Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible No​—Adɛn Nti na Yɛwɔ Ahorow Pii Saa?

Bible No​—Adɛn Nti na Yɛwɔ Ahorow Pii Saa?

Adɛn nti na ɛnnɛ yɛwɔ Bible nkyerɛase pii saa? Wohwɛ nkyerɛase ahorow a ɛnnɛ wɔayɛ no a, ɛboa ma yɛte Bible ase anaa ɛma ɛyɛ den sɛ yɛbɛte ase? Sɛ wuhu nea ɛma wɔyɛɛ saa nkyerɛase no a, ebetumi aboa wo ama woahu nkyerɛase a eye.

Yɛnhwɛ eyi ansa. Hena na odii kan kyerɛw Bible no, na bere bɛn na ɔkyerɛwee?

BIBLE A WODII KAN YƐE

Bible no, wɔtaa kyɛ mu afã mmienu. Ɔfã a edi kan no yɛ nhoma 39 na aka abom. “Onyankopɔn nsɛm kronkron” na ɛwom. (Romafo 3:2) Onyankopɔn de ne honhom kaa mmarima anokwafo bi ma wɔkyerɛw saa nhoma yi. Egyee mmere tenten paa ansa na wɔrewie; bɛyɛ mfe 1,100. Wofii ase afe 1513 A.Y.B., na wowiee bɛyɛ afe 443 A.Y.B. akyi. Wɔkyerɛw dodow no ara wɔ Hebri kasa mu, enti yɛfrɛ saa ɔfã no Hebri Kyerɛwnsɛm. Wɔsan frɛ no Apam Dedaw.

Ɔfã a ɛto so mmienu no, nhoma 27 na aka abom. Ɛno nso yɛ “Onyankopɔn asɛm.” (1 Tesalonikafo 2:13) Onyankopɔn de ne honhom kaa Yesu Kristo asuafo anokwafo ma wɔkyerɛw saa nhoma yi. Annye bere tenten pii, egyee bɛyɛ mfe 60. Wofii ase bɛyɛ afe 41 Y.B., na wowiee afe 98 Y.B. Wɔkyerɛw emu dodow no ara wɔ Greek anaa Hela kasa mu, enti wɔfrɛ ɔfã no Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm. Wɔsan frɛ no Apam Foforo.

Saa nhoma 66 yi na ɛka bom yɛ Bible no. Ne nyinaa yɛ nsɛm a efi Onyankopɔn hɔ ma nnipa. Nanso, adɛn nti wɔsan yɛɛ Bible nkyerɛase afoforo? Nea enti a ɛte saa no, emu atitiriw mmiɛnsa ni.

  • Sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo benya Bible wɔ wɔn kurom kasa mu akenkan.

  • Sɛnea ɛbɛyɛ a wobeyiyi mfomso nketenkete bi a wɔn a wɔhwɛɛ so kyerɛw bi no yɛe, na ama ayɛ sɛ nea na ɛte mfiase no.

  • Sɛnea ɛbɛyɛ a kasa a atwam no, wobeyiyi afi mu de nnɛɛmafo kasa ahyɛ mu.

Bible nkyerɛase ahorow a wodii kan yɛe no, yɛnhwɛ emu mmienu ne sɛnea wɔde nsɛm yi yɛɛ adwuma wom.

HELA SEPTUAGINT

Bɛyɛ mfe 300 ansa na Yesu reba asase so no, Yudafo nhomanimfo fii ase kyerɛɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no ase kɔɔ Hela mu. Wɔbɛfrɛɛ saa nkyerɛase yi Hela Septuagint. Adɛn nti na wɔyɛɛ saa nkyerɛase no? Saa bere no, na Yudafo bebree nka Hebri, mmom na wɔka Hela. Enti na eyi bɛboa wɔn ama wɔate “nkyerɛwee kronkron” no ase yiye.—2 Timoteo 3:15.

Ná nnipa ɔpepem pii nso wɔ hɔ a wɔnyɛ Yudafo, nanso wɔka Hela kasa. Enti, na Septuagint no bɛboa wɔn ama wɔahu nea Bible kyerɛkyerɛ. Ɔkwan bɛn so? Ɔbenfo W. F. Howard kaa sɛ: “Efi afeha a edi kan no mfinimfini hɔ baabi no, ɛbɛyɛɛ Bible a Kristofo Asɔre no de di dwuma. Ná wɔn asɛmpatrɛwfo kɔ hyiadan ahorow mu ‘de kyerɛwnsɛm no kodi adanse sɛ Yesu ne Mesia no.’” (Asomafo Nnwuma 17:3, 4; 20:20) Bible ho nhomanimfo F. F. Bruce kaa sɛ, eyi ne ade baako nti a ankyɛ koraa Yudafo bebree “ani annye Septuagint no ho biono.

Yesu asuafo no nsa kaa Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no nkakrankakra, na wɔde kaa Hebri Kyerɛwnsɛm a wɔakyerɛ ase ayɛ no Septuagint no ho. Ne nyinaa ka boom bɛyɛɛ Bible a ɛnnɛ yekura no.

LATIN VULGATE

Wɔkyerɛw Bible no wiei bɛyɛ mfe 300 akyi no, nyamesom ho ɔbenfo Jerome kyerɛɛ Bible no ase kɔɔ Latin kasa mu, na akyiri yi wɔbɛfrɛɛ nkyerɛase yi Latin Vulgate. Ná Latin nkyerɛase ahorow bebree wɔ hɔ, ɛnde adɛn nti na na ehia sɛ ɔyɛ foforo? Nhoma bi kaa sɛ, “nsɛm no bi wɔ hɔ a wɔanka no yiye, ebi wɔ hɔ a wɔatĩ, wɔde bi nso ahyehyɛ mu ɛnna wɔayi bi afi mu.” Enti, na Jerome pɛ sɛ ɔyɛ no yiye.—The International Standard Bible Encyclopedia.

Jerome siesiee saa mfomso no mu bebree. Nanso akyiri yi, asɔre mpanyimfo no sɛee asɛm no koraa! Wɔde too gua sɛ Latin Vulgate nko ara ne Bible nkyerɛase a wogye tom, na wɔyɛɛ saa mfehaha pii! Sɛ́ anka Vulgate no bɛma nkurɔfo a wɔba fam ate Bible ase no, ɛmaa ɛyɛɛ den mmom sɛ wɔbɛte ase. Efisɛ eduu bere bi no, na nnipa pii nte Latin no koraa.

WƆYƐƐ NKYERƐASE AHOROW PII

Saa bere no nyinaa, na nkurɔfo reyɛ Bible nkyerɛase afoforo. Ebi ne Syriac Peshitta a agye din paa no. Wɔyɛɛ no bɛyɛ afeha a ɛto so nnum Y.B. Nanso, ɛyɛ afeha a ɛto so 14 yi ara na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛ Kyerɛwnsɛm no ase akɔ nnipa dodow no ara kurom kasa mu.

Sɛnea na kasa a atwam akyekyere nkurɔfo no, John Wycliffe a na ɔwɔ England fii ase ma wɔdee wɔn ho fii ho wɔ afeha a ɛto so 14 mu. Ɔkyerɛɛ Bible no ase kɔɔ Borɔfo kasa mu ma nnipa a na wɔba fam mpo tumi tee ase. Ɛno akyi no, ankyɛ na Johannes Gutenberg nhomatintim afiri boaa Bible ho nhomanimfo ma wɔyɛɛ Bible nkyerɛase afoforo wɔ kasa ahorow pii mu, na wɔkyekyɛɛ no wɔ Europe nyinaa.

Bere a wɔyɛɛ nkyerɛase pii wɔ Borɔfo kasa mu no, ebinom kasa tiae sɛ ɛho nhia sɛ wɔyɛ nkyerɛase pii wɔ kasa koro no ara mu. Afeha a ɛto so 18 mu no, ɔsɔfo John Lewis a na ofi England kyerɛwee sɛ: “Kasa tumi twam, na ɛma ntease no tumi yera. Enti ɛho hia sɛ wɔsan hwɛ Nkyerɛase ahorow a akyɛ no bio, na wɔde Kasa a seesei nkurɔfo ka no kyerɛw sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa a wɔwɔ hɔ no bɛte ase.”

Ɛnnɛ, Bible ho abenfo betumi ahwɛ Bible nkyerɛase a akyɛ no ayɛ no yiye asen bere foforo biara. Tete kasa a wɔde kyerɛw Bible no, seesei wɔte ase yiye paa. Afei nso nnansa yi, wɔahu Bible nsaano nkyerɛwee ahorow a ebetumi aboa wɔn paa. Eyi boa wɔn ma wotumi hu nea na ɛwɔ Bible a wodii kan kyerɛwee no mu ankasa.

Enti Bible nkyerɛase ahorow a wɔayɛ no nnansa yi no, mfaso wɔ so paa. Ɛwom, ɛho hia sɛ yɛhwɛ yiye wɔ nkyerɛase no bi ho. * Nanso wɔn a wɔkyerɛ Bible ase no, sɛ wɔma ɔdɔ amapa a wɔwɔ ma Onyankopɔn ka wɔn ma wɔyɛ nkyerɛase foforo bi a, yebetumi anya wɔn adwuma no so mfaso paa.

 

^ nky. 24 Hwɛ asɛm a yɛato din “Wobɛyɛ Dɛn Apaw Bible Nkyerɛase a Eye?” a ɛwɔ May 1, 2008 Ɔwɛn-Aban mu no.