Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | MMOFRA NTETEE

Sɛ Adwennwene Bɛtɔ Wo Ba Abaayewa So a, Dɛn na Wobɛyɛ?

Sɛ Adwennwene Bɛtɔ Wo Ba Abaayewa So a, Dɛn na Wobɛyɛ?

NEA ƐMA ƐYƐ DEN SƐ WUBEGYE ADI

Fa no sɛ wo ba abaayewa aka akyerɛ wo sɛ adwennwene abɛtɔ ne so. Anhwɛ a nea wobɛka ne sɛ, ‘Akwadaa a woadi mfe 13 deɛ, wunim ade a yɛfrɛ no adwennwene?’ Nanso ansa na wobɛka saa akyerɛ wo ba no, ma yɛnhwɛ nneɛma bi a ebetumi de adwennwene abɛto wo ba abaayewa so.

NEA ƐDE ADWENNWENE NO BA

Ɔrenyin. Sɛ ɔrekɔ mmea mu a, etumi de adwennwene bɛto no so efisɛ obehu sɛ ne nipadua redane wɔ akwan pii so. Sɛ ohu sɛ ne nufo abobɔ agya ne nnamfonom anaasɛ, ne nnamfo deɛ abobɔ agya no a, adwennwene no betumi ayɛ kɛse paa. Anna * adi mfe 20 seesei. Ɔkae sɛ: “Meka mmaayewa a yɛbɔɔ brasia ntɛm no ho. Ɛmaa meyɛɛ basaa, na mehwɛ me ho na mehwɛ me nnamfo a aka no a, na ɛyɛ me sɛ matom paa.”

Anigye ne awerɛhow di afra. Abaayewa bi a yɛfrɛ no Karen adi mfe 17 seesei, na asɛm a ɔkae ne sɛ: “Edu anɔpa a, na m’ani agye. Edu anadwo a, mitumi su araa ma m’ani honhon. Na mente ase; na minnim nea ɛhaw me.”

Ɔyɛ bra. Ababaa bi a yɛfrɛ no Kathleen kae sɛ: “Me maame ka kyerɛɛ me sɛ ɛrenkyɛ mɛyɛ bra na ɔkyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ me, nanso bere a mihui sɛ mayɛ bra no, mebɔɔ hu, na me yam hyee me paa. Na me ho yɛ me nwunu paa, enti ɛreyɛ ara ni na makoguare. Na me nuammarima mpanyimfo baasa nso tumi serew me yayaaya. Na ɛyɛ wɔn serew sɛ mayɛ bra.”

Atipɛnfo. Marie adi mfe 18 seesei, na ɔka sɛ: “Bere a midii mfe 12 de rekɔ 14 no, na mepɛ sɛ m’atipɛnfo nyinaa gye me tom. Nkwadaa a me ne wɔn kɔ sukuu no, sɛ yɛreyɛ biribi na woanyɛ bi a, obiara bɛka sɛ wokyerɛ  wo ho.” Anita nso yɛ abaayewa a wadi mfe 14, na asɛm a ɔno nso ka ne sɛ: “M’atipɛnfo nyinaa, nea yɛpɛ ne sɛ obiara begye yɛn atom, na sɛ obiara mpɛ w’asɛm a ɛyɛ yaw.”

NEA WUBETUMI AYƐ

Boa wo ba no ma ɔnka nea ɛhaw no. Ahyɛase no deɛ ebia ɛbɛyɛ no den sɛ ɔbɛka. Nanso nya abotare na fa Bible mu asɛm yi yɛ adwuma. Ɛka sɛ: “Obiara nyɛ ntɛm ntie asɛm, ɔnyɛ nyaa nkasa.”Yakobo 1:19.

Mfa n’asɛm no nni agorɔ. Kae sɛ panyin de panyin; nea woahu no onhuu bi. Enti nea ato no no koraa, ɔnte ase na kampɛsɛ wahu nea ɔbɛyɛ no.Bible mu nnyinasosɛm: Romafo 15:1.

Nsum nnwuma pii ngu wo ba no so. Nhoma bi kyerɛ sɛ sɛ yesum nnwuma pii gu mmabun so a, “egya wɔn atipae ne ayamkeka; na wɔayɛ hahaaha.” (Teach Your Children Well)Bible mu nnyinasosɛm: Filipifo 1:9, 10.

Hwɛ hu sɛ otumi da ma ne ho bae no. Mmabun pii wɔ hɔ a wɔde wɔn nna di agorɔ. Nanso sɛ wo babea no anna yiye a, ontumi nnwen yiye na ɛma adwennwene hyɛ ne so.Bible mu nnyinasosɛm: Ɔsɛnkafo 4:6.

Kyerɛ no nea ɔde bɛko adwennwene no. Mmaayewa bi wɔ hɔ a, wɔteɛteɛ wɔn apɔw mu a, ɛtew wɔn adwennwene so. Bible mpo ka sɛ: “Apɔwmuteɛteɛ so wɔ mfaso.” (1 Timoteo 4:8) Ebinom nso deɛ, sɛnea wɔte nka da biara no, wɔkyerɛw to hɔ, na ɛma wohu sɛnea ɔhaw no te ankasa. Ababaa bi a yɛfrɛ no Brittany adi mfe 22, na ɔkaa asɛm bi sɛ: “Meyɛ abaayewa no, sɛ biribi haw me na minhu nea menyɛ no a, na makyerɛw ato hɔ. Ɛboaa me ma mihuu atenka ko a saa ɔhaw no ma minya. Ɛba saa a, mitumi hu nea mɛyɛ no, anaasɛ miyi fi me tirim.”

Twa ɛsa pa ma no. Sɛ adwennwene bɛtɔ wo so a, dɛn na woyɛ? Ɛyɛ a wokeka nneɛma bobɔ so ma wo ho kyere wo anaa? Wosesa nnwuma pii gu wo ho so ma wobrɛ boro so, a wonhwɛ nneɛma a ehia no? Filipifo 4:5 ka sɛ: “Momma nnipa nyinaa nhu mo ntease.” Kae sɛ nea odi akyire sua nea odi kan nanteɛ, enti nea wobɛyɛ biara, papa o, bɔne o, ɛno na wo ba no besua.

^ nky. 6 Yɛasesa edin a ɛwɔ asɛm yi mu no.