Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adɛn Nti na Nnipa Wu?

Adɛn Nti na Nnipa Wu?

Nea Bible ka

 Nkurɔfo taa bisa nea enti a yewu, titiriw bere a wɔn ho nnipa bi awu no. Bible ka sɛ: “Nwowɔe a ɛde owu ba ne bɔne.”​—1 Korintofo 15:56.

Adɛn nti na nnipa nyinaa yɛ bɔne na wowu?

 Ade a ɛmaa nnipa a wodi kan, Adam ne Hawa, wui ne sɛ wɔyɛɛ bɔne tiaa Onyankopɔn. (Genesis 3:17-19) Onyankopɔn ‘nkyɛn na nkwa nsuti wɔ.’ Enti bere a Adam ne Hawa tew Onyankopɔn so atua no, wu ara na na ‘wobewu.’​—Dwom 36:9; Genesis 2:17.

 Adam bɔne no trɛw kaa n’asefo nyinaa. Bible ka sɛ: “Ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae, ma owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.” (Romafo 5:12) Nnipa nyinaa yɛ bɔne, enti nnipa nyinaa wu.​—Romafo 3:23.

Sɛnea wobeyi owu afi hɔ

 Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ bere bi bɛba a “ɔbɛmene owu akosi daa.” (Yesaia 25:8) Ansa na Onyankopɔn beyi owu afi hɔ no, ɛsɛ sɛ odi kan yi bɔne fi hɔ efisɛ bɔne na ɛma yewu. Onyankopɔn nam Yesu Kristo so ‘beyi wiase bɔne afi hɔ.’​—Yohane 1:29; 1 Yohane 1:7.