Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NEA ƐBƐBOA WƆN A WƆN BIRIBI AWU

Nea Eye Sen Biara a Ɛbɛboa Wɔn a Wɔn Biribi Awu

Nea Eye Sen Biara a Ɛbɛboa Wɔn a Wɔn Biribi Awu

ƐYAW A OBI DI BERE A NE DƆFO AWU NO, NNANSA YI, ABENFO YƐ MU NHWEHWƐMU PA ARA. Nanso sɛnea yɛadi kan ahu no, afotu a eye sen biara a wubenya afi saa abenfo yi hɔ no, ɛtaa ne afotu a ɛwɔ Bible mu no hyia. Wei di adanse pa ara sɛ Bible mu afotusɛm ntwam da. Ɛnyɛ afotu a mfaso wɔ so nko ara na Bible no de ma yɛn. Ɛsan ka nsɛm a yɛrennya wɔ baabiara, na saa nsɛm no betumi de awerɛkyekye a ɛkyɛn so ama wɔn a wɔredi awerɛhow.

  • Ɛma yenya awerɛhyem sɛ ɛnyɛ ade a yɛn adɔfo a wɔawuwu no rehu amane

    Bible ka wɔ Ɔsɛnkafo 9:5 sɛ “awufo de, wonnim biribiara.” Wɔn “nsusuwii yera.” (Dwom 146:4) Nea ɛne asɛm yi hyia no, Bible de owu toto nna hatee ho.—Yohane 11:11.

  • Ɛma yenya gyidi wɔ Onyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ no mu, na wei kyekye yɛn werɛ

    Bible ka wɔ Dwom 34:15 sɛ: “Yehowa * ani wɔ treneefo so, na wayɛ aso ama wɔn sufrɛ.” Sɛ yɛka sɛnea yɛte nka kyerɛ Onyankopɔn wɔ mpaebɔ mu a, eye sen aduru biara, anaa biribi foforo biara a yebetumi ayɛ de adi yɛn adwinnwen so. Nokwasɛm ne sɛ, ɛbɛboa yɛn ama yɛne yɛn Bɔfo no afa adamfo, na ɔno nso betumi de ne tumi no akyekye yɛn werɛ.

  • Ɛma yɛhwɛ daakye papa bi kwan

    Susuw ho hwɛ. Bere bi bɛba a daakye, wɔn a wɔawuwu no bɛsɔre aba nkwa mu bio wɔ asase so! Bible no ka saa bere no ho asɛm mpɛn pii. Bible kyerɛ sɛnea saa bere no, nneɛma bɛyɛ wɔ asase so. Ɛka sɛ Onyankopɔn ‘bɛpopa yɛn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio.’—Adiyisɛm 21:3, 4.

Wɔn a wogye Yehowa Nyankopɔn a Bible ka ne ho asɛm di no, wɔabegye atom sɛ daakye wobehu wɔn adɔfo a wɔawuwu no bio, na wei kyekye wɔn werɛ. Ɛho nhwɛso ni. Yɛfrɛ ɔbaa bi Ann, na kunu a waware no mfe 65 no wui. Ann ka sɛ: “Bible ma minya awerɛhyem sɛ ɛnyɛ ade a yɛn adɔfo a wɔawuwu no rehu amane, afei nso Onyankopɔn benyan wɔn a wɔwɔ ne nkae mu nyinaa. Bere biara a medwen me kunu a wawu ho no, saa Bible mu nsɛm no ba m’adwene mu. Enti ade a ɛyɛ yaw pa ara a ato me no, matumi agyina ano!”

Tiina a yɛadi kan aka ne ho asɛm wɔ nhoma yi mu no kaa sɛ: “Efi da a Timo wui no, mahu sɛ Onyankopɔn aboa me. Mete nka pa ara sɛ Yehowa ataa m’akyi wɔ m’ahohia bere mu. Afei nso, ɛbɔ a Bible ahyɛ afa owusɔre ho no, mihu sɛ ɛbɛbam. Wei hyɛ me den ma mempa abaw, na mekura mu saa ara akosi sɛ mehu Timo bio.”

Nnipa ɔpepem pii a wogye di sɛ Bible mu nsɛm yɛ nokware no, wɔne Tiina yɛ adwene. Sɛ ɛyɛ wo sɛ Bible mu nsɛm no yɛ anansesɛm anaa adaeso mpo a, wo de, adanse a ɛma yehu sɛ Bible mu afotusɛm ne bɔhyɛ ahorow yɛ nokware no, yɛ mu nhwehwɛmu, na ɛbɛboa wo ara. Ebia wubehu sɛ Bible mu nsɛm ne nea eye sen biara a ɛbɛboa wɔn a wɔn biribi awu.

OWUSƆRE HO ANIDASO NO, SUA PII KA HO

Hwɛ ɛho video wɔ yɛn wɛbsaet jw.org/tw so

Bible hyɛ bɔ sɛ daakye, yɛn adɔfo a wɔawuwu no bɛsɔre afi awufo mu na yɛama wɔn akwaaba

TEBEA BƐN NA AWUFO WOM?

Sɛ yewu a, ɛhe na yɛkɔ? Mmuae a emu da hɔ a Bible de ma no bɛkyekye wo werɛ na ama wo awerɛhyem

Hwɛ NHOMAKORABEA > VIDEO (Video Afã: BIBLE)

WOPƐ SƐ WOTE ASƐMPA?

Akomatusɛm abu so wɔ wiase. Ebia wubebisa sɛ ɛhe na mɛte asɛmpa?

Hwɛ BIBLE NKYERƐKYERƐ > ASOMDWOE NE ANIGYE

^ nky. 7 Bible ma yehu sɛ Onyankopɔn din ne Yehowa.