Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yareɛ Bɛn Ne Atiridii?

Yareɛ Bɛn Ne Atiridii?

Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no bɔɔ amanneɛ sɛ afe 2013 mu no, nnipa bɛboro ɔpepem 198 na wɔnyaa atiridii, na wɔn mu 584,000 na wɔwuiɛ. Wɔn mu dodow no ara yɛ mmofra a wɔnnii mfe nnum. Yareɛ yi atu atese wɔ aman ne nsase bɛyɛ 100 so wɔ wiase nyinaa. Yɛreka yi nnipa bɛboro ɔpepepem 3 deɛ, sɛ wɔgyaagyaa wɔn ho kakraa bi a, atiridii de wɔn bɛkɔ.

1 DƐN NE ATIRIDII?

Yaremmoawa bi na ɛde atiridii ba. Sɛ atiridii kye obi a, ebia ne ho bɛyɛ hye, awɔ bɛde no, ɔbɛte mfifiri, ne ti bɛpae no, ne honam nyinaa bɛyɛ no ya, ne bo bɛfono no na wafe mpo. Sɛ yareɛ yi bɔ obi a, bɛyɛ nnanu anaa nnansa biara, nneɛma a yɛabobɔ din yi bi bɛyi ne ti. Ne nyinaa gyina ntontom ko a ɛkaa no so ne bere tenten a ahyɛ ne ho.

2 ƐYƐ DƐN NA OBI NYA ATIRIDII?

  1. Sɛ ntontom bedeɛ ka obi a, ɔpu atiridii mmoawa a wɔfrɛ no Plasmodia gu ne mogya mu.

  2. Afei yaremmoawa yi nenam mogya no mu saa ara na akɔhyɛ ne berɛbo mu. Sɛ ɛnya kɔhyɛ hɔ a, na apae bebree.

  3. Afei nkwammoaa a ɛwɔ berɛbo mu no hon, na sɛ ɛpae a, na yaremmoawa no akɔto ahyɛ mogya mmoawa kɔkɔɔ no so. Ɛhɔ nso, yaremmoawa no kɔ so dɔre.

  4. Bere biara a mogya mmoawa kɔkɔɔ baako bɛhono apae no, ɛka mogya mmoawa foforo.

  5. Mogya mmoawa kɔkɔɔ no bɛkɔ so ahono na apae, na bere biara a ɛbɛba saa no, onii no ho bɛyɛ hye anaa awɔ bɛde no anaa ɔbɛhu sɛnkyerɛnne foforo a ɛkyerɛ sɛ wanya atiridii.

3 WOBƐYƐ DƐN ABƆ WO HO BAN?

Wote baabi a ntontom wɔ? Ɛnneɛ . . . 

  • Da ntontonnan mu, na hwɛ sɛ

    • woahyɛ no aduro.

    • ntokuru biara nni mu.

    • woapiapia ahyɛ mpa no ho yie.

  • Fa aduro petepete wo fie hɔ.

  • Sɛ ɛbɛyɛ yie a, hwɛ sɛ wode net ahyɛ apon ne mpomma nyinaa ano. Ɛyɛ a sɔ fan anaa air-conditioner. Ɛba saa a, ntontom rennya baabi nsi.

  • Nhyɛ ntade tuntum; hwɛ ma w’atade nkata wo ho nyinaa.

  • Ntaa ntena baabi a mfuyɛ wɔ anaa nsuo taataa, efisɛ ntontom taa pae wɔ mmeae a ɛte saa.

  • Wohu sɛ woanya atiridii a, ntenatena ho; pɛ ano aduro ntɛm.

Woretu kwan akɔ baabi a ntontom wɔ a . . . 

  • Kenkan ɔman no ho nsɛm ansa na woakɔ, efisɛ mmoawa a ɛde atiridii ba no gu ahorow, na ebiara ne aduro a ɛtumi no. Bio nso, wo ne wo dɔkota nni nkitaho na woahu nea wobɛyɛ.

  • Wokɔdu nso a, bɔ mmɔden fa akwankyerɛ a ɛwɔ soro hɔ no yɛ adwuma.

  • Sɛ wonya atiridii a, ntenatena ho koraa; pɛ ano aduro ntɛm. Kae sɛ ntontom ka wo a, ɛbɛdi bɛyɛ nnawɔtwe kɔsi bosome ansa na woahu sɛ woanya atiridii.