Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | AWAREƐ

Bere a Mo Adwene Nhyia

Bere a Mo Adwene Nhyia

ƆHAW NO

W’ani gye bɔɔl ne nneɛma a ɛtete saa ho, nanso wo hokafo deɛ, akenkan na n’ani gye ho. Woto wo bo ase hyehyɛ wo nneɛma pɛpɛɛpɛ; nanso wo hokafo de nneɛma toto basabasa. Wototo wo biribiara kama, nanso wo kunu anaa wo yere nte saa. W’ani gye ho sɛ wo ne nkurɔfo hyia gye mo ani, nanso wo hokafo no mpɛ saa.

Ebia wobɛka sɛ, ‘Yɛn adwene nhyia koraa. Ɛyɛɛ dɛn na bere a yɛnwaree no yɛanhu?’

Ebia ne nneyɛe bi maa wohuu sɛ ɔwɔ saa suban no, nanso woamfa anyɛ asɛm, enti seesei a moaware yi, bɔ mmɔden sɛ woremma saa nneɛma no nsɛe mo anigye. Nyan! yi bɛma woahu nea wobɛtumi ayɛ. Ma yɛnni kan nhwɛ nneɛma a ebia mo adwene ntaa nhyia wɔ ho no bi.

NEA ƐSƐ SƐ WOHU

Ɛnyɛ biribiara na mobɛtumi abu mo ani agu so. Sɛ wo ne obi hyehyɛ awareɛ a, adeɛ baako a ɛho hia paa ne sɛ wobɛhwɛ sɛ mofata mo ho anaa. Enti sɛ ebinom yɛ awareɛ nhyehyeɛ na wɔhu sɛ wɔn adwene nhyia wɔ biribi titiriw bi ho a, wɔtwa nhyehyɛe no mu sen sɛ wɔbɛware ama obiara ayɛ nea ɔpɛ. Na sɛ wɔn adwene nhyia wɔ nneɛma nketenkete ho nso ɛ?

Ntaafoɔ mpo, ɛsono obiara adwene. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ awarefo adwene nhyia wɔ nneɛma a ɛdidi so yi mu:

Ɛsono nea obiara pɛ. Ɔbaa warefoɔ bi a wɔfrɛ no Anna * kaa sɛ, “Mempɛ apuepue, nanso me kunu deɛ n’adwuma ara no no; ɔyɛ aberanteɛ no, na ɔtumi tu kwan kɔhyɛ baabi saa.”

Sɛnea moyɛ mo adeɛ. Ɔbarima bi a ne din de Brian kaa sɛ, “Me yere nna ntɛm; ɔtumi tena hɔ ara ma adeɛ sa paa, nanso ɛmmɔ anɔpa 5:00 na wasɔre dadaada. Me deɛ, sɛ m’anna bɛyɛ nnɔnhwere nson anaa nwɔtwe a, adeɛ bɛkye na mayɛ basaa.”

Mo suban. Ebia wompɛ kasa, nanso wo hokafo deɛ ɔpɛ kasa. David kaa sɛ: “Efi me mmofraase menka m’asɛm nkyerɛ obiara, nanso me yere deɛ, abusua a ɔfi mu no, wɔmfa wɔn asɛm nsie.”

Mo adwene nhyia a, ɛnyɛ nwonwa. Ɔbaa warefo bi a ɔde Helena nso kaa sɛ, “Sɛ ɛyɛ me sɛ ɔkwan a mefa so yɛ m’ade no yɛ mpo a, ɛno nkyerɛ sɛ kwan foforo biara nni hɔ a yɛbɛtumi afa so ayɛ.”

NEA WOBƐTUMI AYƐ

Boa wo hokafo. Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Adam kaa sɛ, “Me yere Karen ani nnye bɔɔl ne nneɛma a ɛtete saa ho koraa. Nanso ɛwom wom a, ɔne me kɔ kɔhwɛ bɔɔl na sɛ obi hyɛ a, ɔno nso bɔ gye so bi. Karen deɛ, nea ɔpɛ ara ne sɛ ɔbɛkɔ baabi a wɔkora tete nneɛma so akɔhwehwɛ hɔ. Enti ɛyɛ a me nso mebɔ mmɔden sɛ me ne no bɛkɔ. Esiane sɛ medɔ me yere nti, ɛyɛ a mekyerɛ nneɛma a ɔpɛ ho anigye.”—Bible mu asɛm: 1 Korintofoɔ 10:24.

Susu wo hokafo no adwenkyerɛ ho. Sɛ wo ne wo hokafo adwene nhyia wɔ biribi ho a, ɛnkyerɛ sɛ wo deɛ nko ara na ɛyɛ. Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Alex gyee saa asɛm yi toom. Ɔkaa sɛ: “Asɛm biara ba a, na mesusu sɛ sɛnea m’adwene yɛ me no, ɛno ara no no. Nanso bere a mewaree no, mehuu sɛ ɛnyɛ ɔkwan baako pɛ na ɛsɛ sɛ yɛfa so yɛ biribiara.”—Bible mu asɛm: 1 Petro 5:5.

Gye tom sɛ ɛsono obiara. Sɛ mote mo ho ase a, ɛno nkyerɛ sɛ mo adwene bɛhyia wɔ biribiara mu. Enti ɛtɔ da na mo adwene nhyia wɔ asɛm bi ho a, ɛnsɛ sɛ wodwene sɛ momfata mo ho. Nwoma bi a wɔfrɛ no The Case Against Divorce ka sɛ: “Ɛyɛ a nea nnipa pii ka ara ne sɛ ‘ɔdɔ na ɛsisii m’aso.’” Nanso nwoma no toa so sɛ, “Sɛnea motumi de anigye tena sɛ awarefo no ara kyerɛ sɛ mo adwene a ɛnhyia nyinaa akyi no, mobɛtumi adodɔ mo ho.” Enti “sɛ obi wɔ asɛm tia ne yɔnko a,” mommɔ mmɔden sɛ ‘mobɛkɔ so anya mo ho aboterɛ.’—Kolosefoɔ 3:13.

Sɔ wei hwɛ: Kyerɛw adeɛ a wopɛ, adeɛ a w’ani gye ho, ne adeɛ a wohu sɛ wo ne wo hokafo adwene hyia wɔ ho gu krataa so. Afei kyerɛw nea wosusu sɛ mo adwene nhyia wɔ ho nso. Wobɛhu sɛ sɛɛ monni haw koraa. Mmom ɛbɛma woahu baabi a ɛsɛ sɛ wonya wo kunu anaa wo yere ho abotare ne baabi a ɛsɛ sɛ woboa no. Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Kenneth ka sɛ, “Sɛ me yere nya me ho abotare a, m’ani gye, na menim sɛ sɛ me nso menya ne ho abotare a, n’ani gye. Sɛ ɛhia sɛ mede biribi bɔ afɔre na ama n’ani agye a, meyɛ saa.”—Bible mu asɛm: Filipifoɔ 4:5.

^ nky. 10 Yɛasesa din no bi.