Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ So Twɛn!

Kɔ So Twɛn!

“Sɛ ɛkyɛ mpo a, twɛn no ara.”HABAKUK 2:3.

NNWOM: 128, 45

1, 2. Su bɛn na Yehowa asomfo wɔ?

YEHOWA asomfo anya abotare atwɛn sɛ Bible mu nkɔmhyɛ ahorow bɛbam. Ɛho nhwɛso ni. Ná Yeremia hwɛ kwan sɛ Babilonfo bɛsɛe Yuda, na saa pɛpɛɛpɛ na ɛsii afe 607 A.Y.B. (Yeremia 25:8-11) Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ Yehowa de Yudafo a wɔkɔɔ nkoasom mu no bɛsan aba Yuda. Ɔkaa sɛ: “Anigyeɛ ne wɔn a wɔtwɛn no.” (Yesaia 30:18) Ná Mika nso hwɛ kwan sɛ Yehowa bɔhyɛ bɛbam, enti ɔkaa sɛ: “Yehowa ara na mehwɛ no.” (Mika 7:7) Mfe pii a atwam no, ná Onyankopɔn asomfo gye di sɛ Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no anaa Kristo no bɛba.—Luka 3:15; 1 Petro 1:10-12. * (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)

2 Ɛnnɛ, yɛn nso yɛretwɛn sɛ nkɔmhyɛ a ɛfa Yehowa Ahenni ho no bɛbam. Yesu a ɔyɛ Ahenni no so Hene no bɛgye Onyankopɔn asomfo afi wiase bɔne yi mu nnansa yi ara. Ɔbɛsɛe abɔnefo nyinaa na wama amanehunu nyinaa aba awiei. (1 Yohane 5:19) Enti ɛsɛ sɛ yɛkɔ so hwɛ kwan sɛ Yehowa da no bɛtumi aba bere biara, na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yɛbɛtumi biara de siesie yɛn ho twɛn.

3. Sɛ yɛahwɛ awiei no kwan mfe pii a, asɛm bɛn na ebia yɛbɛbisa?

3 Yɛrehwɛ da a Onyankopɔn apɛde bɛyɛ hɔ wɔ asase so no kwan dendeenden. (Mateo 6:10) Nanso sɛ yɛahwɛ awiei no kwan mfe pii a, ebia yɛbɛbisa sɛ, ‘Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so hwɛ kwan sɛ awiei no bɛba nnansa yi ara?’

ADƐN NTI NA ƐSƐ SƐ YƐKƆ SO HWƐ KWAN SƐ AWIEI NO BƐBA NNANSA YI ARA?

4. Adɛn nti na ɛho hia sɛ ‘yɛkɔ so wɛn’?

4 Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ ‘wɔnkɔ so nwɛn.’ Ɛno nti na ɛho hia sɛ yɛkɔ so hwɛ kwan sɛ awiei no bɛba nnansa yi ara no. (Mateo 24:42; Luka 21:34-36) Bio nso, Yehowa ahyehyɛde no kɔ so kae yɛn sɛ ‘yɛntwɛn na yɛmma Yehowa da no ba nyɛ ntɛm yɛn adwenem,’ na yɛmfa yɛn adwene nsi wiase foforo a Yehowa de ahyɛ yɛn bɔ no so.—Kenkan 2 Petro 3:11-13.

5. Ade foforo bɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ sɛ twɛn Yehowa da no?

5 Sɛ na ɛsɛ sɛ Yesu akyidifo a wɔwɔ hɔ tete no kɔ so twɛn Yehowa da no a, ɛnneɛ ɛnnɛ koraa na ɛhia sɛ yɛtwɛn sen bere biara. Adɛn ntia? Efisɛ sɛnkyerɛnne a Yesu de mae no ama yɛahu sɛ wayɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene fi afe 1914, na yɛte nna a ɛdi akyiri no mu anaa “berɛ a ɛwɔ hɔ yi awieeɛ” mu. Sɛnea Yesu hyɛɛ nkɔm no, wiase no tebea sɛe ara na ɛresɛe, na wɔreka Ahenni no ho asɛmpa wɔ asase so nyinaa. (Mateo 24:3, 7-14) Yesu ankyerɛ bere tenten a nna a ɛdi akyiri no bɛdi, enti ɛsɛ sɛ yɛsiesie yɛn ho twɛn bere biara a awiei no bɛba.

6. Yɛyɛ dɛn hu sɛ bere a yɛrebɛn awiei no, nneɛma bɛsɛe koraa?

6 Asɛm, “berɛ a ɛwɔ hɔ yi awieeɛ” no kyerɛ sɛ, bere bi bɛba a nneɛma bɔne bɛdɔɔso paa wɔ wiase asen sɛnea ɛte nnɛ yi anaa? Bible ka sɛ “nna a ɛdi akyire mu no,” nnipa bɔne bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu. (2 Timoteo 3:1, 13; Mateo 24:21; Adiyisɛm 12:12) Ɛwom sɛ nneɛma asɛe koraa seesei deɛ, nanso yɛnim sɛ ɛbɛkɔ so asɛe asen sɛnea ɛte yi.

7. Dɛn na Mateo 24:37-39 ma yɛhu fa sɛnea nneɛma bɛyɛ wɔ nna a ɛdi akyiri no mu?

7 Ebia ebinom bɛnya adwene sɛ ansa na “ahohiahia kɛseɛ” no bɛba no, ɔko bɛsi wɔ ɔman biara mu, na nnipa dodow no ara bɛyare anaa ɔkɔm bɛde wɔn. (Adiyisɛm 7:14) Sɛ ɛba saa a, ɛnneɛ obiara bɛhu sɛ Bible nkɔmhyɛ renya mmamu. Ɛno bɛma nnipa a wɔn ani nnye nea Bible ka ho mpo ahu sɛ Bible nkɔmhyɛ renya mmamu. Nanso kae sɛ, Yesu kaa sɛ, nnipa dodow no ara ‘renhu’ sɛ yɛwɔ nna a ɛdi akyiri no mu. Wɔbɛyɛ nneɛma a wɔyɛ no daa no, na sɛ Yehowa da no ba a, wɔn ho bɛdwiri wɔn. (Kenkan Mateo 24:37-39.) Ɛda adi sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ nneɛma bɛsɛe adu akyiri wɔ wiase ansa na “ahohiahia kɛse” no afi ase, na ama nkurɔfo ahu sɛ awiei no abɛn.—Luka 17:20; 2 Petro 3:3, 4.

Yɛgye di paa sɛ yɛte “berɛ a ɛwɔ hɔ yi awieeɛ” mu

8. Esiane sɛ yɛama yɛn ani ada hɔ wɔ sɛnkyerɛnne a Yesu de ama no ho nti, dɛn na yɛgye di?

8 Nea enti a Yesu maa n’akyidifo sɛnkyerɛnne ne sɛ ɛbɛbɔ wɔn kɔkɔ ma wɔahu bere a wɔwom no pefee. Enti Yesu akyidifo ama wɔn ani ada hɔ. (Mateo 24:27, 42) Efi afe 1914 reba no, sɛnkyerɛnne a Yesu de mae no afã ahorow no rebam. Yɛgye di paa sɛ yɛte nna a ɛdi akyiri no mu, kyerɛ sɛ, “berɛ a ɛwɔ hɔ yi awieeɛ.” Yehowa asi da a ɔbɛsɛe Satan wiase bɔne no ho gyinae dedaw.

9. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so hwɛ kwan sɛ awiei no bɛba nnansa yi ara?

9 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so hwɛ kwan sɛ awiei no bɛba nnansa yi ara? Efisɛ yɛtie Yesu Kristo. Bio, yɛhu pefee sɛ nna a ɛdi akyiri no ho sɛnkyerɛnne a Yesu de mae no rebam. Ɛnyɛ sɛ asɛm biara a yɛbɛte no yɛgye di nti na yɛka sɛ awiei no abɛn, na mmom yɛgye di paa sɛ Bible nkɔmhyɛ rebam. Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ na yɛsiesie yɛn ho twɛn awiei no.

YƐBƐTWƐN AKOSI DA BƐN?

10, 11. (a) Adɛn nti na Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ ‘wɔnkɔ so nwɛn’? (b) Sɛ Yesu akyidifo nya adwene sɛ awiei no akyɛ sen sɛnea wɔsusu a, dɛn na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

10 Yɛn mu pii de nokwaredi asom Yehowa mfe pii na yɛretwɛn dendeenden sɛ ne da no bɛba. Sɛ yɛatwɛn akyɛ oo, sɛ ɛnkyɛe oo, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so hwɛ kwan sɛ saa da no bɛba nnansa yi ara. Ɛsɛ sɛ yɛsiesie yɛn ho twɛn bere a Yesu bɛba abɛsɛe Satan wiase no. Kae asɛm a Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnyɛ no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ so nhwɛ, monkɔ so nwɛn, ɛfiri sɛ monnim berɛ a wɔahyɛ no. Ɛte sɛ ɔbarima bi a ɔretu kwan a ɔgyaa ne fie na ɔde hyɛɛ ne nkoa nsa, maa wɔn mu biara adwuma, na ɔhyɛɛ ɛpono ano hwɛfoɔ no sɛ ɔnkɔ so nwɛn. Enti monkɔ so nwɛn, ɛfiri sɛ monnim berɛ a efiewura no reba, sɛ ɛyɛ adesaeɛ anaa dasuom anaa akokɔbɔneeɛ anaa ahemadakye; na sɛ ɔba mpofirem a, wammɛto mo sɛ moadeda. Na deɛ mereka akyerɛ mo yi mereka akyerɛ nnipa nyinaa, monkɔ so nwɛn.”—Marko 13:33-37.

Atoro som a wɔbɛto ahyɛ so no bɛtumi asi bere biara, na ɛbɛsi prɛko pɛ

11 Bere a Yesu akyidifo tee ase sɛ wafi ase redi ade afe 1914 no, wɔhuu sɛ awiei no bɛtumi aba bere biara. Enti wɔsiesiee wɔn ho, na wɔyeree wɔn ho yɛɛ asɛnka adwuma no dendeenden. Yesu kaa sɛ ɔbɛtumi aba “akokɔbɔneeɛ anaa ahemadakye.” Sɛ ɛba saa a, dɛn na ɛbɛhia sɛ n’akyidifo yɛ? Yesu kaa sɛ: “Monkɔ so nwɛn.” Enti sɛ ɛyɛ yɛn sɛ yɛatwɛn akyɛ mpo a, wei nkyerɛ sɛ awiei no wɔ akyirikyiri anaa ɛremma wɔ yɛn bere so.

12. Asɛm bɛn na Habakuk bisaa Yehowa, na mmuaeɛ bɛn na Onyankopɔn de maa no?

12 Bere a odiyifo Habakuk reka Yerusalem sɛe ho asɛm no, ɔnyaa abotare twɛnee. Adiyifo a wɔtenaa ase ansa na Habakuk reba no nso kaa saa asɛm no mfe pii. Habakuk huu sɛ abɔnefosɛm ne atɛnkyea abu so sen bere biara. Ɔbisaa Yehowa sɛ: “O Yehowa, mensu nkɔsi da bɛn?” Ɛwom sɛ Yehowa ankyerɛ Habakuk bere pɔtee a awiei no bɛba deɛ, nanso ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛrenka akyi.” Yehowa san ka kyerɛɛ Habakuk sɛ, “twɛn no ara.”—Kenkan Habakuk 1:1-4; 2:3.

13. Adwene bɛn na anka Habakuk bɛtumi anya, na adɛn nti na anka ɛrenyɛ papa?

13 Fa no sɛ Habakuk adwene yɛɛ no sɛ watwɛn awiei no akyɛ, ɛnna ɔkaa sɛ: ‘Mahwɛ Yerusalem sɛeɛ kwan akyɛ. Ɛbɛkyɛ paa ansa na awiei no aba. Ɛho nhia sɛ mekɔ so ka ho asɛm. Afoforo bɛtumi ayɛ saa adwuma no.’ Sɛ ɔnyaa adwene a ɛte saa a, dɛn na anka ɛbɛsi? Anka Yehowa ani rensɔ no. Afei nso, sɛ awiei no bae no na ɔnsiesiee ne ho a, anka ɔbɛtumi ahwere ne nkwa.

14. Adɛn nti na yɛbɛda Yehowa ase paa sɛ ɔbɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ yɛnkɔ so ntwɛn awiei no?

14 Fa no sɛ wowɔ wiase foforo no mu, na woahu sɛ nna a ɛdi akyiri no ho nkɔmhyɛ nyinaa baam pɛpɛɛpɛ sɛnea Yehowa kae no. Ɛno bɛma Yehowa mu gyidi a wowɔ no ayɛ kɛse paa, na ɛbɛma woanya ahotoso paa sɛ ɔbɛyɛ biribi foforo biara a wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ no. (Kenkan Yosua 23:14.) Woda Yehowa ase paa sɛ ɔde awiei no bae wɔ bere a wahyɛ mu na ɔbɔɔ ne nkurɔfo kɔkɔ sɛ wɔnkɔ so ntwɛn.—Asomafoɔ Nnwuma 1:7; 1 Petro 4:7.

BERE A YƐRETWƐN NO, YƐBƐKƆ SO AKA ASƐM NO

Wode ahokeka ka asɛmpa no? (Hwɛ nkyekyɛm 15)

15, 16. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yɛbɛtumi biara de ka asɛmpa no wɔ awiei bere yi mu?

15 Yehowa ahyehyɛde no bɛkɔ so akae yɛn sɛ yɛmfa Yehowa som nni kan wɔ yɛn asetena mu. Saa nkaesɛm yi boa yɛn ma yɛyere yɛn ho kɔ so som Onyankopɔn, na ɛsan nso ma yɛhu pefee sɛ ɛsɛ sɛ yɛde ahokeka ka asɛmpa no. Yɛgye di paa sɛ sɛnkyerɛnne a Yesu de mae no renya mmamu seesei ara, na awiei no bɛba nnansa yi ara. Enti yɛde Yehowa di kan wɔ yɛn asetena mu, na yɛkɔ so ka Ahenni no ho asɛmpa no.—Mateo 6:33; Marko 13:10.

16 Sɛ yɛka asɛmpa no kyerɛ afoforo a, yɛboa wɔn ma wɔfi Satan wiase a ɛrebɛsɛe nnansa yi ara no mu. Atoyerɛnkyɛm a ɛyɛ hu paa baako a ɛsii wɔ po so no sii afe 1945 bere a po so hyɛn Wilhelm Gustloff guu asu no. Nnipa mpempem pii wuwui. Wɔgyee onuawa bi ne ne kunu nkwa fii saa po so hyɛn no mu. Onuawa no kaa sɛ bere a na po so hyɛn no remem no, ɔbaa bi sui araa sɛ: “Me nneɛma! Me nneɛma! M’agude! M’agude nyinaa hyɛ ɛhyɛn no ase. M’ahwere me nneɛma nyinaa!” Nanso afoforo a na wɔwɔ hyɛn no mu huu sɛ nea ɛhia paa ne sɛ wɔbɛyere wɔn ho agye nkurɔfo nkwa. Ɛnnɛ nnipa nkwa da asiane mu. Yɛn nso yɛpɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade sɛ ɛhyɛn no mufo a na wɔnyɛ pɛsɛmenkominya no, na yɛde ahokeka yɛ asɛnka adwuma no. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yɛbɛtumi biara de boa nkurɔfo ma wɔnya nkwa wɔ wiase yi awiei.

Sisi gyinae pa na hu sɛ asɛnka adwuma no ho hia sen biribi foforo biara (Hwɛ nkyekyɛm 17)

17. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛgye di sɛ awiei no bɛtumi aba bere biara?

17 Yɛtumi hu pefee sɛ Bible nkɔmhyɛ renya mmamu, na wiase bɔne yi awiei abɛn pɛɛ. Yɛretwɛn sɛ “mmɛn du” no ne “aboa no” bɛto ahyɛ atoro som, Babilon Kɛse no so. (Adiyisɛm 17:16) Ɛnsɛ sɛ yɛnya adwene sɛ aka bere pii ansa na saa asɛm yi asi. Ɛnsɛ sɛ wo werɛ fi sɛ Onyankopɔn na ɔde ‘bɛhyɛ wɔn komam’ ma wɔato ahyɛ atoro som so. Wei bɛtumi asi bere biara, na ɛbɛsi prɛko pɛ wɔ bere tiaa bi mu! (Adiyisɛm 17:17) Satan wiase bɔne no reba awiei nnansa yi ara. Enti ɛsɛ sɛ yɛtie kɔkɔbɔ a Yesu de mae yi. Ɔkaa sɛ: “Monhwɛ mo ho so yie na adidi mmorosoɔ ne asanom ntrasoɔ ne asetena mu dadwene anhyɛ mo akoma so da, na da no ammɛto mo mpofirem sɛ fidie.” (Luka 21:34, 35; Adiyisɛm 16:15) Momma yɛn ani nna hɔ na yɛnkɔ so mfa nsi nyɛ Yehowa som adwuma no, na yɛnnya awerɛhyem sɛ “ɔdi ma deɛ ɔtwɛn no.”—Yesaia 64:4.

18. Asɛmmisa bɛn na yɛbɛnya ho mmuaeɛ wɔ adesua a ɛdi hɔ no mu?

18 Bere a yɛretwɛn sɛ wiase bɔne yi bɛba awiei no, ɛsɛ sɛ yɛtie afotu a osuani Yuda de mae no. Ɔkaa sɛ: “Adɔfo, berɛ a morenyini wɔ mo gyidie kronkron mu, na mobɔ mpaeɛ wɔ honhom kronkron mu no, momfa mo ho nsie Onyankopɔn dɔ mu, berɛ a motwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo mmɔborɔhunu a ɛkɔ daa nkwa mu no.” (Yuda 20, 21) Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛrehwɛ kwan sɛ Onyankopɔn wiase foforo no bɛba nnansa yi ara, na yɛretwɛn dendeenden? Yɛbɛsusu wei ho wɔ adesua a ɛdi hɔ no mu.

^ nky. 1 Sɛ wopɛ Bible nkɔmhyɛ ahorow bi a ɛfa Mesia no ho ne sɛnea ɛbaa mu a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nwoma no kratafa 200.