Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nyansa a Efi Onyankopɔn Hɔ No, Wo Nsa Betumi Aka Bi

Nyansa a Efi Onyankopɔn Hɔ No, Wo Nsa Betumi Aka Bi

“Kyerɛwnsɛm no nyinaa fi Onyankopɔn honhom mu.” (2 Timoteo 3:16) Saa asɛm no kyerɛ sɛn? Ɛkyerɛ sɛ, ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn de ne nsusuwii hyɛɛ wɔn a wɔkyerɛw Bible no adwene mu na wɔkyerɛwee.

Onyankopɔn Reto Nsa Afrɛ Wo Sɛ Besua Ne Ho Ade Na Nya Ne Nyansa No Bi

“Me, Yehowa, mene . . . nea ɔkyerɛkyerɛ wo ma esi wo yiye, nea ɔkyerɛ wo ɔkwan a ɛsɛ sɛ wofa so no. Sɛ wubetie me mmara nsɛm a, anka w’asomdwoe bɛyɛ sɛ asubɔnten, na wo trenee ayɛ sɛ po asorɔkye.”​—YESAIA 48:17, 18.

Fa no sɛ Onyankopɔn ankasa na ɔreka saa asɛm yi akyerɛ wo. Ɔpɛ sɛ w’asom dwo wo, na w’ani gye afebɔɔ. Obetumi aboa wo ama woahu nea woyɛ a ɛbɛma w’ani agye.

Wo Nsa Betumi Aka Nyansa a Efi Onyankopɔn Hɔ No Bi

‘Ɛsɛ sɛ wɔka asɛmpa no wɔ amanaman nyinaa mu.’​—MARKO 13:10.

“Asɛmpa” a Bible ka ho asɛm no, ebi ne sɛ, Yehowa beyi amanehunu nyinaa afi hɔ, obesiesie asaase no ama adan paradise, na obenyan yɛn adɔfo a wɔawuwu no aba nkwa mu bio. Yehowa Adansefo rebɔ saa asɛmpa yi dawuru wɔ wiase nyinaa.