Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NSƐM A AKENKANFO BISA . . . 

Ɛsɛ sɛ Kristofo Di Buronya Anaa?

Ɛsɛ sɛ Kristofo Di Buronya Anaa?

Wiase nyinaa no, nnipa ɔpepem pii gye di sɛ wodi Buronya de kae Yesu Kristo awoda. Nanso, tete Kristofo a na wɔwɔ asomafo no bere so a wɔbɛn Yesu no, wohwɛ a wodii Buronya anaa? Na awodadi nso ɛ, wunim nea Bible ka fa ho? Sɛ yenya nsɛmmisa yi ho mmuae a, ebetumi ama yɛahu sɛ ɛfata sɛ Kristofo di Buronya anaa ɛmfata.

Nea edi kan no, Bible nka sɛ wodii Yesu anaa Onyankopɔn somfo nokwafo biara awoda. Nnipa mmienu pɛ na Bible ka sɛ wodii wɔn awoda. Ná wɔn mu biara nsom Yehowa, Onyankopɔn a Bible ka ne ho asɛm no. Afei nso, Bible nka wɔn awodadi no ho asɛmpa. (Genesis 40:20; Marko 6: 21) Encyclopædia Britannica ka sɛ, “abosonsom amanne a ɛne awodadi” no, tete Kristofo no kasa tiae.

Ɛda bɛn na wɔwoo Yesu?

Bible no nka ɛda pɔtee a wɔwoo Yesu. McClintock ne Strong Cyclopedia ka sɛ: “Wohwehwɛ da a wɔde woo Kristo wɔ Apam Foforo no mu a, worenhu. Nokwasɛm ne sɛ, worenhu wɔ baabi foforo biara nso.” Nokwarem no, sɛ na Yesu pɛ sɛ n’akyidifo di n’awoda a anka ɔkwan biara so ɔbɛma wɔahu ɛda a wɔwoo no.

Nea ɛto so mmienu no, Bible nka sɛ Yesu anaa n’akyidifo no mu biara dii Buronya. New Catholic Encyclopedia ka sɛ, wodii kan kaa Buronyadi ho asɛm “wɔ nhoma bi a Philocalus kyerɛwee mu. Ná nhoma no te sɛ kalenda, na na ɛka nneɛma a Romafo hwɛ kwan sɛ ɛbɛkɔ so wɔ afe no mu. Emu nsɛm no kɔɔ so afe 336 Y.B. Ɛda adi pefee sɛ bere a wɔkyerɛw saa nhoma yi no, na wɔakyerɛw Bible no awie dedaadaw. Ná Yesu nso aba asase so kɔ bɛboro mfe 300. Ɛno nti, McClintock ne Strong ka sɛ “Buronya mfi Onyankopɔn na ennyina Apam Foforo no so.” *

Dɛn na Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔnkae?

Nea na Yesu, Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no pɛ sɛ n’akyidifo yɛ no, ɔde ho ahyɛde mae pefee, na wɔakyerɛw wɔ Bible mu. Nanso Buronyadi nka ho. Sɛ ɔkyerɛkyerɛfo biara ma ne sukuufo akwankyerɛ a, ɔmpɛ sɛ wɔbɛyɛ ade atra so. Saa ara nso na Yesu mpɛ sɛ n’akyidifo bɛyɛ ‘ade atra nea wɔakyerɛw’ wɔ Kyerɛw Kronkron no mu.—1 Korintofo 4:6.

Nanso, dwumadi titiriw bi wɔ hɔ a na tete Kristofo no nim no yiye. Ɛno ne Yesu wu Nkaedi. Yesu ankasa kyerɛɛ n’asuafo no bere a wɔmfa nkae ne wu no ne sɛnea ɛsɛ sɛ wɔyɛ no. Wɔayɛ akwankyerɛ ahorow yi ne da pɔtee a Yesu wui ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu.—Luka 22:19; 1 Korintofo 11:25.

Yɛabehu sɛ Buronya yɛ awodadi, na tete Kristofo no anni abosonsom amanne a ɛte saa akyi. Afei nso, Bible no nka sɛ Yesu anaa obi foforo biara dii Buronya. Esiane saa nokwasɛm ahorow yi nti, Kristofo ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa asi gyinae sɛ wɔrenni Buronya.

^ nky. 6 Baabi a Buronya ho atetesɛm pii no ara fii ase no, sɛ wopɛ ho nsɛm pii a, hwɛ asɛm a yɛato din “Nsɛm a Akenkanfo Bisa . . . Dɛn ne Buronya Ho Nokwasɛm?” Ɛwɔ Ɔwɛn-Aban December 1, 2014 de no mu. Wubenya bi wɔ Intanɛt so wɔ www.isa4310.com/tw.