɔtoaa n’adwuma no so. Ɔyɛɛ nea wɔtaa frɛ no Apam Foforo no ahorow abiɛsa wɔ Borɔfo kasa mu kaa ho, na ɔde Latin kasa baa mu de boaa asɔfo no wɔ wɔn adesua mu.

Ade a ɛyɛ nwonwa wɔ Coverdale Bible no ho ne sɛ Onyankopɔn din “Yehowa” no mpue wom. Tyndale de Onyankopɔn din no yɛɛ adwuma bɛboro mpɛn 20 wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm a ɔkyerɛɛ ase no mu. Owura bi a wɔfrɛ no J. F. Mozley kae wɔ ne nhoma bi mu sɛ: “Afe 1535 mu de, Coverdale amfa edin [Yehowa] no anyɛ adwuma koraa.” (Coverdale and His Bibles) Nso akyiri yi ɔde Onyankopɔn din Yehowa no dii dwuma mprɛnsa wɔ Great Bible no mu.

Nanso Coverdale Bible no ne Borɔfo Bible a edi kan koraa a yehu Tetragrammaton no wɔ kratafa a edi kan. Saa Hebri nkyerɛwee anan a ɛyɛ Onyankopɔn din no wɔ kratafa no atifi pɛɛ. Ade biako a yebetumi ahyɛ no nsow ne sɛ, eyi ne Bible a edi kan a wɔamfa Apokrifa nhoma no amfra nhoma a ɛwɔ Hebri Kyerɛwnsɛm mu no, na mmom ɔde ne nyinaa kɔɔ Bible no awiei.

Nsɛm pii wɔ hɔ a Coverdale na odii kan de yɛɛ adwuma wɔ ne nkyerɛase no mu ansa na Bible asekyerɛfo a wɔbaa akyiri yi nso refa. Ɛho nhwɛso ne “owusunsuma bon” a ɛwɔ Dwom 23 nkyekyɛm 4 no. Ɔbenfo S. L. Greenslade ka sɛ asɛm “adɔe” a ɛwɔ nkyekyɛm 6 no yɛ “asɛmfua titiriw a ɛma ɔdɔ soronko a Onyankopɔn wɔ ma ne nkurɔfo no da nsow koraa wɔ ɔdɔ a ɔwɔ ma afoforo no ho, na ɛda nsow wɔ mmɔborɔhunu nso ho.” New World Translation of the Holy Scriptures—With References no nso de asɛmfua koro ara na edi dwuma, na ɛde ase hɔ asɛm yi ka ho sɛ: “Anaa ‘nokware dɔ.’”

Nhoma bi ka sɛ, sɛ yɛhwɛ Great Bible a Coverdale yɛe no a, “ɛyɛ Apam Foforo a Tyndale hyɛɛ ase no ne Borɔfo Bible a na ɛwɔ hɔ saa bere no nyinaa na ɔka boom.” (The Bibles of England) Nea ɛwom ne sɛ, nnipa a na wɔka Borɔfo kasa saa bere no, Coverdale Bible no na ɛboaa wɔn ma wonyaa Bible kenkanee.

[Kratafa 11 mfonini]

Benkum so de no yɛ tetragrammaton no a ɛwɔ afe 1537 Bible no mfiase

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 10]

From the book Our English Bible: Its Translations and Translators

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 11]

Mfonini fibea: From The Holy Scriptures of the Olde and Newe Testamente With the Apocripha by Myles Coverdale