Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛ wo ne wo hokafo bom yɛ ade a, ɛte sɛ nea moabom reka wimhyɛn; mowɔ botae koro

AWAREFO

2: Monyɛ Ade Mmɔ Mu

2: Monyɛ Ade Mmɔ Mu

NEA ƐKYERƐ

Sɛ okunu ne ɔyere bom yɛ ade a, ɛte sɛ nea obi ne n’adamfo abom reka wimhyɛn; ɛyɛ a wɔwɔ botae koro. Sɛ nsɛnnennen sɔre mpo a, sɛ́ anka awarefo no mu biara bedwen ne nko ara ho no, odwen wɔn mmienu ho mmom.

BIBLE MU ASƐM: “Wɔnyɛ baanu bio, na mmom ɔhonam koro.”​—Mateo 19:6.

“Ɛnyɛ obiakofo na ɛware. Ɛsɛ sɛ okunu ne ɔyere yɛ ade bom na ama aware no agyina.”​—Christopher.

NEA ENTI A ƐHO HIA

Sɛ akasakasa sɔre a, okunu ne ɔyere a wɔnyɛ ade mmɔ mu no taa kasa tia wɔn ho wɔn ho mmom sen sɛ wobedi ɔhaw no ho dwuma. Asɛm ketekete mpo, wobɛhwɛ no na abɛyɛ akwanside kɛse bi.

“Sɛ aware begyina a, ehia sɛ awarefo no bom yɛ ade. Sɛ ɛnyɛ sɛ me ne me kunu bom yɛ ade a, anka mɛka sɛ yɛnyɛ awarefo, mmom no yɛbɛyɛ sɛ nnipa mmienu bi a wɔte dan baako mu kɛkɛ. Nnipa saa no, sɛ ɛba no gyinaesi a, obiara nam ne kwan.”​—Alexandra.

NEA WUBETUMI AYƐ

FA WEI SƆ WO HO HWƐ

  • Sika a minya no, mihu no sɛ ɛyɛ me nko ara me dea?

  • Sɛ metumi adwudwo me ho yiye a, gye sɛ mafi me hokafo nkyɛn anaa?

  • Metwe me ho fi me hokafo abusuafo ho ɛmfa ho sɛ ɔno de ɔbɛn wɔn pa ara no?

WO NE WO HOKAFO NSUSUW HO

  • Sɛ yɛhwɛ yɛn aware mu a, dɛn ne dɛn na yɛn mmienu tumi bom yɛ?

  • Nneɛma bɛn na yentumi mmɔ mu nyɛ a enti ɛsɛ sɛ yetu mpɔn wom?

  • Dɛn na yebetumi ayɛ na ama sɛnea yɛbom yɛ ade no atu mpɔn?

NYANSAHYƐ

  • Fa no sɛ morebɔ bɔɔl, nanso ɛsono team a wowom ɛnna ɛsono nea wo hokafo wom. Wohwɛ a ɛbɛkɔ sɛn? Afei bisa wo ho sɛ, dɛn na wubetumi ayɛ na ama wo ne wo hokafo no nyinaa akɔ team baako mu?

  • Sɛ́ anka wubedwen sɛ, ‘Mɛyɛ dɛn adi nkonim no?’ Bisa wo ho sɛ ‘Yɛbɛyɛ dɛn na yɛn mmienu nyinaa adi nkonim?’

“Ɛnyɛ nea n’asɛm yɛ dɛ anaa nea n’asɛm nyɛ dɛ na ehia. Mmom no, nea ehia pa ara ne sɛ asomdwoe ne baakoyɛ bɛba mo aware no mu.”​—Ethan.

BIBLE MU ASƐM: “Monnhwɛ nneɛma a ɛfa mo nko ara ho, na mmom monhwɛ nea ɛfa afoforo ho nso bi.”​—Filipifo 2:3, 4.