Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible Tumi Sesa Nnipa

Bible Tumi Sesa Nnipa

Bible Tumi Sesa Nnipa

Dɛn na etumi maa Mexiconi aberantewa bi a na ɔwɔ basabasayɛfo kuw a wɔfrɛ no Junior Satans mu no sesae bɛyɛɛ ɔman ba pa a odi nokware na ɔpɛ adwuma? Dɛn nti na Japanni guadini bea bi a ɔwɔ sika ankɔ so amfa ahonyade ansi n’ani so, na ɔte nka dɛn wɔ nsakrae a ɔyɛe no ho? Dɛn na ɛkaa Russiani bi a na ɔtɔn akode ma ogyaee adwuma a na sika wom nanso etia mmara no yɛ? Susuw nea nkurɔfo yi mu biara kae no ho hwɛ.

NE HO NSƐM

EDIN: ADRIAN PEREZ

MFE: 30

ƆMAN: MEXICO

SƐNEA NA ƆTE: NÁ ƆYƐ BASABASAYƐFO KUW MUNI

ME KAN ASETRA: Bere a midii bɛyɛ mfe 13 no, m’awofo tu kɔɔ Ecatepec de Morelos, Mexico State. Saa bere no, na mmofrabɔnesɛm, nsɛmmɔnedi, ne nnubɔnenom ahyɛ yɛn mpɔtam hɔ ma. Ankyɛ na me nso mifii ase de me ho hyɛɛ asanom bebrebe, nsɛmmɔnedi ne ɔbrasɛe mu.

Akyiri yi yɛsan tu kɔɔ San Vincente, kurow a wɔwoo me wom no mu. Ɛha nso na nnubɔnenom abu so. Na ɛnyɛ den sɛ obi behu sɛ ɔbabun bi awu da abɔnten so. Mede me ho kɔbɔɔ basabasayɛfo kuw bi a wɔfrɛ wɔn Junior Satans. Na yewia nneɛma, na na yɛnom nnubɔne nso. Mpɛn pii no, na minnim ɔkwan a mefa so du fie, na ɛtɔ mmere bi a, na mitumi twa hwe abɔnten so a minnim baabi a meda. Esiane korɔnbɔ ne awudi nti, wɔde me nnamfonom binom koguu afiase.

Me bɔne nyinaa akyi no, na migye Onyankopɔn di. Nea ɛbɛyɛ na m’ahonim nhaw me pii no, na mede me ho hyɛ ɔsom mu amanne bi a wɔfrɛ no Mmeamudua Akwantu a na wɔyɛ no Dapɛn Kronkron mu no mu. Sɛ yewie ɔsom mu amanne yi a, na yɛne nea ɔyɛɛ ne ho sɛ Kristo wɔ adeyɛ no mu no nyinaa kɔwe nsã boro.

SƐNEA BIBLE NO SESAA M’ASETRA: Aka kakra ma madi mfe 20 no, Yehowa Adansefo ne me fii ase suaa Bible. Ná minim sɛ ɔbra a merebɔ no mfa me nkosi baabiara, na sɛ mansesa a, ɛrensi me yiye. Asɛm a ɛwɔ Galatifo 6:8 no kaa me paa. Ɛka sɛ: “Nea ogu ma ne honam no fi ne honam mu betwa ɔporɔw, na nea ogu ma honhom no fi honhom mu betwa daa nkwa.” Kyerɛwsɛm yi ma mihui sɛ sɛ mepɛ sɛ esi me yiye a, ɛsɛ sɛ misusuw nea metwa daakye no ho.

Bere a mifii ase suaa Bible no, mibehui sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn teasefo a odwen me ho na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔde me bɔne a mayɛ no firi me. Mibehui sɛ otie mpaebɔ ampa.

Na ɛnyɛ mmerɛw sɛ mɛyɛ nsakrae wɔ m’asetram, na na ɛyɛ den sɛ mefi basabasayɛfo kuw no mu. Ɛwom sɛ na mafi kuw no mu de, nanso na mmeae bi wɔ hɔ a wɔmma me kwan ma memfa hɔ. Ɛtɔ mmere bi a, na ɛsɛ sɛ mede me ho sie efisɛ na me nnamfo no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛtwe me ne me asan akɔbɔ ɔbra a na kan no mewɔ mu no.

Nanso, bere a mifii ase ne Adansefo no kɔɔ nhyiam ahorow wɔ Ahenni Asa so no, mihui sɛ anigye ne ɔdɔ wɔ asafo no mu. Sɛnea Adansefo yi gyidi mu yɛ den na wɔde nea wosua bɔ wɔn bra no kaa me paa. Ná nkurɔfo yi nte sɛ wɔn a na me ne wɔn bɔ no koraa.

SƐNEA ABOA ME: Mfe du ni a mebɔɔ asu sɛ Yehowa Ɔdansefo. Mebɔ mmɔden paa sɛ mede Bible nkyerɛkyerɛ bɛbɔ me bra. Eyi ama m’abusuafo bu me. Seesei wonim me sɛ obi a ɔbɔ ne ho mmɔden wɔ adwumayɛ mu, na mpo mitumi ma wɔn sika. Me maame fii ase suaa Bible no, na nnɛ wabɛyɛ Yehowa Ɔdansefo. Me papa nso reyɛ nsakrae wɔ n’asetram. M’abusuafo pii nyɛ Yehowa Adansefo, nanso bere a wohuu nsakrae a mayɛ no, wɔabehu sɛ Bible betumi aboa obi ma n’asetra atu mpɔn.

NE HO NSƐM

EDIN: YAYOI NAGATANI

MFE: 50

ƆMAN: JAPAN

SƐNEA NA ƆTE: NÁ ƆYƐ ƆBEA GUADINI A ƆWƆ SIKA

ME KAN ASETRA: Wɔtetee me wɔ kurow ketewaa bi a emufo pɛ nnipa mu. Ná me papa wɔ sotɔɔ kɛse bi, na na wafa nnipa du ma wɔyɛ adwuma wɔ hɔ. Ná yɛn fie bɛn sotɔɔ no, enti ɛmfa ho sɛ na me papa ne me maame nni adagyew no, na mente nka sɛ meyɛ ankonam.

Yɛyɛ mmea baasa, na me na meyɛ wɔn mu panyin. Efi me mmofra ase pɛɛ na m’awofo tetee me sɛ menhwɛ abusua no adwuma so. Mewaree ntɛm. Me kunu gyaee adwuma a na ɔyɛ wɔ sika korabea no ne me bɛyɛɛ adwuma. Yɛwoo mmofra baasa toatoaa so. Na me maame na ɛhwɛ mmofra no san yɛ fie nnwuma, bere a na me nso meyɛ adwuma wɔ sotɔɔ mu hɔ fi anɔpa kosi anadwo. Ɛno mpo no, na yenya bere yɛ nneɛma bom sɛ abusua.

Afei mpɔtam hɔ sikasɛm sɛee ma aguadi yɛɛ basaa, na ɛkaa yɛn adwuma no. Enti nea ɛbae ne sɛ, yɛyɛɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛyɛ sotɔɔ a wɔtontɔn adansi ho nneɛma wom wɔ kwantempɔn bi ho. Ade rebɛkye ma yɛafi ase asi sotɔɔ dan no, me papa a na odi adwuma no anim no nyaa amemene mu yare prɛko pɛ ma enti na ontumi nyɛ hwee. Ná ontumi nkasa koraa, enti sotɔɔ foforo no ho adwuma nyinaa bɛdaa me so. Me kunu kɔɔ so hwɛɛ sotɔɔ dedaw no so. Ne saa nti, na yenni yɛn ho adagyew koraa.

Sotɔɔ foforo no mu adwuma kɔɔ so yiye. M’ani gyee nea na matumi ayɛ no nyinaa ho, ma enti na misi pɛ yɛ adwuma. Ɛwom sɛ na medɔ me mma de, nanso na adwuma agye m’adwene. Ná minnya bere ne me kunu mmɔ nkɔmmɔ, na sɛ yɛbɔ nkɔmmɔ nso a, na adan akyinnyegye nkutoo. Nea ɛbɛyɛ na magyina ɔhaw no ano no, ɛkame ayɛ sɛ na anwummere biara, me ne me nnamfonom ne me mfɛfo aguadifo pue kɔnom nsa. Nea na meyɛ ara ne sɛ mɛyɛ adwuma, anom nsa, na mada. Minyaa sika pii, nanso na minnim nea enti a minni anigye koraa no.

SƐNEA BIBLE NO SESAA M’ASETRA: Bere a Yehowa Adansefo fii ase ne me suaa ade no, Bible mu nsɛm abiɛsa bi kaa me koma paa. Bere a metee nea Mateo 5:3 kyerɛ ase no, misui. Ɛhɔ kenkan sɛ: “Anigye ne wɔn a wonim wɔn honhom mu ahiade, efisɛ ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea.” Bible mu asɛm yi kyerɛkyerɛɛ nea enti a ɛmfa ho sɛ na mewɔ sika pii na m’ayɔnkofo ani gye me ho no, na minni anigye no mu. Mibehui sɛ, sɛ mihu me honhom mu ahiade na meyɛ ho adwuma nkutoo a na metumi anya anigye ankasa.

Saa bere no na Japan sikasɛm asɛe koraa, na sɛ mewɔ m’ayɔnkofo mu a, na mihu sɛnea 1 Timoteo 6:9 yɛ nokware fa. Ɛkenkan sɛ: “Wɔn a wɔn ani abere sɛ wɔbɛyɛ adefo no hwe sɔhwɛ ne afiri ne nkwasea akɔnnɔ a ɛyɛ hu bebree mu, na ɛno na ɛde nnipa kɔ ɔsɛe pasaa mu.” Metee nka sɛ Yesu asɛm a ɛwɔ Mateo 6:24 a ɛka sɛ, “muntumi nsom Onyankopɔn ne Ahonyade” no fa me ho ankasa, ma enti meyɛɛ m’adwene sɛ mɛyɛ nsakrae wɔ m’asetra mu.

Mibehui sɛ mabu m’ani agu m’awofo, me kunu ne me mma so. Afei nso, ɛbɛdaa adi sɛ manya su ahorow bi a ɛmfata. Ná mabɛyɛ ahantan. Ná minni nnipa ho abotare. Na ná me bo fuw ntɛmntɛm. Mfiase no, misusuwii sɛ mintumi nsesa mmɛyɛ Kristoni. Nanso, na medɔ me mma paa, na mibehui sɛ sɛ mede Bible afotu di dwuma wɔ m’abusua mu a, na me mma no tie me yiye. Minyaa wɔn ho adagyew pii, na na me ne wɔn kɔ Kristofo nhyiam ahorow.

SƐNEA ABOA ME: Asetram atirimpɔw a mabehu, Onyankopɔn a mesom no, ne sɛnea mebɔ me bra ma ɛsɔ n’ani no ama manya anigye ne akomatɔyam ankasa. M’adwuma ho nhia me nsen m’abusua bio, enti seesei wobu me.

Bere a me maame hui sɛ Bible nnyinasosɛm a mede bɔ me bra no ama mayɛ nsakrae no, ɛkaa no ma osuaa Bible, na wabɛyɛ Kristoni. Anigyesɛm ne sɛ, me papa ne me kunu nyinaa nsɔre ntiaa yɛn sɛ yɛabɛyɛ Kristofo. Afei me ne me mma ntam abusuabɔ mu abɛyɛ den, na seesei manya abusua mu anigye ankasa.

NE HO NSƐM

EDIN: MIKHAIL ZUYEV

MFE: 51

ƆMAN: RUSSIA

SƐNEA NA ƆTE: OBI A NA ƆTƆN AKODE WƆ SUM ASE

ME KAN ASETRA: Kwae tumm atwa kurow a mifi mu, Krasnogorsk, ho ahyia. Moscow Asubɔnten no da kurow no anafo. Sɛ woto w’ani hwɛ kurow no atɔe ne atifi a, kwae nkutoo na wuhu.

Meyɛ abofra no, na mepɛ ntɔkwaw na na m’ani gye akode ho. Mede bere pii teɛteɛɛ m’apɔw mu. Afei nso na meyɛ atu, asekan ne akode afoforo wɔ sum ase. Bere bi akyi no, ɛbɛyɛɛ m’adwuma titiriw. Esiane sɛ na metoto me nneɛma yiye nti, na mitumi tɔn me nneɛma no ma nsɛmmɔnedifo paa.

SƐNEA BIBLE NO SESAA M’ASETRA: Wɔ 1990 mfe no mfiase mu hɔ no, mihyiaa Yehowa Adansefo, nanso mfiase no na misuro wɔn. Ná wobisabisa nsɛm pii dodo.

Da bi, wɔn mu biako kenkan Romafo 14:12 kyerɛɛ me sɛ: “Yɛn mu biara bebu n’ankasa akontaa akyerɛ Nyankopɔn.” Misusuw nea na mɛka akyerɛ Onyankopɔn no ho. Kyerɛwsɛm yi kaa me ma misuaa nea Onyankopɔn pɛ sɛ meyɛ no ho ade.

Mebɔɔ mmɔden sɛ mede Bible mu afotu a ɛwɔ Kolosefo 3:5-10 no bɛyɛ adwuma: “Enti, munkum mo nipadua akwaa a ɛwɔ asase so no wɔ aguamammɔ, afide, nna ho akɔnnɔ, nkate bɔne, ne anibere a ɛyɛ abosonsom ho. Saa nneɛma yi nti na Onyankopɔn abufuw reba. . . . Munyi ne nyinaa ngu, bobɔne, abufuw, nnebɔne, kasatia, na mommma kasafĩ mmfi mo anom mmpue. Munnnidi atoro nnkyerɛ mo ho. Munyi nipasu dedaw no ne ne nneyɛe ngu, na monhyɛ nipasu foforo.”

Ná ɛyɛ den ma me sɛ mɛyɛ nsakrae. Wɔn a na me ne wɔn di gua no kɔɔ so de sika puapuaa me sɛnea ɛbɛyɛ a mɛma wɔn akode. Afei nso sɛ obi yeyaw me a, na ɛyɛ den sɛ mɛhyɛ me ho so. Eyi nyinaa akyi no, mesɛee akode bebrebe a na mewɔ no. Bere a mihuu ɔdɔ a Onyankopɔn ne Kristo ada no adi akyerɛ me no, ɛkaa me ma medɔɔ wɔn. Mebɔɔ mmɔden suaa Bible, mekɔɔ Kristofo asafo nhyiam ahorow a wɔyɛ wɔ yɛn hɔ no, na mebɔɔ Onyankopɔn mpae hwehwɛɛ mmoa.

SƐNEA ABOA ME: Mmɔden a mebɔe ne mmoa a me nuanom Kristofo de maa me nti, mede nkakrankakra asesa me subammɔne no. Sɛnea Yehowa Nyankopɔn dwen yɛn mu biara ho, a wɔn a wɔawuwu mpo ka ho no ho ntease a manya no ama m’ani agye paa. (Asomafo Nnwuma 24:15) M’ani gye Yehowa Adansefo nokwaredi ne sɛnea wofi komam yɛ ade no ho paa. Na m’ani sɔ sɛnea wodwen me ho yiye ne sɛnea wodi Onyankopɔn nokware no.

Mfiase no, na m’abusuafo ne me nnamfonom binom sɔre tia ɔsom foforo a mede me ho akohyem no. Nanso wohui sɛ eye sɛ mede me ho bɛhyɛ ɔsom mu sen sɛ mede me ho bɛbɔ nsɛmmɔnedifo kuw. Ɛyɛ me anigye sɛ seesei mentɔn akode bio, na mmom matu me ho asi hɔ reboa afoforo ma wɔasua asomdwoe Nyankopɔn no ho ade.

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Mede me ho hyɛɛ Katolekfo afahyɛ ahorow mu sɛnea ɛbɛyɛ a m’ahonim renhaw me pii

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Ná mewɔ sika paa, nanso na minni anigye koraa