Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO

Ehia Wo a Nwu

Ehia Wo a Nwu

WUHYIA Diana * a, wubehu sɛ ɔyɛ ɔbaa nyansafo, n’anim te na ɔpɛ nnipa. Nanso ne mu deɛ, awerɛhoɔ ne yawdi nko ara. Eyi akɔ so nna pii. Diana ka sɛ: “Da biara biribi yɛ me sɛ minkum me ho. Minni wiase koraa a, anka ɛyɛ.”

“Nhwehwɛmu bi abɛtɔ dwa sɛ, sɛ nipa baako kum ne ho a, wobɛhwɛ mu no na nnipa 200 na anka wɔrekum wɔn ho, na ɛbaa nnipa 400 nso tirim sɛ wɔnyɛ saa.”—THE GAZETTE, MONTREAL, CANADA.

Diana ka sɛ ɔrenkum ne ho da. Nanso ɛtɔ da a, onhu nea enti koraa a ɛsɛ sɛ ɔkɔ so tena wiase. Ɔka sɛ: “Me yam a, anka manya akwanhyia awu afiri wiase. Mabehu sɛ owuo yɛ yɔnkoɔ; ɔnyɛ tamfo.”

Nnipa pii te sɛ Diana. Ebinom ayɛ sɛ anka wobekum wɔn ho. Ebi mpo koraa deɛ ɛkaa dɛ na anka wɔkaa wɔn ano aduro. Animdefo kyerɛ sɛ nnipa dodow no ara a wɔyɛ sɛ wobekum wɔn ho no, ɛnyɛ owuo na wɔpɛ sɛ wowu, mmom wɔde retwa wɔn amanehunu so. Yebetwa no tiaa a, nea wonim ara ne sɛ ɔbrɛ twa wuo. Nea aka ne sɛ wɔbehu nea enti a ɛnsɛ sɛ wɔkum wɔn ho.

Ehia wo a nwu. Yɛnhwɛ nneɛma mmiɛnsa a enti ɛnsɛ sɛ wukum wo ho.

^ nky. 3 Ɛnyɛ ne din ankasa.