Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

SƐNEA WUBEGYINA ADWINNWEN ANO

Nea Wubetumi Ayɛ De Agyina Adwinnwen Ano

Nea Wubetumi Ayɛ De Agyina Adwinnwen Ano

Sɛ wubetumi agyina adwinnwen ano a, ehia sɛ wudwen w’apɔwmuden ho, wohwɛ sɛnea wo ne afoforo bɔ, woma w’ani kɔ botae a wode asisi w’ani so ho, na wuhu nneɛma a ɛho hia paa wɔ asetena mu. Ma yɛnhwɛ afotusɛm bi a ebetumi aboa wo ama woagyina adwinnwen ano anaa mpo ebia woatew so.

Bɔ Mmɔden Sɛ Woremfa Ɔkyena Dadwen Mmɛka Nnɛ De Ho

“Munnnwinnwen ɔkyena ho, na ɔkyena ankasa benya ne dadwen. Da biara mu bɔne ankasa dɔɔso ma da no.”​—MATEO 6:34.

Nea ɛkyerɛ: Dadwen de, ɛmpa nnipa asetena mu. Sɛ wode ɔkyena dadwen bɛka nnɛ de ho a, ɛbɛma nnɛ de no ayɛ kɛse. Enti mfa ɔkyena dadwen nhaw wo ho nnɛ.

  • Adwinnwen betumi ama woateetee. Enti sɔ wei hwɛ: Nea edi kan, hu sɛ, adwinnwen bi wɔ hɔ a, woyɛ dɛn ara a ɛbɛba. Sɛ wode biribi a worentumi nyɛ ho hwee haw wo ho a, ɛbɛma w’adwinnwen ayɛ kɛse. Nea ɛto so mmienu, te ase sɛ, nneɛma a yesuro sɛ ebesisi no, mpɛn pii no, ɛntaa nsi saa.

Nhwehwɛ Pii Mfi Wo Ne Afoforo Hɔ

“Nyansa a efi soro no de, . . . ɛwɔ ntease.”​—YAKOBO 3:17.

Nea ɛkyerɛ: Ɛnsɛ sɛ woyɛ obi a wopɛ wo biribiara pɛpɛɛpɛ. Mmɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ nea ɛboro w’ahoɔden so, na saa ara na ɛnsɛ sɛ wohwɛ kwan sɛ afoforo bɛyɛ nea ɛboro wɔn so.

  • Brɛ wo ho ase. Mmɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ nneɛma akɛseakɛse. Hu nea wubetumi ayɛ ne nea wuntumi nyɛ, ne nea afoforo betumi ayɛ ne nea wontumi nyɛ. Woyɛ saa a, ɛbɛma wo ne afoforo adwinnwen so atew, na ɛbɛma nneɛma akɔ yiye ama mo. Afei nso, ɛyɛ a serew. Sɛ biribi ankɔ yiye mpo na woserew a, ɛma wo ho dwo wo, na ɛma w’anim tew.

Hu Nea Ɛde Adwinnwen Bɛto Wo So

“Nhumufo honhom dwo.”—MMEBUSƐM 17:27.

Nea ɛkyerɛ: Sɛ nsɛm hyɛ wo so anaa wo bo fuw a, ebetumi ama ayɛ den sɛ wubedwen nneɛma ho yiye. Enti sɛ asɛm bi si a, mpere wo ho nyɛ biribiara.

  • Hu nneɛma a ɛkɔfa adwinnwen bɛto wo so. Afei fa w’ani to fam na hu nea ɛyɛ a woyɛ wɔ ho. Sɛ nhwɛso no, sɛ adwinnwen bɛtɔ wo so a, hwɛ nea ɛba w’adwenem, sɛnea wote nka, ne sɛnea woyɛ w’ade. Wubetumi mpo akyerɛw saa nneɛma yi ato hɔ. Sɛ wuhu nea woyɛ bere a adwinnwen ahyɛ wo so a, ebetumi aboa wo ama woahu nea wobɛyɛ de agyina ano. Afei nso, nneɛma a ɛkɔfa adwinnwen bɛto wo so no, pɛ akwan bi a wobɛfa so ayi afi w’asetenam koraa. Sɛ worentumi nyɛ saa a, ɛnde hwehwɛ akwan bi a wobɛfa so atew adwinnwen a ɛde ba no so. Ebia ebehia sɛ wohyehyɛ nnwuma a woyɛ anaa wo bere yiye.

  • Bɔ mmɔden sɛ wobɛsesa adwene a wowɔ wɔ nneɛma ho. Nea ɛkɔfa adwinnwen bɛto wo so no, ebia obi foforo de, ɔremfa no asɛm koraa. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, asɛm bi si a, ɛsono sɛnea obiara hu no. Wo de, hwɛ nyansahyɛ mmiɛnsa a edidi so yi:

    1. Sɛ obi yɛ biribi a, mpere wo ho nka sɛ ɔde adwemmɔne na ɛyɛe. Wo de, fa no sɛ wudi santen bi mu. Wohwɛe ara, na obi fi baabi abɛhyɛ w’anim. Sɛ wunya adwene sɛ adwemmɔne na ɔde yɛɛ saa a, wo bo betumi afuw. Nanso, wubetumi adwen ho sɛ, ebia biribi pa bi nti na onii no yɛɛ saa. Wobɛhwɛ no, ebia na ɛte saa!

    2. Tebea biara a ɛbɛba w’akwan mu no, hu nea eye wɔ ho. Fa no sɛ woakɔtena dɔkota bi ɔfese atwɛn no akyɛ, anaa ebia woakɔtena wimhyɛn gyinabea atwɛn bere tenteenten. Nea ɛremma wonteetee pii ne sɛ wode saa bere no bɛkenkan ade, wobɛyɛ adwuma bi a ɛda hɔ retwɛn wo, anaasɛ wobɛkenkan wo email.

    3. Bɔ mmɔden hu asɛm biara ani so yiye. Bisa wo ho sɛ, ‘Saa ɔhaw yi, ebedu ɔkyena anaa nnawɔtwe a edi hɔ no, na agye nsam anaa?’ Hu ɔhaw ahorow a ani soso, ne nea ɛnyɛ ɔhaw pii.

Bɔ Mmɔden Toto Wo Nneɛma Yiye

“Momma biribiara nkɔ so fɛfɛɛfɛ a nhyehyɛe da ho.”—1 KORINTOFO 14:40.

Nea ɛkyerɛ: Bɔ mmɔden sɛ wobɛtoto nneɛma yiye wɔ w’asetena mu.

  • Yɛn mu biara pɛ sɛ nneɛma kɔ so wɔano wɔano wɔ n’asetena mu. Nanso ade baako a ebetumi ama wo nneɛma ayɛ basaa na akɔfa adwinnwen abɛto wo so ne mmɔtohɔ. Sɛ woyɛ mmɔtohɔ a, wubehu sɛ daa, na nnwuma pii gu hɔ retwɛn wo. Nyansahyɛ mmienu a edi hɔ yi, adɛn nti na wonsɔ nhwɛ?

    1. Yɛ nhyehyɛe pa a wode bɛyɛ wo nneɛma na di so.

    2. Suban biara a ɛma woyɛ mmɔtohɔ no, bɔ mmɔden sɛ wubehu, na yi fi w’akwan mu.

Mfa Wo Ho Nhyɛ Biribi Mu Fee

“Ɔhome nsa mã ye sen ɔbrɛ ne adehunu nsa mã abien akyidi.”—ƆSƐNKAFO 4:6.

Nea ɛkyerɛ: Nkurɔfo a wokum wɔn ho yɛ adwuma no, ‘ɔbrɛ nsa mã abien,’ anaa adwuma a wɔyɛe no, ebia wɔrennya so mfaso biara. Nea wɔbrɛ nyae no, ebia wɔrennya bere ne ahoɔden a wɔde bedi.

  • Nya adwuma ne sika ho adwene a ɛfata. Wunya sika pii a, ɛnkyerɛ sɛ wubenya anigye pii anaa w’adwinnwen so bɛtew. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ wunya sika pii a, ebetumi aba sɛ w’ani rennye, na w’adwinnwen bɛdɔɔso mmom. Ɔsɛnkafo 5:12 ka sɛ: “Ɔdefo adedodow mma ontumi nna.” Enti ma w’ani nsɔ nea wowɔ, na sika a wunya no, nni mmoro so.

  • Nya bere fa dwudwo wo ho. Sɛ woyɛ nneɛma a w’ani gye ho a, ɛma w’adwinnwen so tew. Nanso, sɛ woredwudwo wo ho, na wotena faako hwɛ biribi te sɛ TV a, ebia ɛremmoa wo.

  • Mma ɛlɛtrɔnik mfiri nnye wo bere pii. Hwɛ sɛ woremma ɛnyɛ wo su sɛ bere nyinaa wubebuebue wo email ne wo text message. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ wukyinkyin sohyial media so bere nyinaa. Sɛ wopɔn adwuma a, nkenkan w’adwuma ho email, gye sɛ tebea ahorow bi hwehwɛ sɛ woyɛ saa.

Ma W’apɔwmuden Ho Nhia Wo

“Apɔwmuteɛteɛ so wɔ mfaso.”​—1 TIMOTEO 4:8.

Nea ɛkyerɛ: Woteɛteɛ w’apɔw mu daa a, ɛbɛma woanya apɔwmuden.

  • Yɛ nneɛma bi a ɛbɛma woanya apɔwmuden. Sɛ woteɛteɛ w’apɔw mu a, ebetumi ama w’anim atew, na ebetumi aboa wo ama woagyina adwinnwen ano. Afei nso, di aduan a ahoɔden wom, na hwɛ sɛ edu bere a ɛsɛ sɛ wudidi a, wubedidi. Bɔ mmɔden sɛ wubegye bere ahome.

  • Sɛ adwinnwen bɛtɔ wo so a, nyɛ nneɛma bi a ebetumi apira wo sɛ wode regyina ano. Ebi ne sigaretnom, nnubɔnenom anaa nnuru a wobɛnom aboro sɛnea ɛsɛ sɛ wonom, ne nsawe. Saa nneɛma no betumi abɔ wo yare, na ama woahwere sika a woabrɛ anya no. Ebewie ase no, na adwinnwen a abɛtɔ wo so no ayɛ kɛse mmom.

  • Sɛ adwinnwen a abɛtɔ wo so no rebu wo kɔn mu a, hwehwɛ mmoa fi wo dɔkota hɔ. Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ wo aniwu sɛ wobɛyɛ saa.

Di Kan Yɛ Nea Ehia Paa

‘Mompɛɛpɛɛ mu nhu nneɛma a ehia koraa no.’​—FILIPIFO 1:10.

Nea ɛkyerɛ: Nneɛma a ɛsɛ sɛ woyɛ nyinaa, fa nea ehia paa di kan, na ma nea aka no nnidi so.

  • Nneɛma a ɛsɛ sɛ woyɛ no, kyerɛw gu krataa so nnidiso nnidiso, efi nea ɛho hia paa so kosi nea ɛho nhia pii so. Wei bɛboa wo ama wode w’adwene asi nneɛma a ɛho hia paa no so, na ɛbɛma woahu nnwuma a wubetumi ayɛ no akyiri yi, nea wubetumi ama afoforo ayɛ ama wo, ne nea enhia sɛ woyɛ koraa.

  • Yi nnawɔtwe baako si hɔ, na kyerɛw nea wode wo bere yɛe wɔ saa nnawɔtwe no mu nyinaa to hɔ. Afei hwɛ sɛ, biribi wɔ hɔ a wubetumi ayɛ na ama wode wo bere adi dwuma yiye anaa. Sɛ wuhu sɛnea wode wo bere bedi dwuma yiye a, nneɛma renhyɛ wo so pii.

  • Pɛ bere gye w’ahome. Sɛ woreyɛ adwuma na sɛ ɛwom ara a wugyae kogye w’ahome kakra a, ɛno mpo betumi ama woanya ahoɔden foforo, na atew w’adwinnwen so.

Hwehwɛ Mmoa

“Onipa koma mu awerɛhow botow no, na asɛmpa ma edi ahurusi.”​—MMEBUSƐM 12:25.

Nea ɛkyerɛ: Sɛ obi ka nsɛm a ɛyɛ dɛ na ɛka koma kyerɛ wo a, ebetumi ama wo koma atɔ wo yam.

  • Ka w’asɛm kyerɛ obi a ɔte asɛm ase na wowɔ ne mu ahotoso. Obi a ɔte saa betumi aboa wo ama woahu nneɛma ani so yiye, anaa mpo waboa wo ma woahu wo haw no ano aduru bi a ebia woabu w’ani agu so. Afei nso, sɛ woka wo komam asɛm kyerɛ obi a, ɛno kɛkɛ betumi aka wo koma ato wo yam.

  • Ma obi mmoa wo. Wubetumi de w’adwuma bi ama obi ayɛ ama wo, anaa wo ne no abom ayɛ?

  • Sɛ obi a wo ne no yɛ adwuma teetee wo a, hwehwɛ akwan bi a wobɛfa so ayɛ ho biribi. Sɛ nhwɛso no, wubetumi aka akyerɛ no nidi mu sɛ nea ɔyɛ no haw wo anaa? (Mmebusɛm 17:27) Sɛ wo ne no ka na anyɛ yiye a, wubetumi ahwɛ nea wobɛyɛ a ɛremma wo ne no mmɔ pii anaa?

Hwehwɛ Onyankopɔn Akwankyerɛ Wɔ W’asetenam

“Anigye ne wɔn a wonim wɔn honhom mu ahiade.”​—MATEO 5:3.

Nea ɛkyerɛ: Nnipa de, ɛnyɛ aduan, ntade, ne dabere nko ara na yehia. Yehia Onyankopɔn akwankyerɛ. Sɛ yɛn ani begye a, ɛsɛ sɛ yehu sɛ yehia Onyankopɔn akwankyerɛ, na yɛhwehwɛ n’akwankyerɛ.

  • Mpaebɔ betumi aboa wo paa. Onyankopɔn pɛ sɛ ‘wotow wo dadwen nyinaa gu no so, efisɛ odwen wo ho.’ (1 Petro 5:7) Sɛ wobɔ mpae na wudwinnwen nneɛma pa ho a, ebetumi ama woanya asomdwoe pii.—Filipifo 4:6, 7.

  • Kenkan nneɛma a ɛbɛma woabɛn Onyankopɔn. Afotusɛm a ɛwɔ nsɛmma nhoma yi mu no fi Bible mu. Onyankopɔn ma wɔkyerɛw Bible no sɛ ɛmma yɛn akwankyerɛ, na ɛntwe yɛn mmɛn no. Bible mu afotusɛm boa ma yenya “nyansa ne adwempa.” (Mmebusɛm 3:21) Adɛn nti na womfa nsi w’ani so sɛ wobɛkenkan Bible? Ebia wubetumi de Mmebusɛm nhoma no afi ase.