Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE NO ADWENE

Nnipa mu Nyiyim

Nnipa mu Nyiyim

Ɛyɛɛ dɛn na mmusua nyinaa bae?

“Adam too ne yere din Hawa, efisɛ na ɔbɛyɛ ateasefo nyinaa maame.”—Genesis 3:20.

NEA ANIMDEFO KA

Amanaman Nkabom no nkorabata a ɛhwɛ nhomasua, nyansahu ne amammerɛ ho nsɛm so (UNESCO) kae sɛ, “nnipa nyinaa yɛ baako, na yɛn nyinaa nana baako.”—Declaration on Race and Racial Prejudice, 1978.

NEA BIBLE KA

Onyankopɔn bɔɔ nnipa mmienu, Adam ne Hawa. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monwo na monnɔɔso na monhyɛ asase so mã na munni so.” (Genesis 1:28) Enti Adam ne Hawa na ɛwoo adesamma nyinaa. Akyiri yi, Onyankopɔn de nsuyiri praa nnipa fii asase so; ɛkaa nnipa nwɔtwe pɛ. Nnipa yi ne Noa ne ne yere ne wɔn mmabarima mmiɛnsa ne wɔn yerenom. Bible kyerɛkyerɛ sɛ yɛn nyinaa fi Noa mma no mu.—Genesis 9:18, 19.

Nnipa bi sene bi anaa?

‘Onyankopɔn yɛɛ nnipa aman nyinaa fii onipa biako mu sɛ wɔntena asase nyinaa so.’—Asomafo Nnwuma 17:26.

NEA EBINOM AKA

Wiase Ko a ɛtɔ so mmienu akyi no, nnipa bi nyaa adwene sɛ nnipa bi sene ebinom. Ɛho nhwɛso ni: Nasifo kae sɛ abusua a wofi mu nti, wɔyɛ nnipa sene afoforo. Nanso UNESCO asɛm a yɛaka dedaw no gye tom sɛ “nnipa nyinaa nana baako, enti obi nsene bi.”

NEA BIBLE KA

Asomafo Nnwuma 10:34, 35 ka sɛ: “Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim, na mmom ɔman biara mu no, onipa a osuro no na ɔyɛ adetrenee no, ogye no tom.” Eyi nti obiara ntumi nka sɛ nnipa bi sene ebinom.

Yesu twaa ɛsa bi too hɔ maa Kristofo. Ɔka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Mo nyinaa yɛ anuanom.” (Mateo 23:8) Ná Yesu mpɛ mpaapaemu biara wɔ n’akyidifo mu, enti ɔbɔɔ mpae sɛ wɔnyɛ baako na wɔmma wɔn ‘baakoyɛ no nni mũ.’—Yohane 17:20-23; 1 Korintofo 1:10.

Enti nnipa mu nyiyim to betwa da bi?

“Na nna a edi akyiri no mu no, Yehowa fie bepɔw betim hɔ wɔ mmepɔw atifi . . . , na aman nyinaa bɛsen yuu akɔ hɔ.” —Yesaia 2:2.

NEA EBINOM ADWENE YƐ WƆN

Nnipa mu nyiyim a ɛrekɔ so wɔ wiase baabiara no, ama nkurɔfo bisa sɛ enti nnipa mu nyiyim to betwa da bi. Ebinom ka sɛ, sɛ́ ɛte hɔ ara ni; ɛrentwa da.

NEA BIBLE NO KA

Onyankopɔn nhwɛ mma nnipa mu nyiyim nkɔ so saa. Sɛ n’Ahenni fi ase di asase so a, mmarima ne mmaa a “wofi amanaman ne mmusuakuw ne nnipa ne kasa nyinaa mu” bɛyɛ baako; obiara beyi ɔdɔ kann adi akyerɛ ne yɔnko nipa. (Adiyisɛm 7:9) Onyankopɔn Ahenni wɔ hɔ ankasa; ɛnyɛ biribi a ɛhyɛ komam. Ɛyɛ aban a ɛbɛsesa nneɛma koraa wɔ asase yi so. Asase yi so na Onyankopɔn pɛ sɛ nnipa nyinaa tena sɛ anuanom a nyiyim biara nnim. *