Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

WƆBƆE ANAA?

Dɛnkyɛm Apantan

Dɛnkyɛm Apantan

ABOA biara nni hɔ a n’apantan yɛ den sen dɛnkyɛm. Yɛmfa dɛnkyɛm bi a wɔhuu no Australia nyɛ nhwɛso. Ɔde ne se si biribi mu a, ahoɔden a ɔde ka mu no, gyata ne ɔsebɔ mpo mma. Nanso anikasɛm ne sɛ nkatedeɛ a ɛwɔ dɛnkyɛm apantan mu no yɛ nam sen nea ɛwɔ nnipa nsa ano koraa. Aboa a ne wedeɛ pipiripii yi deɛ, ɛyɛ dɛn na ɔtumi te nneɛma ntɛm saa?

Nneɛma nketenkete bebree wɔ dɛnkyɛm apantan mu a ɛma ɔte biribi nka. Ɔbenfo Duncan Leitch asua dɛnkyɛm ho ade na ɔka sɛ: “Dompe a ɛwɔ n’apantan mu no na ɛkura saa nneɛma nketenkete no mu.” Saa nneɛma yi na ɛboa dɛnkyɛm ma n’ano ka biribi ketekete koraa a, ɔtumi hu ade ko. Enti dɛnkyɛm tumi hu nsonsonoe a ɛwɔ aduane ne nwura ne nneɛma foforo mu. Ɛno nso nti na sɛ dɛnkyɛm hwane a, ɔtumi de n’ano sesa ne mma bɔkɔɔ a ebiara mpira no. Ɛwom, dɛnkyɛm apantan yɛ den na ɛtumi bubu nnompe mpo mu, nanso ne nkatedeɛ ano yɛ nam ma enti ɔtumi sɔ adeɛ mu dɛkyɛdɛkyɛ.

Wosusu ho sɛn? Dɛnkyɛm apantan nam adannandi so na ɛbae anaa obi na ɔbɔe?