Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wunim?

So Wunim?

So Wunim?

Kasa bɛn na Yesu kae?

Nhomanimfo adwene nhyia wɔ kasa a na Yesu ka no ho. Nanso, sɛ́ onipa a na ɔwɔ asase so no, na Yesu betumi aka Hebri ne Aram kasa. Bere a Yesu baa Nasaret a ɛwɔ Galilea, na ɔkɔɔ hyiadan mu no, ɔkenkan Yesaia nkɔmhyɛ nhoma, a ɛda adi sɛ wɔkyerɛw no Hebri mu no. Bible nka sɛ Yesu kyerɛɛ asɛm no ase kɔɔ Aram kasa mu.—Luka 4:16-21.

Ɔbenfo G. Ernest Wright kaa kasa a na wɔka wɔ Palestina bere a na Yesu Kristo wɔ asase so no ho asɛm sɛ: “Ɛda adi sɛ Hela ne Aram na na wɔtaa ka . . . Ebia na Roma asraafo ne aban mpanyimfo ka Latin, na na Yudafo no nso ka Hebri kasa a na wɔasesa mu kakra no.” Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ Pilato ma wɔkyerɛw asɛm a na ɛbɔ Yesu asɛndua no atifi wɔ kasa abiɛsa mu—Hebri, Latin, ne Hela.—Yohane 19:20.

Alan Millard kyerɛwee wɔ ne nhoma bi mu sɛ: “Sɛ na Roma amradofo reyɛ wɔn nnwuma a, akyinnye biara nni ho sɛ na wɔka Hela, na ɛbɛyɛ sɛ bere a Pilato bisaa Yesu asɛm bere a na wɔredi n’asɛm no, Yesu de Hela kasa na ebuaa no.” (Discoveries From the Time of Jesus) Ɛwom sɛ Bible nka asɛm yi ho hwee de, nanso yɛnhyɛ no nsow sɛ wɔanka sɛ obi kyerɛɛ nkɔmmɔ a Yesu ne Pilato bɔe no ase kɔɔ kasa foforo bi mu.—Yohane 18:28-40.

Sɛnea Ɔbenfo Wright kyerɛ no, “yɛrentumi nkyerɛ pɔtẽẽ sɛ [Yesu] kaa Hela anaa Latin, nanso bere a na ɔrekyerɛkyerɛ no, ɛbɛyɛ sɛ na ɔka Aram anaa Hebri a Aram kasa pii frafra mu a na nnipa dodow no ara ka no.”—Biblical Archaeology, 1962, kratafa 243.

Ná abo a wɔde sii Yerusalem asɔrefie no akɛse te dɛn?

Bere a asuafo no ne Yesu reka asɔrefie no ho asɛm no, wobisaa no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, hwɛ! abo ne adan bɛn ara ni!” (Marko 13:1) Ná abo a wɔde sii asɔrefie no bi akɛse te dɛn ankasa?

Bere a na Yesu wɔ asase so no, na Ɔhene Herode ama Asɔrefie Bepɔw no ayɛ kɛse, a sɛ wɔde toto nea na ɛwɔ hɔ wɔ Salomo bere so no ho a, na ɛyɛ ɛno mmɔho abien. Na ɛno ne bepɔw a onipa ayɛ a ɛso sen biara. Ná ne tenten bɛyɛ anammɔn 1,575, ɛnna ne trɛw bɛyɛ anammɔn 910. Wɔkyerɛ sɛ na abo a wɔde sii asɔrefie no bi tenten yɛ anammɔn 35, ne trɛw yɛ anammɔn 15, ɛnna ne pipiripi yɛ anammɔn 10. Ná abo no bi mu duru boro tɔn 50. Biako mpo de na emu duru reyɛ adu tɔn 400. Sɛnea nhomanimfo bi kyerɛ no, “tete no na ɔbo biara nni hɔ a ne kɛse ne ɔbo yi yɛ pɛ.”

Bere a Yesu rebua n’asuafo no, ɔkae sɛ: “Muhu adan akɛse yi? Wɔrennyaw ɔbo bi ɔbo so wɔ ha ɔkwan biara so a wonnwiriw ngu fam.” (Marko 13:2) Bere a Roma asraafo dwiriw asɔredan no gui wɔ Yesu awo akyi mfe 70 no, baabi a abo akɛse yi mu pii muni kɔtotɔe no, ɛhɔ ara na egu besi nnɛ.

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Abo a wɔde sii asɔrefie no a wɔtow guu asɔrefie bepɔw no akyi, Yerusalem