Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Afotusɛm a Ɛbɛma W’ani Agye Na Woanya Akomatɔyam

Afotusɛm a Ɛbɛma W’ani Agye Na Woanya Akomatɔyam

Obiara nni hɔ a ɔmpɛ sɛ n’ani gye. Asigyafo, awarefo, mmofra ne mpanyimfo nyinaa pɛ sɛ wɔn ani gye na wɔn koma tɔ wɔn yam. Na wunim? Yɛn Bɔfo no nso pɛ sɛ yɛn ani gye na yɛn koma tɔ yɛn yam. Ɛno nti wama yɛn afotu pa a sɛ yɛde yɛ adwuma a, ɛbɛboa yɛn ama yɛn ani agye.

Yere Wo Ho Yɛ Adwuma

“Ɔnyɛ adwumaden, na ɔmfa ne nsa nyɛ adwuma pa. Ɛno bɛma wanya biribi ama nea ahia no.”​—EFESOFO 4:28.

Yɛn Bɔfo no pɛ sɛ yenya adwuma ho adwempa, na ɔmpɛ sɛ yɛyɛ akwadworɔ. Adɛn ntia? Sɛ obi yere ne ho yɛ adwuma a, ɛma n’ani gye, ɛma otumi hwɛ ne ho ne n’abusua, na otumi nya bi mpo de boa afoforo a ahia wɔn. Afei nso, sɛ obi pɛ adwuma a, n’adwumawura nsi no fam. Obi a ɔte saa no, ɛyɛ a ɛyɛ den sɛ wobeyi no adi. Ɛno nti, Kyerɛwnsɛm no ka sɛ, sɛ obi yɛ adwumaden a, mfaso a onya no ‘yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ.’​—Ɔsɛnkafo 3:13.

Di Nokware

“Yegye di sɛ yɛwɔ ahonim pa, efisɛ yɛpɛ sɛ yɛde nokwaredi bɔ yɛn bra wɔ biribiara mu.”​—HEBRIFO 13:18.

Sɛ yedi nokware a, ɛma yɛn ani gye, yɛn asom dwo yɛn, na yɛda a na yɛada. Afei nso, ɛma afoforo gye yɛn di, na wonya obu ma yɛn. Wɔn a wonni nokware no de, wonni anigye biara, na wɔda a wontumi nna, efisɛ wɔn tiboa bu wɔn fɔ, na ɛyɛ a wosuro sɛ da koro wɔbɛkyere wɔn.

Mma W’ani Mmmere Sika

“Mommma sikanibere mmma mo abrabɔ mu, mmom momma mo ani nsɔ nea mowɔ.”​—HEBRIFO 13:5.

Yehia sika de atɔ aduan ne nneɛma afoforo a yehia. Nanso “sikanibere” yɛ hu paa. Sɛ obi ani bere sika a, ɔde ne bere ne n’ahoɔden nyinaa di sika akyi. Wei tumi kɔfa ɔhaw pii brɛ no. Etumi ma n’aware gyigya, onnya bere mma ne mma, na etumi ma n’apɔwmuden ho ba asɛm. (1 Timoteo 6:9, 10) Ɛno da nkyɛn a, obi a n’ani bere sika no, ɛnyɛ den koraa sɛ ɔbɛfa kwatikwan so anya ne ho. Onyansafo bi kaa sɛ: “Ɔnokwafo benya nhyira pii, na nea ɔrepɛ ntɛm anya ne ho de, ɔremfa ne ho nni.”​—Mmebusɛm 28:20.

Ma Onyankopɔn Nkyerɛkyerɛ Wo

“Bɔ nyansa ne adwempa ho ban.”​—MMEBUSƐM 3:21.

Sɛ obi kɔ sukuu na osua ade yiye a, etumi boa no ma ɔbɛyɛ ɔpanyin pa anaa ɔwofo pa. Nanso sɛ obi kɔ sukuu kɔ akyiri a, ɛno nkyerɛ sɛ, sɛnea ɛte biara n’ani begye anaa ne nsa bɛka nea ohia biara. Sɛ ebesi yɛn yiye paa wɔ asetena mu a, ɛsɛ sɛ yɛma Onyankopɔn kyerɛkyerɛ yɛn. Wɔn a wɔma Onyankopɔn kyerɛkyerɛ wɔn no, Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: ‘Nea wɔyɛ biara bewie yiye.’​—Dwom 1:1-3.